< Nnwom 120 >

1 Ɔsoroforɔ dwom. Mesu frɛ Awurade wɔ mʼahohiahia mu, na ɔgye me so.
“A psalm of steps.” In my distress I called upon the LORD, And he answered me.
2 Ao Awurade, gye me firi atorɔ ano ne nnaadaa tɛkrɛma nsam.
O LORD! deliver me from lying lips, From the deceitful tongue!
3 Ɛdeɛn na ɔbɛyɛ wo, na ɛdeɛn na ɛka ho bio, Ao nnaadaa tɛkrɛma?
What profit to thee, Or what advantage to thee, is the false tongue?
4 Ɔde asraafoɔ bɛmma a ano yɛ nnam ne gyasramma bɛtwe wʼaso.
It is like the sharp arrows of the mighty man; Like coals of the juniper.
5 Nnome nka me sɛ mabɛsoɛ Mesek, na mete Kedar ntomadan mu!
Alas for me, that I sojourn in Mesech, That I dwell in the tents of Kedar!
6 Matena ase akyɛre dodo wɔ wɔn a wɔkyiri asomdwoeɛ mu.
Too long have I dwelt With them that hate peace!
7 Meyɛ asomdwoeɛ onipa; nanso sɛ mekasa a, ɛyɛ ɔko ma wɔn.
I am for peace; yet, when I speak for it, They are for war.

< Nnwom 120 >