< Nnwom 56 >

1 Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto no sɛdeɛ wɔto “Aburuburo a ɔsi Akyirikyiri Odum so.” Dawid dwom a ɔtoeɛ ɛberɛ a Filistifoɔ kyeree no wɔ Gat no. Ao Onyankopɔn, hunu me mmɔbɔ na nnipa taa me anibereɛ so; da mu nyinaa, wɔmia mmirika a wɔtu wɔtaa me no mu.
For the choirmaster. To the tune of “A Dove on Distant Oaks.” A Miktam of David, when the Philistines seized him in Gath. Be merciful to me, O God, for men are hounding me; all day they press their attack.
2 Wɔn a wɔbɔ me ahohora taa me da mu nyinaa; wɔn a wɔma wɔn ho so tia me dɔɔso.
My enemies pursue me all day long, for many proudly assail me.
3 Sɛ mebɔ hu a, mede me ho bɛto wo so.
When I am afraid, I put my trust in You.
4 Onyankopɔn a mekamfo nʼasɛm no, mede me ho to Onyankopɔn so, na merensuro. Ɛdeɛn na onipa dasani bɛtumi ayɛ me?
In God, whose word I praise— in God I trust. I will not be afraid. What can man do to me?
5 Ɛda mu nyinaa wɔgye mʼano si bɔne; ɛberɛ biara wɔbɔ pɔ sɛ wɔbɛteetee me.
All day long they twist my words; all their thoughts are on my demise.
6 Wɔbɔ pɔ, na wɔtetɛ, wɔhwɛ mʼanammɔntuo, na wɔpere sɛ wɔbɛkum me.
They conspire, they lurk, they watch my steps while they wait to take my life.
7 Ɛkwan biara so, mma wɔmfa wɔn ho nni; Ao Onyankopɔn, brɛ amanaman no ase wɔ wʼabufuo mu.
In spite of such sin, will they escape? In Your anger, O God, cast down the nations.
8 Twerɛ me kwadwom to hɔ; sese me nisuo wɔ wo nwoma mmobɔeɛ no mu. Ɛnni deɛ woatwerɛ ato hɔ no mu anaa?
You have taken account of my wanderings. Put my tears in Your bottle— are they not in Your book?
9 Sɛ mepɛ mmoa firi wo hɔ a, mʼatamfoɔ bɛsane wɔn akyi. Yei bɛma mahunu sɛ Onyankopɔn wɔ mʼafa.
Then my enemies will retreat on the day I cry for help. By this I will know that God is on my side.
10 Onyankopɔn a mekamfo nʼasɛm no, Awurade a mekamfo nʼasɛm no,
In God, whose word I praise, in the LORD, whose word I praise,
11 mede me ho to Onyankopɔn so; na merensuro. Ɛdeɛn na ɔdasani bɛtumi ayɛ me?
in God I trust; I will not be afraid. What can man do to me?
12 Ao Onyankopɔn, mehyɛ ɛbɔ a mahyɛ wo no ase, mede mʼaseda afɔdeɛ bɛbrɛ wo.
Your vows are upon me, O God; I will render thank offerings to You.
13 Ɛfiri sɛ, woagye me afiri owuo mu, woamma me nan ansunti, sɛdeɛ mɛtumi anante Onyankopɔn anim wɔ nkwa hann mu.
For You have delivered my soul from death, and my feet from stumbling, that I may walk before God in the light of life.

< Nnwom 56 >