< Luka 21 >
1 Yesu te asɔredan mu hɔ no, ɔhunuu asikafoɔ bi a wɔde wɔn afɔrebɔdeɛ akɛseakɛseɛ regu afɔrebɔ adaka no mu.
Yesu te asɔredan mu hɔ no, ohuu asikafo bi a wɔde wɔn afɔrebɔde akɛseakɛse regu afɔrebɔ adaka no mu.
2 Ɔhunuu okunafoɔ hiani bi nso sɛ ɔde sika kakra bi too afɔdeɛ adaka no mu.
Ohuu okunafo hiani bi nso sɛ ɔde sika kakraa bi too afɔre adaka no mu.
3 Yesu ka kyerɛɛ nnipa a na wɔwɔ asɔredan mu hɔ no sɛ, “Nokorɛ mu, afɔdeɛ a okunafoɔ hiani yi bɛbɔeɛ no som bo sene afɔdeɛ akɛseakɛseɛ a asikafoɔ no bɛbɔeɛ no nyinaa.
Yesu ka kyerɛɛ nnipa a na wɔwɔ asɔredan mu hɔ no se, “Nokware ni, afɔre a okunafo hiani yi bɛbɔɔ no som bo sen afɔre akɛseakɛse a asikafo no bɛbɔɔ no nyinaa.
4 Wɔn nyinaa de deɛ wɔanya ama aboro so no bi na ɛbɛbɔɔ afɔdeɛ, na yei deɛ, ɔfiri ne hia mu de ne sika a ɔwɔ nyinaa na abɛgu mu yi.”
Wɔn nyinaa de nea wɔanya ama aboro so no bi na ɛbɛbɔɔ afɔre, na oyi de, ofi ne hia mu de ne sika a ɔwɔ nyinaa na abegu mu yi.”
5 Yesu akyidifoɔ no bi kamfoo aboɔ fɛfɛ a wɔde sii asɔredan no ne adwinneɛ ahodoɔ a wɔadi agu ɛdan no ho no. Nanso, Yesu kaa sɛ,
Yesu akyidifo no bi kamfoo abo fɛfɛ a wɔde sii asɔredan no ne adwinni ahorow a wɔadi agu ɔdan no ho no. Nanso Yesu kae se,
6 “Ɛberɛ bi bɛba a, wɔbɛdwiri nneɛma a morekamfo yi nyinaa agu a hwee renka.”
“Bere bi bɛba a, wobedwiriw nneɛma a morekamfo yi nyinaa agu a hwee renka.”
7 Wɔbisaa no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, berɛ bɛn na asɛm a woreka yi bɛsi, na ɛho nsɛnkyerɛnneɛ bɛyɛ sɛn?”
Wobisaa no se, “Kyerɛkyerɛfo, bere bɛn na asɛm a woreka yi besi, na ho nsɛnkyerɛnne bɛyɛ dɛn?”
8 Yesu buaa sɛ, “Monhwɛ mo ho so yie na obi annaadaa mo, ɛfiri sɛ, nnipa pii bɛsɔre aka sɛ, ‘Mene Kristo no’ na ɛberɛ no abɛn, nanso monnnye wɔn nni!
Yesu buae se, “Monhwɛ mo ho so yiye na obi annaadaa mo, efisɛ nnipa pii bɛsɔre aka se, ‘Mene Kristo no’ na bere no abɛn, nanso monnnye wɔn nni!
9 Sɛ mote akokoakoko ne sɛ wɔsɔre tia aman a, monnsuro ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ saa nneɛma yi di ɛkan ba nanso na ɛnkyerɛ sɛ awieeɛ no abɛn.”
Sɛ mote akokoakoko ne sɛ wɔsɔre tia aman a, munnsuro efisɛ ɛsɛ sɛ saa nneɛma yi di kan ba nanso na ɛnkyerɛ sɛ awiei no abɛn.”
10 Ɔkaa bio sɛ, “Aman bɛsɔre aman so na ahennie asɔre ahennie so.
Ɔkaa bio se, “Aman bɛsɔre aman so na ahenni asɔre ahenni so.
11 Asasewosoɔ a ɛyɛ hu bɛba, ɛkɔm bɛba na nneɛma a ɛyɛ hu bɛfiri ewiem asisi.
Asasewosow a ɛyɛ hu bɛba, ɔkɔm bɛba na nneɛma a ɛyɛ hu befi wim asisi.
12 “Nanso, ansa na yeinom nyinaa bɛsisi no, me din enti, wɔbɛtaa mo akyekye mo, de mo akɔ hyiadan mu ne afiase ne ahemfo ne atumfoɔ anim.
“Nanso ansa na eyinom nyinaa besisi no, me din nti, wɔbɛtaa mo akyekyere mo, de mo akɔ hyiadan mu ne afiase ne ahemfo ne atumfo anim.
13 Yei bɛma moanya ɛkwan adi me ho adanseɛ.
Eyi bɛma moanya kwan adi me ho adanse.
14 Nanso, monnnwene nsɛm a mobɛka de ayi mo ho ano no ho;
Nanso, monnnwene nsɛm a mobɛka de ayi mo ho ano no ho;
15 Ɛfiri sɛ, mɛma mo nsɛm ne nyansa a mode bɛyi mo ho ano a mo atamfoɔ rentumi nnyina mo anim.
Efisɛ mɛma mo nsɛm ne nyansa a mode beyi mo ho ano a mo atamfo rentumi nnyina mo anim.
16 Mo awofoɔ, mo nuanom, mo abusuafoɔ ne mo nnamfonom bɛyi mo ama na wɔbɛkum mo mu bi.
Mo awofo, mo nuanom, mo abusuafo ne mo nnamfonom beyi mo ama na wobekum mo mu bi.
17 Na me enti, nnipa bɛtan mo.
Na me nti nnipa bɛtan mo.
18 Nanso, mo tirinwi baako pɛ mpo renyera.
Nanso mo tinwi baako pɛ mpo renyera.
19 Na sɛ motumi gyina pintinn a, mobɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ.”
Na sɛ mutumi gyina pintinn a, mubenya nkwa a enni awiei.”
20 “Sɛ mohunu sɛ asraafoɔ atwa Yerusalem ho ahyia a, na ɛkyerɛ sɛ ne sɛeɛ abɛn.
“Sɛ muhu sɛ asraafo atwa Yerusalem ho ahyia a, na ɛkyerɛ sɛ ne sɛe abɛn.
21 Saa ɛberɛ no wɔn a wɔte Yudea nnwane nkɔ mmepɔ no so; wɔn a wɔwɔ kuro no mu no nnwane mfiri mu, na wɔn nso a wɔwɔ nkuraase ne mfuom no ntena hɔ ara.
Saa bere no wɔn a wɔte Yudea nguan nkɔ mmepɔw no so; wɔn a wɔwɔ kurow no mu no nguan mfi mu, na wɔn nso a wɔwɔ nkuraa ne mfuw mu no ntena hɔ ara.
22 Saa ɛberɛ yi mu na Onyankopɔn asotwe a adiyifoɔ no hyɛɛ ho nkɔm wɔ Atwerɛsɛm no mu no bɛba mu.
Saa bere yi mu na Onyankopɔn asotwe a adiyifo no hyɛɛ ho nkɔm wɔ Kyerɛwsɛm no mu no bɛba mu.
23 Wɔn a wɔafa afuro ne wɔn a wɔturu mma saa ɛberɛ no mu no nnue. Amanehunu a ɛnni kabea bɛba ɔman no so na Onyankopɔn abufuhyeɛ nso aba nnipa no so.
Wɔn a wɔafa afuru ne wɔn a wɔma mma nufu no nnue. Amanehunu a enni kabea bɛba ɔman no so na Onyankopɔn abufuwhyew nso aba nnipa no so.
24 Ebinom bɛtotɔ wɔ sekan ano na wɔafa ebinom nso nnommum de wɔn akɔ amanaman so na amanaman bɛsɛe Yerusalem, adi so akɔsi ɛberɛ a Onyankopɔn ahyehyɛ sɛ amanaman nni wɔn so no bɛtwam.”
Ebinom bɛtotɔ wɔ afoa ano na wɔafa ebinom nso nnommum de wɔn akɔ amanaman so na amanaman bɛsɛe Yerusalem, adi so akosi bere a Onyankopɔn ahyehyɛ sɛ amanaman nni wɔn so no betwa mu.”
25 “Nsɛnkyerɛnneɛ bɛba owia, ɔsrane ne nsoromma mu na ɛpo asorɔkye bɛbobom, aworo so ama ne nnyegyeeɛ denden no de ahoyera aba aman nyinaa so.
“Nsɛnkyerɛnne bɛba owia, ɔsram ne nsoromma mu na po asorɔkye bɛbobɔ mu, aworo so ama ne nnyigyei dennen no de ahoyeraw aba aman nyinaa so.
26 Esiane nneɛma a ɛyɛ hu a ɛbɛba asase so no enti, nnipa pii bɛtotɔ bera na abɔdeɛ a ɛwɔ ewiem nso awoso ahoɔden so.
Esiane nneɛma a ɛyɛ hu a ɛbɛba asase so no nti, nnipa pii bɛtotɔ piti na abɔde a ɛwɔ wim nso awosow ahoɔden so.
27 Saa ɛberɛ no na wɔbɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔde tumi ne animuonyam a ɛso nam omununkum mu reba.
Saa bere no na wobehu Onipa Ba no sɛ ɔde tumi ne anuonyam a ɛso nam omununkum mu reba.
28 Sɛ saa asɛm yi firi aseɛ sisi a, momfa gyidie nnyina pintinn, ɛfiri sɛ, na mo nkwagyeberɛ abɛn.”
Sɛ saa asɛm yi fi ase sisi a, momfa gyidi nnyina pintinn, efisɛ na mo nkwagye bere abɛn.”
29 Yesu buu wɔn ɛbɛ bi sɛ, “Monhwɛ borɔdɔma ne nnua nyinaa.
Yesu buu wɔn bɛ bi se, “Monhwɛ borɔdɔma ne nnua nyinaa.
30 Sɛ ɛyiyi nhahan foforɔ a, na ɛkyerɛ sɛ osutɔberɛ aduru.
Sɛ eyiyi nhaban foforo a na ɛkyerɛ sɛ asusow bere adu.
31 Saa ara nso na sɛ mohunu nsɛnkyerɛnneɛ a moreka ho asɛm yi a, monhunu sɛ Onyankopɔn Ahennie no abɛn.
Saa ara nso na sɛ muhu nsɛnkyerɛnne a mereka ho asɛm yi a, munhu sɛ Onyankopɔn ahenni no abɛn.
32 “Nokorɛ me se mo sɛ, awontoatoasoɔ yi rentwam, gye sɛ saa nneɛma yi nyinaa aba mu ansa.
“Nokware mise mo sɛ, awo ntoatoaso yi rentwa mu, gye sɛ saa nneɛma yi nyinaa aba mu ansa.
33 Ɔsoro ne asase bɛtwam, nanso me nsɛm deɛ, ɛrentwam da.
Ɔsoro ne asase betwa mu akɔ, nanso me nsɛm de, ɛrentwa mu da.
34 “Monhwɛ mo ho so yie! Mommma adiditrasoɔ ne nsãborɔ ne asetena mu dadwene nni mo so, anyɛ saa a, me ba a mɛba bio no bɛfu mo mu.
“Monhwɛ mo ho so yiye! Mommma adiditraso ne asabow ne asetena mu dadwen nni mo so, anyɛ saa a, me ba a mɛba bio no befu mo mu.
35 Ɛfiri sɛ, me ba a mɛba no bɛfu nnipa a wɔte asase so nyinaa mu.
Efisɛ me ba a mɛba no befu nnipa a wɔte asase so nyinaa mu.
36 Monwɛn. Ɛberɛ biara mommɔ mpaeɛ na moanya ahoɔden de agyina saa nneɛma yi nyinaa ano, na Onipa Ba no sane ba bio a, moatumi agyina nʼanim.”
Monwɛn. Bere biara mommɔ mpae na moanya ahoɔden de agyina saa nneɛma yi nyinaa ano na mesan ba bio a, moatumi agyina mʼanim.”
37 Ɛda biara, na Yesu kɔ asɔredan mu hɔ kɔkyerɛkyerɛ, na sɛ ɛduru anwummerɛ biara a, Yesu kɔ Ngo Bepɔ no so kɔhome.
Da biara, na Yesu kɔ asɔredan mu hɔ kɔkyerɛkyerɛ, na sɛ edu anwummere biara a, Yesu kɔ Ngo Bepɔw no so kɔhome.
38 Na nnipa pii sɔre anɔpahema biara kɔtie no wɔ asɔredan mu.
Na nnipa pii sɔre anɔpahema biara kotie no wɔ asɔredan mu.