< Nnwom 9 >

1 Dawid dwom. Ao Awurade, mefiri mʼakoma nyinaa mu mekamfo wo. Mɛka wʼanwanwadeɛ no nyinaa.
For the Leader; upon Muthlabben. A Psalm of David. I will give thanks unto the LORD with my whole heart; I will tell of all Thy marvellous works.
2 Mɛma mʼani agye na madi ahurisie wɔ wo mu. Mɛto ayɛyie dwom ama wo din, Ao Ɔsorosoroni.
I will be glad and exult in Thee; I will sing praise to Thy name, O Most High:
3 Mʼatamfoɔ sane wɔn akyi; wɔtete hwe, na wɔwuwu wɔ wʼanim.
When mine enemies are turned back, they stumble and perish at Thy presence;
4 Woadi mʼasɛm ama me, na mɛnya mʼahofadie; woatena wʼahennwa so, abu atɛntenenee.
For Thou hast maintained my right and my cause; Thou sattest upon the throne as the righteous Judge.
5 Woatwe amanaman no aso, na woasɛe amumuyɛfoɔ. Woapepa wɔn din a wɔrenkae wɔn bio.
Thou hast rebuked the nations, Thou hast destroyed the wicked, Thou hast blotted out their name for ever and ever.
6 Ɔsɛeɛ a ɛnni awieeɛ ato ɔtamfoɔ no, woatutu wɔn nkuropɔn; na wɔnnkae wɔn bio mpo.
O thou enemy, the waste places are come to an end for ever; and the cities which thou didst uproot, their very memorial is perished.
7 Awurade di ɔhene daa daa; wasi nʼatemmuo ahennwa.
But the LORD is enthroned for ever; He hath established His throne for judgment.
8 Ɔde tenenee bɛbu ewiase atɛn; ɔde atɛntenenee bɛdi nnipa no so.
And He will judge the world in righteousness, He will minister judgment to the peoples with equity.
9 Awurade yɛ dwanekɔbea ma wɔn a wɔhyɛ wɔn so, ɔyɛ abandenden wɔ ahohia mmrɛ mu.
The LORD also will be a high tower for the oppressed, a high tower in times of trouble;
10 Wɔn a wɔnim wo din no de wɔn ho bɛto wo so, ɛfiri sɛ, wo Awurade, wonnyaa obiara a ɔhwehwɛ wo no mu da.
And they that know Thy name will put their trust in Thee; for thou, LORD, hast not forsaken them that seek Thee.
11 Monto ayɛyie dwom mma Awurade a ɔte ahennwa so wɔ Sion; mompae mu nka deɛ wayɛ wɔ amanaman no mu.
Sing praises to the LORD, who dwelleth in Zion; declare among the peoples His doings.
12 Na ɔkae deɛ ɔtɔ mogya so were no; ɔmmu nʼani ngu ɔbrɛfoɔ sufrɛ so.
For He that avengeth blood hath remembered them; He hath not forgotten the cry of the humble.
13 Ao Awurade, hwɛ sɛdeɛ mʼatamfoɔ teetee me! Hu me mmɔbɔ na yi me firi owuo apono ano,
Be gracious unto me, O LORD, behold mine affliction at the hands of them that hate me; Thou that liftest me up from the gates of death;
14 na matumi apae mu aka wʼayɛyie wɔ Ɔbabaa Sion apono ano na ɛhɔ, madi ahurisie wɔ wo nkwagyeɛ no mu.
That I may tell of all Thy praise in the gates of the daughter of Zion, that I may rejoice in Thy salvation.
15 Aman amanmufoɔ atɔ amena a wɔatu no mu; afidie a wɔsum hintaaeɛ no ayi wɔn nan.
The nations are sunk down in the pit that they made; in the net which they hid is their own foot taken.
16 Awurade atɛntenenee da no adi; amumuyɛfoɔ nsa ano adwuma ayi wɔn.
The LORD hath made Himself known, He hath executed judgment, the wicked is snared in the work of his own hands. (Higgaion, Selah)
17 Amumuyɛfoɔ sane kɔ damena mu, amanaman a wɔn werɛ firi Onyankopɔn nyinaa. (Sheol h7585)
The wicked shall return to the nether-world, even all the nations that forget God. (Sheol h7585)
18 Nanso ɛnyɛ daa na ne werɛ bɛfiri ohiani, anaa sɛ mmɔborɔni anidasoɔ bɛyera korakora.
For the needy shall not alway be forgotten, nor the expectation of the poor perish for ever.
19 Sɔre! Ao Awurade, mma ɔdasani nni nkonim, bu amanaman no atɛn wɔ wʼanim.
Arise, O LORD, let not man prevail; let the nations be judged in Thy sight.
20 Hunahuna wɔn, Ao Awurade; na ma wɔnhunu sɛ, wɔyɛ adasamma.
Set terror over them, O LORD; let the nations know they are but men. (Selah)

< Nnwom 9 >