< Tito 3 >

1 Kae wo nkurɔfoɔ na wɔmmrɛ wɔn ho ase nhyɛ mpaninnie ne tumi ase na wɔntie wɔn na wɔnsiesie wɔn ho mma nnwuma pa biara.
Put them in mind to be in subjection to rulers, to authorities, to be obedient, to be ready unto every good work,
2 Ka kyerɛ wɔn sɛ wɔnnka asɛmmɔne mfa obi ho na mmom, wɔnnwo brɛoo na daa wɔnyi ɔdɔ adi nkyerɛ nnipa nyinaa.
to speak evil of no man, not to be contentious, to be gentle, shewing all meekness toward all men.
3 Kane no, na yɛn ankasa yɛyɛ nkwaseafoɔ, asoɔdenfoɔ, ne abɔnefoɔ. Na yɛyɛ akɔnnɔ ne anigyeɛ ahodoɔ nkoa. Yɛsɛee yɛn abrabɔ wɔ bɔne ne anibereɛ ho. Afoforɔ tanee yɛn maa yɛn nso yɛtanee wɔn.
For we also were aforetime foolish, disobedient, deceived, serving divers lusts and pleasures, living in malice and envy, hateful, hating one another.
4 Nanso, ɛberɛ a yɛn Agyenkwa Onyankopɔn ayamyɛ ne ne dɔ daa adi no,
But when the kindness of God our Saviour, and his love toward man, appeared,
5 ɔgyee yɛn nkwa. Ɛnyɛ nnwuma pa bi a yɛayɛ enti, na mmom, ɔnam nʼahummɔborɔ mu ahohoro yɛn ho, agye yɛn nkwa, ama Honhom Kronkron no awo yɛn foforɔ ama yɛn nkwa foforɔ.
not by works [done] in righteousness, which we did ourselves, but according to his mercy he saved us, through the washing of regeneration and renewing of the Holy Ghost,
6 Onyankopɔn nam Yesu Kristo a ɔyɛ yɛn Agyenkwa no so ahwie Honhom Kronkron no agu yɛn so
which he poured out upon us richly, through Jesus Christ our Saviour;
7 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nʼadom enti, yɛbɛyɛ daa nkwa no anidasoɔ ho adedifoɔ. (aiōnios g166)
that, being justified by his grace, we might be made heirs according to the hope of eternal life. (aiōnios g166)
8 Yei yɛ nokwasɛm. Mepɛ sɛ woti saa asɛm yi mu yie na ama wɔn a wɔgye Onyankopɔn di no ahunu sɛ, ɛsɛ sɛ wɔde wɔn berɛ di dwuma pa. Yeinom nyinaa yɛ, na ɛho wɔ mfasoɔ ma nnipa.
Faithful is the saying, and concerning these things I will that thou affirm confidently, to the end that they which have believed God may be careful to maintain good works. These things are good and profitable unto men:
9 Nanso, monnnye nkwasea akyinnyeɛ. Saa ara nso na monnto ana, nkasakasa, nko wɔ mmara so. Ɛho nni mfasoɔ biara.
but shun foolish questionings, and genealogies, and strifes, and fightings about the law; for they are unprofitable and vain.
10 Obi a ɔde mpaapaemu ba no, bɔ no kɔkɔ deɛ ɛdi ɛkan ne deɛ ɛtɔ so mmienu, na ɛno akyi no, te wo ho firi ne ho.
A man that is heretical after a first and second admonition refuse;
11 Ɛsɛ sɛ wohunu sɛ obi a ɔte saa no asɛe, na bɔne a ɔyɛ no da adi wɔ ne ho.
knowing that such a one is perverted, and sinneth, being self-condemned.
12 Sɛ mesoma Artema anaa Tihiko wo nkyɛn a, bɔ mmɔden bra me nkyɛn wɔ Nikopoli, na ɛhɔ na mabɔ me tirim sɛ mɛtena awɔberɛ no.
When I shall send Artemas unto thee, or Tychicus, give diligence to come unto me to Nicopolis: for there I have determined to winter.
13 Bɔ mmɔden gya mmaranimfoɔ Sena ne Apolo ɛkwan yie na anhia wɔn hwee.
Set forward Zenas the lawyer and Apollos on their journey diligently, that nothing be wanting unto them.
14 Ma yɛn nkurɔfoɔ no nsua sɛdeɛ wɔde wɔn adagyeɛ yɛ nnwuma pa de boa. Ɛnsɛ sɛ wɔtena ase kwa.
And let our [people] also learn to maintain good works for necessary uses, that they be not unfruitful.
15 Wɔn a wɔne me wɔ ha nyinaa kyeakyea wo. Kyea wɔn a wɔdɔ yɛn wɔ gyidie mu ma yɛn. Adom nka mo nyinaa.
All that are with me salute thee. Salute them that love us in faith. Grace be with you all.

< Tito 3 >