< Nnwom 58 >
1 Dawid “miktam” dwom. Mo sodifoɔ, ampa ara, moka asɛm a ɛtene anaa? Mobu atɛntenenee wɔ nnipa mu anaa?
For the music director. According to “Do Not Destroy.” A psalm (miktam) of David. You leaders, do you really say what is right? Do you judge people fairly?
2 Dabi! Modwene ntɛnkyea wɔ mʼakomam na mo nsa de akakabensɛm ba asase so.
No, for in your minds you plan evil. You cause violence everywhere!
3 Amumuyɛfoɔ fom kwan firi awoɔ mu; wɔyɛ mmaratofoɔ firi awotwaa mu na wɔdi atorɔ.
The wicked are sinners from birth; from the moment they're born they tell lies.
4 Wɔn ano ɛborɔ te sɛ ɔwɔ deɛ. Ɛte sɛ ɔprammire a watɛn nʼaso,
They have venom like that of a poisonous snake, and just like a cobra they stop listening,
5 a ɔnte ntafowayifoɔ dwom, na ne dwom dɛɛdɛ no mpo mfa ne ho.
refusing to hear the voice of the snake charmers or the spellbinders.
6 Ao Onyankopɔn, bubu ɛse a ɛgu wɔn anom, Ao Awurade, tutu agyata no sebɔmmɔfoɔ no gu!
God, break their teeth, and smash the jaws of these lions, Lord.
7 Ma wɔntwa mu nkɔ sɛ nsunsuan; sɛ wɔtwe wɔn agyan a, ma wɔn bɛmma no ano nwu.
May they vanish like water that flows away; when they shoot their arrows may they miss their mark.
8 Ma wɔnyɛ sɛ nwa pɛkyɛpɛkyɛ bi a ɔretene kɔ. Ma wɔnyɛ sɛ ɔba a ɔwu wɔ awoeɛ na ɔnhunu owia.
May they be like the slime of snails that dissolves away, like a stillborn child that never saw the light of day.
9 Ansa na mo nkukuo bɛte nkasɛɛ ano yea, sɛ ɛyɛ mono anaa deɛ awo no, wɔbɛpra amumuyɛfoɔ akɔ.
Before the cooking pot is hot from burning thorns, whether fresh or dry, God will blow them away.
10 Sɛ wɔtua amumuyɛfoɔ ka a, ateneneefoɔ ani bɛgye, na wɔbɛhohoro wɔn nan ho wɔ amumuyɛfoɔ mogya mu.
Those who live right will be happy when they see there is punishment; they will wash their feet in the blood of the wicked.
11 Afei nnipa bɛka sɛ, “Ampa ara, ateneneefoɔ kɔ so nya wɔn akatua; na ampa ara Onyankopɔn bi wɔ hɔ a ɔbu ewiase atɛn.” Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.
They will say, “There is definitely a reward for those who live right; there is certainly a God who judges fairly on earth.”