< Nnwom 138 >

1 Dawid deɛ. Ao Awurade, mɛfiri mʼakoma nyinaa mu ayi wo ayɛ; mɛto wʼayɛyie dwom wɔ anyame no anim.
לדוד אודך בכל לבי נגד אלהים אזמרך׃
2 Mede mʼani bɛkyerɛ wʼasɔredan kronkron no, akoto wo na makamfo wo din wɔ wʼadɔeɛ ne wo nokorɛdie enti ɛfiri sɛ wɔapagya wo din ne wʼasɛm no asene nneɛma nyinaa.
אשתחוה אל היכל קדשך ואודה את שמך על חסדך ועל אמתך כי הגדלת על כל שמך אמרתך׃
3 Ɛberɛ a mesu mefrɛɛ wo no, wogyee me so; womaa me nyaa akokoɔduru ne nnamyɛ.
ביום קראתי ותענני תרהבני בנפשי עז׃
4 Ao Awurade, sɛ ahemfo a ɛwɔ ewiase nyinaa te wʼanomu asɛm a ma wɔn nkamfo wo.
יודוך יהוה כל מלכי ארץ כי שמעו אמרי פיך׃
5 Ma wɔnto Awurade akwan ho nnwom, na Awurade animuonyam yɛ kɛseɛ.
וישירו בדרכי יהוה כי גדול כבוד יהוה׃
6 Ɛwom sɛ Awurade wɔ ɔsorosoro deɛ, nanso ɔhwɛ mmɔborɔfoɔ, na ahantanfoɔ deɛ, ɔhunu wɔn akyirikyiri.
כי רם יהוה ושפל יראה וגבה ממרחק יידע׃
7 Ɛwom sɛ menam ɔhaw mu deɛ, nanso wobɔ me nkwa ho ban; wotene wo nsa wɔ mʼatamfoɔ abufuo so, na wode wo nsa nifa gye me nkwa.
אם אלך בקרב צרה תחיני על אף איבי תשלח ידך ותושיעני ימינך׃
8 Awurade bɛma deɛ wahyehyɛ ama me no aba mu; Ao Awurade, wʼadɔeɛ wɔ hɔ daa, nnyaa wo nsa ano adwuma hɔ. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.
יהוה יגמר בעדי יהוה חסדך לעולם מעשי ידיך אל תרף׃

< Nnwom 138 >