< Nnwom 102 >
1 Aberanteɛ mmɔborɔni mpaeɛbɔ. Ɛberɛ a ne home te no na ɔka nʼahometesɛm kyerɛ Awurade. Ao Awurade tie me mpaeɛbɔ; na ma me mmoa ho sufrɛ nnuru wʼanim.
A prayer from someone who is suffering and is tired out, pouring out their troubles to the Lord. Lord please hear my prayer, my cry for help!
2 Mfa wʼanim nhinta me ɛberɛ a mewɔ ahohiahia mu. Brɛ wʼaso ase ma me; na sɛ mesu mefrɛ wo a, gye me so ntɛm.
Don't hide your face from me in my time of trouble! Turn and listen to me, and answer me quickly when I call.
3 Me nkwa nna reyera te sɛ wisie; me nnompe hyehye te sɛ egya.
My life is disappearing like smoke; my body feels like it's on fire!
4 Mʼakoma aboto na akusa sɛ ɛserɛ; na me kɔn nnɔ aduane.
I'm like grass that's dried up, withered away—I even forget to eat!
5 Mʼapinisie denden enti maka honam ne nnompe.
All my groaning has worn me out; my bones show through my skin.
6 Mete sɛ ɛserɛ so patuo, te sɛ ɔpatuo a ɔte mmubuiɛ mu.
I'm like a desert owl, like a little owl among the ruins.
7 Meda hɔ a, mʼani gu so; mayɛ sɛ anomaa bi a ɔno nko ara si ɛdan atifi.
I can't sleep. I'm like a lonely bird on a rooftop.
8 Ɛda mu nyinaa mʼatamfoɔ bɔ me akutia. Wɔn a wɔdi me ho fɛ no bɔ me din de dome.
My enemies taunt me all day long. They mock me and swear at me.
9 Mede nsõ ayɛ mʼaduane na mede nisuo fra me nsuo mu
Ashes are the food I eat; my tears drip into my drink,
10 ɛsiane wʼabufuhyeɛ denden no enti, woama me so, ayi me asi nkyɛn.
because of your anger and hostility, for you have picked me up and tossed me away.
11 Me nkwa nna te sɛ anwummerɛ sunsum; na mekusa sɛ ɛserɛ.
My life is fading away like a shadow that lengthens—I'm withering away like grass.
12 Nanso, wo Awurade, woyɛ ɔhene daa daa; na wo din a ahyeta no te hɔ daa awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.
But you, Lord, reign forever, your fame will last for all generations.
13 Wobɛsɔre na woahunu Sion mmɔbɔ; berɛ aduru sɛ wohunu no mmɔbɔ; ɛberɛ a wohyɛeɛ no aso.
You will take action and have pity on Jerusalem, for it's time to be kind to the city, the time has come.
14 Nʼaboɔ som bo ma wʼasomfoɔ; ne mfuturo hyɛ wɔn awerɛhoɔ.
For the people who follow you love its stones; they value even its dust!
15 Amanaman no bɛsuro Awurade din; asase so ahemfo nyinaa bɛdi wʼanimuonyam ni.
Then the nations will be in awe of who you are, Lord; all the kings of the earth will be in awe of your glory.
16 Awurade bɛkyekyere Sion bio, na wapue wɔ nʼanimuonyam mu.
For the Lord will rebuild Jerusalem; he will appear in glory.
17 Ɔbɛtie mmɔborɔfoɔ mpaeɛbɔ; na ɔremmu nʼani ngu wɔn sufrɛ so.
He will pay attention to the prayers of the homeless; he will not disregard their requests.
18 Montwerɛ yei mma nkyirimma, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn a wɔnnya nwoo wɔn bɛkamfo Awurade;
Let this be recorded for generations to come, so that people yet to be born may praise the Lord:
19 “Awurade hwɛɛ fam firi ne kronkronbea wɔ soro hɔ; ɔfiri soro hwɛɛ asase,
The Lord looked down from above, from the heights of his holy place; he looked down from heaven to the earth,
20 sɛdeɛ ɔbɛte nneduafoɔ apinisie na wagyaa wɔn a wɔabu wɔn kumfɔ no.”
to respond to the groans of prisoners, to set free the children of death.
21 Enti, wɔbɛpae mu abɔ Awurade din wɔ Sion na wɔakamfo no wɔ Yerusalem,
As a result the wonderful nature of the Lord will be celebrated with praise in Jerusalem,
22 ɛberɛ a amanaman ne ahennie ahodoɔ bɛhyiam na wɔasom Awurade.
when the people of many kingdoms gather together to worship the Lord.
23 Ɔmaa me yɛɛ mmerɛ wɔ ɛberɛ a merenyini. Ɔtwaa me nkwa nna so.
But as for me, he broke my health while I was still young, cutting my life short.
24 Enti mekaa sɛ, “Ao me Onyankopɔn, mfa me nkɔ, wɔ me nkwa nna mfimfini; wo mfeɛ wɔ hɔ daa kɔduru awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.
I cried out, “My God, don't take my life while I'm young! You are the one who lives forever.
25 Ahyɛaseɛ no, wotoo asase fapem, na ɔsoro yɛ wo nsa ano adwuma.
Long ago you created the earth; you made the heavens.
26 Ne nyinaa bɛtwam, na wo deɛ, wobɛtena hɔ daa; wɔbɛtete te sɛ atadeɛ. Wobɛsesa wɔn te sɛ ntoma na wɔbɛto wɔn agu.
They will come to an end, but you will not. They will all wear out, like clothes—you will change them, and throw them away.
27 Nanso, wote sɛdeɛ woteɛ, na wo mfeɛ to rentwa da.
But you are the one who always is; your years never come to an end.
28 Wʼasomfoɔ mma bɛtena nkwa mu wɔ wʼanim; na wɔn asefoɔ ase bɛtim wɔ wʼanim.”
Our children will live with you, and our children's children will grow in your presence.”