< 2 Timoteo 2 >
1 Na wo Timoteo, me ba, Kristo Yesu yɛ mmɔborɔhunufoɔ, enti ma ɔnhyɛ wo den.
Thou therefore, my child, be strengthened in the grace that is in Christ Jesus.
2 Fa nsɛm a wotee sɛ mereka akyerɛ adansedifoɔ bebree no, na fa hyɛ nnipa a wogye wɔn di na wɔbɛtumi akyerɛ afoforɔ nso nsa.
And the things which thou hast heard from me among many witnesses, the same commit thou to faithful men, who shall be able to teach others also.
3 Sɛ amanehunu ba wo so a, mia wʼani tena sɛ Kristo Yesu sraani pa.
Suffer hardship with [me], as a good soldier of Christ Jesus.
4 Ɔsraani mfa ne ho nhyehyɛ afisɛm mu, ɛfiri sɛ, ɔpɛ sɛ ɔsɔ ne panin ani.
No soldier on service entangleth himself in the affairs of [this] life; that he may please him who enrolled him as a soldier.
5 Saa ara nso na obi a ɔfra akansie mu a ɔtu mmirika no rentumi nni nkonim gye sɛ ɔdi akansie no mmara so.
And if also a man contend in the games, he is not crowned, except he have contended lawfully.
6 Okuafoɔ a wadɔ nʼafuo no, ɛsɛ sɛ ɔnya mu nnɔbaeɛ a ɛdi ɛkan no.
The husbandman that laboureth must be the first to partake of the fruits.
7 Dwene nsɛm a mereka yi ho ɛfiri sɛ, Awurade bɛma woate biribiara ase.
Consider what I say; for the Lord shall give thee understanding in all things.
8 Kae Dawid aseni Yesu Kristo a wɔnyanee no firii awufoɔ mu sɛdeɛ wɔkaa no Asɛmpa a mekaa ho asɛm no mu no.
Remember Jesus Christ, risen from the dead, of the seed of David, according to my gospel:
9 Esiane sɛ meka Asɛmpa no enti, mehunu amane, mpo, wɔagu me nkɔnsɔnkɔnsɔn sɛ ɔdebɔneyɛfoɔ. Nanso, Onyankopɔn asɛm no ngu nkɔnsɔnkɔnsɔn mu;
wherein I suffer hardship unto bonds, as a malefactor; but the word of God is not bound.
10 na yei enti, biribiara a ɛbɛba me so no, ɛsiane Onyankopɔn nnipa a wayi wɔn no enti, megyina ano, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn nso bɛnya nkwagyeɛ ne animuonyam a ɛnni awieeɛ a ɛwɔ Kristo Yesu mu no. (aiōnios )
Therefore I endure all things for the elect’s sake, that they also may obtain the salvation which is in Christ Jesus with eternal glory. (aiōnios )
11 Nsɛm a ɛsɛ sɛ wode wo ho to so nie: “Sɛ yɛne no wuiɛ a, yɛne no bɛtena ase.
Faithful is the saying: For if we died with him, we shall also live with him:
12 Sɛ yɛampa aba a, yɛne no bɛdi ɔhene. Sɛ yɛpa no a, ɔno nso bɛpa yɛn.
if we endure, we shall also reign with him: if we shall deny him, he also will deny us:
13 Sɛ yɛnnyɛ nokwafoɔ a, ɔno deɛ, ɔyɛ ɔnokwafoɔ, ɛfiri sɛ, ɔrensesa nʼasɛm.”
if we are faithless, he abideth faithful; for he cannot deny himself.
14 Monkae mo nkurɔfoɔ wɔ yei ho na mommɔ wɔn kɔkɔ wɔ Onyame anim sɛ wɔnnni wɔn ho akasakasa. Ɛmfa asɛm pa mma. Sɛ wɔyɛ saa a, ɛsɛe atiefoɔ no adwene.
Of these things put them in remembrance, charging [them] in the sight of the Lord, that they strive not about words, to no profit, to the subverting of them that hear.
15 Bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ odwumayɛfoɔ a womfɛre Onyankopɔn adwuma no yɛ ho, na kyerɛ nokorɛ a ɛwɔ Onyankopɔn asɛm no mu no, na woafata nʼanim.
Give diligence to present thyself approved unto God, a workman that needeth not to be ashamed, handling aright the word of truth.
16 Twe wo ho firi nsɛnhuhuo a ɛho nte ho ɛfiri sɛ, ɛno na ɛpam nnipa firi Onyankopɔn ho.
But shun profane babblings: for they will proceed further in ungodliness,
17 Deɛ wɔkyerɛ no te sɛ akusikuro a ɛdidi fa honam no ani. Saa akyerɛkyerɛfoɔ yi mu baanu ne Himeneo ne Fileto.
and their word will eat as doth a gangrene: of whom is Hymenaeus and Philetus;
18 Wɔamane afiri nokorɛ no ho na wɔka kyerɛ agyidifoɔ bi sɛ, yɛn wusɔreɛ no atwam dada, na wɔnam saa asɛm no so sɛe wɔn adwene.
men who concerning the truth have erred, saying that the resurrection is past already, and overthrow the faith of some.
19 Nanso, obi rentumi nhinhim fapem denden a Onyankopɔn ato no, ɛfiri sɛ, wɔatwerɛ saa nsɛm yi wɔ so: “Awurade nim wɔn a wɔyɛ ne deɛ,” na “Obiara a ɔka sɛ ɔyɛ Awurade dea no, ɛsɛ sɛ ɔtwe ne ho firi bɔne ho.”
Howbeit the firm foundation of God standeth, having this seal, The Lord knoweth them that are his: and, Let every one that nameth the name of the Lord depart from unrighteousness.
20 Nkuku ne nkaka wɔ efi kɛseɛ mu. Ebi wɔ hɔ a wɔde dwetɛ na ayɛ, ebi nso wɔde sika kɔkɔɔ na ayɛ. Wɔde dua na ayɛ bi na afoforɔ nso wɔde dɔteɛ. Ebi wɔ hɔ a ɛwɔ hɔ ma nnapɔnna bi na afoforɔ nso daa wɔde di dwuma.
Now in a great house there are not only vessels of gold and of silver, but also of wood and of earth; and some unto honour, and some unto dishonour.
21 Sɛ obi te ne ho firi saa nneɛma bɔne no ho a, wɔde no bɛyɛ nnwuma sononko ɛfiri sɛ, watu ne ho asi hɔ, asiesie ne ho ama ne wura sɛ dwuma pa biara a ɛsɛ sɛ ɔdi no, ɔbɛdi.
If a man therefore purge himself from these, he shall be a vessel unto honour, sanctified, meet for the master’s use, prepared unto every good work.
22 Dwane firi mmeranteberɛ mu akɔnnɔ, na ti nneɛma a ɛho teɛ te sɛ: tenenee, gyidie, ɔdɔ ne asomdwoeɛ a ɛka wo ne wɔn a wɔfiri akoma pa mu bom frɛ Awurade ma ɔboa no akyi.
But flee youthful lusts, and follow after righteousness, faith, love, peace, with them that call on the Lord out of a pure heart.
23 Mfa wo ho nhyehyɛ nkwasea akyinnyeɛ a ɛmfa hwee mma no mu, ɛfiri sɛ, ɛde akasakasa ba.
But foolish and ignorant questionings refuse, knowing that they gender strifes.
24 Ɛnsɛ sɛ Awurade ɔsomfoɔ ne obi nya akasakasa. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ ayamyɛ ma obiara. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ pa a ɔwɔ boasetɔ nso
And the Lord’s servant must not strive, but be gentle towards all, apt to teach, forbearing,
25 a sɛ wɔn a wɔne no di asie fom a, ɔto ne bo ase tene wɔn so, sɛ ebia, Onyankopɔn bɛsakyera wɔn adwene na wɔahunu nokorɛ no.
in meekness correcting them that oppose themselves; if peradventure God may give them repentance unto the knowledge of the truth,
26 Na wɔn adwene mu ada hɔ na wɔadwane afiri ɔbonsam a wakyekyere wɔn ama wɔyɛ nʼapɛdeɛ no afidie mu.
and they may recover themselves out of the snare of the devil, having been taken captive by the Lord’s servant unto the will of God.