Preface
Read
+
Publisher
Nainoia, Inc.
PO Box 462, Bellefonte, PA 16823
(814) 470-8028
Nainoia Inc, Publisher
LinkedIn/NAINOIA-INC
Third Party Publisher Resources
Request Custom Formatted Verses
Please contact us below
Submit your proposed corrections
I understand that the Aionian Bible republishes public domain and Creative Commons Bible texts and that volunteers may be needed to present the original text accurately. I also understand that apocryphal text is removed and most variant verse numbering is mapped to the English standard. I have entered my corrections under the verse(s) below. Proposed corrections to the Asante Twi Bible, Psalms Chapter 9 https://www.AionianBible.org/Bibles/Twi---Asante-Twi-WASNA/Psalms/9 1) Dawid dwom. Ao Awurade, mefiri mʼakoma nyinaa mu mekamfo wo. Mɛka wʼanwanwadeɛ no nyinaa. 2) Mɛma mʼani agye na madi ahurisie wɔ wo mu. Mɛto ayɛyie dwom ama wo din, Ao Ɔsorosoroni. 3) Mʼatamfoɔ sane wɔn akyi; wɔtete hwe, na wɔwuwu wɔ wʼanim. 4) Woadi mʼasɛm ama me, na mɛnya mʼahofadie; woatena wʼahennwa so, abu atɛntenenee. 5) Woatwe amanaman no aso, na woasɛe amumuyɛfoɔ. Woapepa wɔn din a wɔrenkae wɔn bio. 6) Ɔsɛeɛ a ɛnni awieeɛ ato ɔtamfoɔ no, woatutu wɔn nkuropɔn; na wɔnnkae wɔn bio mpo. 7) Awurade di ɔhene daa daa; wasi nʼatemmuo ahennwa. 8) Ɔde tenenee bɛbu ewiase atɛn; ɔde atɛntenenee bɛdi nnipa no so. 9) Awurade yɛ dwanekɔbea ma wɔn a wɔhyɛ wɔn so, ɔyɛ abandenden wɔ ahohia mmrɛ mu. 10) Wɔn a wɔnim wo din no de wɔn ho bɛto wo so, ɛfiri sɛ, wo Awurade, wonnyaa obiara a ɔhwehwɛ wo no mu da. 11) Monto ayɛyie dwom mma Awurade a ɔte ahennwa so wɔ Sion; mompae mu nka deɛ wayɛ wɔ amanaman no mu. 12) Na ɔkae deɛ ɔtɔ mogya so were no; ɔmmu nʼani ngu ɔbrɛfoɔ sufrɛ so. 13) Ao Awurade, hwɛ sɛdeɛ mʼatamfoɔ teetee me! Hu me mmɔbɔ na yi me firi owuo apono ano, 14) na matumi apae mu aka wʼayɛyie wɔ Ɔbabaa Sion apono ano na ɛhɔ, madi ahurisie wɔ wo nkwagyeɛ no mu. 15) Aman amanmufoɔ atɔ amena a wɔatu no mu; afidie a wɔsum hintaaeɛ no ayi wɔn nan. 16) Awurade atɛntenenee da no adi; amumuyɛfoɔ nsa ano adwuma ayi wɔn. 17) Amumuyɛfoɔ sane kɔ damena mu, amanaman a wɔn werɛ firi Onyankopɔn nyinaa. (Sheol h7585) 18) Nanso ɛnyɛ daa na ne werɛ bɛfiri ohiani, anaa sɛ mmɔborɔni anidasoɔ bɛyera korakora. 19) Sɔre! Ao Awurade, mma ɔdasani nni nkonim, bu amanaman no atɛn wɔ wʼanim. 20) Hunahuna wɔn, Ao Awurade; na ma wɔnhunu sɛ, wɔyɛ adasamma. Additional comments?
Refresh Captcha
The world's first Holy Bible un-translation!