Preface
Read
+
Publisher
Nainoia, Inc.
PO Box 462, Bellefonte, PA 16823
(814) 470-8028
Nainoia Inc, Publisher
LinkedIn/NAINOIA-INC
Third Party Publisher Resources
Request Custom Formatted Verses
Please contact us below
Submit your proposed corrections
I understand that the Aionian Bible republishes public domain and Creative Commons Bible texts and that volunteers may be needed to present the original text accurately. I also understand that apocryphal text is removed and most variant verse numbering is mapped to the English standard. I have entered my corrections under the verse(s) below. Proposed corrections to the Asante Twi Bible, Micah Chapter 6 https://www.AionianBible.org/Bibles/Twi---Asante-Twi-WASNA/Micah/6 1) Montie asɛm a Awurade reka: “Monsɔre na mommɔ mo nkuro wɔ mmepɔ no anim; momma nkokoɔ nte deɛ mowɔ ka. 2) “Na afei Ao, mmepɔ, montie Awurade soboɔ; tie, asase nnyinasoɔ a ɛwɔ hɔ daa. Na Awurade wɔ asɛm a ɛtia ne nkurɔfoɔ; ɔrebɔ Israel soboɔ. 3) “Me nkurɔfoɔ, ɛdeɛn na mayɛ mo? Mede adesoa bi asoa mo? Mommua me! 4) Meyii mo firii Misraim megyee mo firii nkoasom asase so. Mesomaa Mose bɛdii mo anim Aaron ne Miriam nso. 5) Me nkurɔfoɔ, monkae afotuo a Moabhene Balak, maeɛ ɛne mmuaeɛ a Beor babarima Balaam maeɛ. Monkae mo akwantuo a motu firii Sitim kɔɔ Gilgal, na monhunu Awurade akwantenenee.” 6) Ɛdeɛn na memfa mmra Awurade anim mmɛkoto ɔsorosoro Onyankopɔn no? Memfa anantwie mma a wadi afe mmɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ nʼanim anaa? 7) Awurade ani bɛsɔ nnwennini mpempem ne ngo ɔpedu a ɛretene sɛ nsubɔntene anaa? Memfa mʼabakan mmɔ me bɔne ho afɔdeɛ, anaa me yafunu mu mma, me kra bɔne nti? 8) Ɔde deɛ ɛyɛ akyerɛ wo, Ao onipa. Na ɛdeɛn na Awurade hwehwɛ afiri wo hɔ? Yɛ adetenenee, hunu afoforɔ mmɔbɔ, na wo ne wo Onyankopɔn nnante ahobrɛaseɛ mu. 9) Montie! Awurade refrɛ kuropɔn no, Wo din suro yɛ nyansahu, “Monsuro Abaa no ne deɛ ɔmaa no tumi no. 10) Mo amumuyɛfoɔ, menkɔ so mma me werɛ mfiri mo ahonya a monam nsisie so apɛ, ne nkontompo susukora a ɛde nnome ba no anaa? 11) Mennyae onipa a ɔkura nsania a wɔamia mu, ne nsisie nkariboɔ na ɔmfa ne ho nni anaa? 12) Adefoɔ a wɔwɔ mo mu no di akakabensɛm; mo nkurɔfoɔ no yɛ atorofoɔ na wɔn tɛkrɛma ka nnaadaasɛm. 13) Ɛno enti, mafiri aseɛ resɛe mo, Mo bɔne ahodoɔ enti, mɛsɛe mo. 14) Mobɛdidi, nanso moremmee; ɛkɔm bɛkɔ so ade mo. Mobɛboaboa ano nanso ɛrenkɔsi hwee, ɛfiri sɛ mede deɛ moakora no bɛma akofena. 15) Mobɛdua nanso morentwa. Mobɛkyi ngo dua mu ngo, nanso morensra bi. Mobɛtiatia bobe so, nanso morennom nsã a mobɛnya afiri mu no bi. 16) Moadi Omri mmara so. Moayɛ deɛ wɔyɛɛ wɔ Ahab efie. Moasua wɔn nneyɛeɛ no bi, ɛno enti mɛma ɔsɛeɛ aba mo so. Wɔbɛsere mo nkurɔfoɔ; na amanaman bɛbu mo animtia.” Additional comments?
Refresh Captcha
The world's first Holy Bible un-translation!