Preface
Read
+
Publisher
Nainoia, Inc.
PO Box 462, Bellefonte, PA 16823
(814) 470-8028
Nainoia Inc, Publisher
LinkedIn/NAINOIA-INC
Third Party Publisher Resources
Request Custom Formatted Verses
Please contact us below
Submit your proposed corrections
I understand that the Aionian Bible republishes public domain and Creative Commons Bible texts and that volunteers may be needed to present the original text accurately. I also understand that apocryphal text is removed and most variant verse numbering is mapped to the English standard. I have entered my corrections under the verse(s) below. Proposed corrections to the Asante Twi Bible, Psalms Chapter 58 https://www.AionianBible.org/Bibles/Twi---Asante-Twi-WASNA/Psalms/58 1) Dawid “miktam” dwom. Mo sodifoɔ, ampa ara, moka asɛm a ɛtene anaa? Mobu atɛntenenee wɔ nnipa mu anaa? 2) Dabi! Modwene ntɛnkyea wɔ mʼakomam na mo nsa de akakabensɛm ba asase so. 3) Amumuyɛfoɔ fom kwan firi awoɔ mu; wɔyɛ mmaratofoɔ firi awotwaa mu na wɔdi atorɔ. 4) Wɔn ano ɛborɔ te sɛ ɔwɔ deɛ. Ɛte sɛ ɔprammire a watɛn nʼaso, 5) a ɔnte ntafowayifoɔ dwom, na ne dwom dɛɛdɛ no mpo mfa ne ho. 6) Ao Onyankopɔn, bubu ɛse a ɛgu wɔn anom, Ao Awurade, tutu agyata no sebɔmmɔfoɔ no gu! 7) Ma wɔntwa mu nkɔ sɛ nsunsuan; sɛ wɔtwe wɔn agyan a, ma wɔn bɛmma no ano nwu. 8) Ma wɔnyɛ sɛ nwa pɛkyɛpɛkyɛ bi a ɔretene kɔ. Ma wɔnyɛ sɛ ɔba a ɔwu wɔ awoeɛ na ɔnhunu owia. 9) Ansa na mo nkukuo bɛte nkasɛɛ ano yea, sɛ ɛyɛ mono anaa deɛ awo no, wɔbɛpra amumuyɛfoɔ akɔ. 10) Sɛ wɔtua amumuyɛfoɔ ka a, ateneneefoɔ ani bɛgye, na wɔbɛhohoro wɔn nan ho wɔ amumuyɛfoɔ mogya mu. 11) Afei nnipa bɛka sɛ, “Ampa ara, ateneneefoɔ kɔ so nya wɔn akatua; na ampa ara Onyankopɔn bi wɔ hɔ a ɔbu ewiase atɛn.” Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Additional comments?
Refresh Captcha
The world's first Holy Bible un-translation!