< Nnwom 57 >

1 Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ no. Wɔto no sɛdeɛ wɔto “Mma Wɔnsɛe No.” Dawid dwom a ɔtooɛ ɛberɛ a ɔdwane firii Saulo nkyɛn kɔɔ ɔbodan no mu. Hu me mmɔbɔ, Ao Onyankopɔn, hunu me mmɔbɔ, na wo mu na me kra nya dwanekɔbea. Wo ntaban nwunu ase na mɛpɛ dwanekɔbea kɔsi sɛ amanehunu no bɛtwam.
For the choirmaster. To the tune of “Do Not Destroy.” A Miktam of David, when he fled from Saul into the cave. Have mercy on me, O God, have mercy, for in You my soul takes refuge. In the shadow of Your wings I will take shelter until the danger has passed.
2 Mesu frɛ Onyankopɔn, Ɔsorosoroni no; Onyankopɔn a ɔma ne pɛ ba mu wɔ me ho.
I cry out to God Most High, to God who fulfills His purpose for me.
3 Ɔsoma firi soro hɔ bɛgye me nkwa, ɔka wɔn a wɔtaa me anibereɛ so no anim; Onyankopɔn soma ne dɔ ne ne nokorɛ.
He reaches down from heaven and saves me; He rebukes those who trample me. (Selah) God sends forth His loving devotion and His truth.
4 Agyata atwa me ho ahyia; meda mmoa a wɔwe ɛnam mono mu, nnipa a wɔn se te sɛ mpea ne mmɛmma na wɔn tɛkrɛma te sɛ akofena a ɛyɛ nnam.
My soul is among the lions; I lie down with ravenous beasts— with men whose teeth are spears and arrows, whose tongues are sharp swords.
5 Ao Onyankopɔn, woyɛ kɛseɛ wɔ ɔsorosoro hɔ; ma wʼanimuonyam nkata asase nyinaa so.
Be exalted, O God, above the heavens; may Your glory cover all the earth.
6 Wɔtrɛɛ asau mu de sum me nan afidie, ahohiahia brɛɛ me ase. Wɔtuu amena wɔ me kwan mu, nanso wɔn ankasa akɔtotɔ mu.
They spread a net for my feet; my soul was despondent. They dug a pit before me, but they themselves have fallen into it!
7 Ao Onyankopɔn, mʼakoma agyina pintinn, mʼakoma nhinhim; mɛto dwom na mayi wo ayɛ.
My heart is steadfast, O God, my heart is steadfast. I will sing and make music.
8 Me kra nyane! Sankuo ne bɛnta, monnyane! Me nso mɛnyane anɔpahema.
Awake, my glory! Awake, O harp and lyre! I will awaken the dawn.
9 Ao Awurade, mɛyi wo ayɛ wɔ amanaman no mu; mɛto wo ho dwom wɔ nnipa mu.
I will praise You, O Lord, among the nations; I will sing Your praises among the peoples.
10 Wo dɔ yɛ kɛseɛ na ɛduru ɔsorosoro; wo nokorɛ kɔka ewiem.
For Your loving devotion reaches to the heavens, and Your faithfulness to the clouds.
11 Ao Onyankopɔn, woyɛ kɛseɛ wɔ ɔsorosoro hɔ; ma wʼanimuonyam nkata asase nyinaa so.
Be exalted, O God, above the heavens; may Your glory cover all the earth.

< Nnwom 57 >