< Mika 6 >

1 Montie asɛm a Awurade reka: “Monsɔre na mommɔ mo nkuro wɔ mmepɔ no anim; momma nkokoɔ nte deɛ mowɔ ka.
Hear ye what Jehovah saith! Arise, contend thou before the mountains, And let the hills hear thy voice!
2 “Na afei Ao, mmepɔ, montie Awurade soboɔ; tie, asase nnyinasoɔ a ɛwɔ hɔ daa. Na Awurade wɔ asɛm a ɛtia ne nkurɔfoɔ; ɔrebɔ Israel soboɔ.
Hear, O ye mountains, the controversy of Jehovah! Hear, ye strong foundations of the earth! For Jehovah hath a controversy with his people; He contendeth with Israel.
3 “Me nkurɔfoɔ, ɛdeɛn na mayɛ mo? Mede adesoa bi asoa mo? Mommua me!
“O my people, what have I done to thee, And wherein have I offended thee? Testify against me!
4 Meyii mo firii Misraim megyee mo firii nkoasom asase so. Mesomaa Mose bɛdii mo anim Aaron ne Miriam nso.
I brought thee up from the land of Egypt, And from the house of bondage I redeemed thee; I sent Moses, Aaron, and Miriam, to go before thee.
5 Me nkurɔfoɔ, monkae afotuo a Moabhene Balak, maeɛ ɛne mmuaeɛ a Beor babarima Balaam maeɛ. Monkae mo akwantuo a motu firii Sitim kɔɔ Gilgal, na monhunu Awurade akwantenenee.”
O my people, remember what Balak the king of Moab devised. And what Balaam, the son of Beor, answered him, What happened from Shittim to Gilgal, That ye may know the mercies of Jehovah.”
6 Ɛdeɛn na memfa mmra Awurade anim mmɛkoto ɔsorosoro Onyankopɔn no? Memfa anantwie mma a wadi afe mmɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ nʼanim anaa?
Wherewith shall I come before Jehovah, And bow myself before the most high God? Shall I come before him with burnt-offerings, With calves of a year old?
7 Awurade ani bɛsɔ nnwennini mpempem ne ngo ɔpedu a ɛretene sɛ nsubɔntene anaa? Memfa mʼabakan mmɔ me bɔne ho afɔdeɛ, anaa me yafunu mu mma, me kra bɔne nti?
Will Jehovah be pleased with thousands of rams, Or with ten thousands of rivers of oil? Shall I give my first-born for the sin of my soul, The fruit of my body for my transgression?
8 Ɔde deɛ ɛyɛ akyerɛ wo, Ao onipa. Na ɛdeɛn na Awurade hwehwɛ afiri wo hɔ? Yɛ adetenenee, hunu afoforɔ mmɔbɔ, na wo ne wo Onyankopɔn nnante ahobrɛaseɛ mu.
He hath showed thee, O man, what is good; What doth Jehovah require of thee, But to do justly, and to love mercy, And to walk humbly before thy God?
9 Montie! Awurade refrɛ kuropɔn no, Wo din suro yɛ nyansahu, “Monsuro Abaa no ne deɛ ɔmaa no tumi no.
The voice of Jehovah crieth to the city, And the man of wisdom will discern thee; Hear ye the rod, and who hath threatened it!
10 Mo amumuyɛfoɔ, menkɔ so mma me werɛ mfiri mo ahonya a monam nsisie so apɛ, ne nkontompo susukora a ɛde nnome ba no anaa?
Are there not yet in the houses of the unrighteous the treasures of iniquity, And the scanty measure, which is abominable?
11 Mennyae onipa a ɔkura nsania a wɔamia mu, ne nsisie nkariboɔ na ɔmfa ne ho nni anaa?
Shall I count her pure with the wicked balances, And with the bag of deceitful weights?
12 Adefoɔ a wɔwɔ mo mu no di akakabensɛm; mo nkurɔfoɔ no yɛ atorofoɔ na wɔn tɛkrɛma ka nnaadaasɛm.
For her rich men are full of violence, And her inhabitants speak lies, And their tongue is deceitful in their mouth.
13 Ɛno enti, mafiri aseɛ resɛe mo, Mo bɔne ahodoɔ enti, mɛsɛe mo.
Therefore will I sorely smite thee, And make thee desolate on account of thy sins.
14 Mobɛdidi, nanso moremmee; ɛkɔm bɛkɔ so ade mo. Mobɛboaboa ano nanso ɛrenkɔsi hwee, ɛfiri sɛ mede deɛ moakora no bɛma akofena.
Thou shalt eat and not be satisfied, And hunger shall be within thee. Thou shalt remove, but shalt not save, And what thou savest will I give up to the sword.
15 Mobɛdua nanso morentwa. Mobɛkyi ngo dua mu ngo, nanso morensra bi. Mobɛtiatia bobe so, nanso morennom nsã a mobɛnya afiri mu no bi.
Thou shalt sow, but shalt not reap; Thou shalt tread the olives, but shalt not anoint thee with oil, And the grapes, but shalt not drink the wine.
16 Moadi Omri mmara so. Moayɛ deɛ wɔyɛɛ wɔ Ahab efie. Moasua wɔn nneyɛeɛ no bi, ɛno enti mɛma ɔsɛeɛ aba mo so. Wɔbɛsere mo nkurɔfoɔ; na amanaman bɛbu mo animtia.”
For ye keep the statutes of Omri, And all the works of the house of Ahab, And walk in their devices; Therefore will I make thee a desolation, And thine inhabitants a derision; And ye shall bear the reproach of my people.

< Mika 6 >