< Luka 20 >
1 Ɛda bi a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu no, asɔfoɔ mpanin, Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ ne ɔman no mu mpanin kɔbisaa no sɛ,
Da bi a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu no, asɔfo mpanyin, Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo ne ɔman no mu mpanyin kobisaa no se,
2 “Tumi bɛn na wowɔ a wode yɛ saa nneɛma yi; na hwan nso na ɔmaa wo saa tumi no?”
“Tumi bɛn na wowɔ a wode yɛ saa nneɛma yi; na hena nso na ɔmaa wo saa tumi no?”
3 Yesu buaa wɔn sɛ, “Me nso mewɔ asɛm bi bisa mo. Monka nkyerɛ me.
Yesu buaa wɔn se, “Me nso mewɔ asɛm bi bisa mo. Monka nkyerɛ me.
4 Tumi bɛn na Yohane de bɔɔ asu; ɛfiri Onyankopɔn anaa ɛfiri nnipa?”
Tumi bɛn na Yohane de bɔɔ asu; efi Onyankopɔn anaa efi onipa?”
5 Wɔfaa ho adwene kaa sɛ, “Sɛ yɛka sɛ, ɛfiri Onyankopɔn a, ɔbɛbisa yɛn sɛ, ‘ɛnneɛ, adɛn enti na moannye no anni?’
Wɔfaa ho adwene kae se, “Sɛ yɛka se efi Onyankopɔn a obebisa yɛn se, ‘ɛno de, adɛn nti na moannye no anni?’
6 Sɛ nso yɛka sɛ, ɛfiri onipa a, ɔman mu no nyinaa bɛsi yɛn aboɔ, ɛfiri sɛ, wɔnim sɛ Yohane yɛ odiyifoɔ.”
Sɛ nso yɛka se efi onipa a, ɔman mu no nyinaa besiw yɛn abo, efisɛ wonim sɛ Yohane yɛ odiyifo.”
7 Ɛwiee aseɛ no, wɔbuaeɛ sɛ, “Yɛnnim.”
Ewiee ase no, wobuae se, “Yennim.”
8 Yesu nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛnneɛ me nso meremma mo mo asɛmmisa no ho mmuaeɛ.”
Yesu nso ka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛno de, me nso meremma mo mo asɛmmisa no ho mmuae.”
9 Yesu buu wɔn ɛbɛ bi sɛ, “Ɔbarima bi yɛɛ bobefuo de hyɛɛ apaafoɔ bi nsa sɛ wɔnhwɛ so mma no. Yei akyi ɔtuu kwan kɔɔ akyirikyiri baabi, kɔtenaa hɔ kyɛree.
Yesu buu wɔn bɛ bi se, “Ɔbarima bi yɛɛ bobeturo de hyɛɛ apaafo bi nsa sɛ wɔnhwɛ so mma no. Eyi akyi, otuu kwan kɔɔ akyirikyiri baabi kɔtenaa hɔ kyɛe.
10 Bobeteɛ berɛ duruiɛ no, ɔbarima yi somaa ne ɔsomfoɔ sɛ ɔnkɔgye aduaba no bi mmrɛ no. Nanso, apaafoɔ no boroo no, ma ɔsane kɔɔ nsapan.
Bobetew bere dui no, ɔbarima yi somaa ne somfo se onkogye aduaba no bi mmrɛ no. Nanso apaafo no boroo no, ma ɔsan kɔɔ nsapan.
11 Ɔsomaa ɔsomfoɔ foforɔ maa ɔno nso wɔboroo no, bɔɔ no adapaa, ma ɔkɔɔ nsapan.
Ɔsomaa ɔsomfo foforo ma ɔno nso wɔboroo no, bɔɔ no adapaa, ma ɔkɔɔ nsapan.
12 Ɔsane somaa ɔsomfoɔ foforɔ na ɔno mpo deɛ, wɔpirapiraa no pamoo no.
Ɔsan somaa ɔsomfo foforo na ɔno mpo de, wopirapiraa no pam no.
13 “Yei maa bobefuo wura no kaa sɛ, ‘Ɛdeɛn na menyɛ bio? Mɛsoma me ba a medɔ no no akɔ wɔn nkyɛn na ɔno deɛ ebia, wɔbɛfɛre no.’
“Eyi maa bobeturo wura no kae se, ‘Dɛn na menyɛ bio? Mɛsoma me ba a medɔ no no akɔ wɔn nkyɛn na ɔno de, ebia wɔbɛfɛre no.’
14 “Nanso, ɛberɛ a apaafoɔ no hunuu no no, wɔkaa sɛ, ‘Ɔdedifoɔ no nie, momma yɛnkum no na yɛmfa nʼagyapadeɛ no.’
“Nanso bere a apaafo no huu no no, wɔkae se, ‘Ɔdedifo no ni, momma yenkum no na yɛmfa nʼagyapade no.’
15 Wɔtwee no firii afuo no mu kɔkumm no. “Mogye di sɛ ɛdeɛn na afuowura no bɛyɛ saa apaafoɔ yi?
Wɔtwee no fii afuw no mu kokum no. “Mugye di sɛ dɛn na afuw wura no bɛyɛ saa apaafo yi?
16 Ɔbɛba abɛkum saa apaafoɔ yi na ɔde afuo no ama afoforɔ.” Nnipa a wɔretie Yesu no kaa sɛ, “Ɛmpare yɛn!”
Ɔbɛba abekunkum saa apaafo yi na ɔde afuw no ama afoforo.” Nnipa a wɔretie Yesu no kae se, “Ɛmpare yɛn!”
17 Yesu hwɛɛ wɔn dinn bisaa wɔn sɛ, “Ɛnneɛ na deɛ wɔatwerɛ sɛ, “‘Ɛboɔ a adansifoɔ apo no, ɛno ara na abɛyɛ tweatiboɔ’ no aseɛ ne sɛn?
Yesu hwɛɛ wɔn dinn bisaa wɔn se, “Ɛno de, na nea wɔakyerɛw se, “‘Ɔbo a adansifo apo no, ɛno ara na abɛyɛ tweatibo’ no ase ne dɛn?
18 Obiara a ɔbɛhwe ɛboɔ no so no, ɔbɛbubu na deɛ ɛboɔ no bɛhwe ne so no, ɛbɛpɛkyɛ no.”
Obiara a ɔbɛhwe ɔbo no so no, obebubu na nea ɔbo no bɛhwe ne so no nso bɛpɛtɛw.”
19 Esiane sɛ Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ ne asɔfoɔ mpanin no hunuu sɛ Yesu buu ɛbɛ no tiaa wɔn enti, wɔhwehwɛɛ ɛkwan a wɔbɛfa so akyere no saa ɛberɛ no ara mu, nanso ɛsiane nnipa a na wɔwɔ hɔ no enti, na wɔsuro.
Esiane sɛ Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo ne asɔfo mpanyin no huu se Yesu buu bɛ no tiaa wɔn nti wɔhwehwɛɛ ɔkwan a wɔbɛfa so akyere no saa bere no ara mu, nanso esiane nnipa a na wɔwɔ hɔ no nti na wosuro.
20 Esiane sɛ ɔpɛ ara na na nnipa no pɛ sɛ wɔkyere Yesu enti, wɔtetɛɛ no maa nnipa bi kɔɔ ne nkyɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛnya nʼanom asɛm bi agyina so akyere no na wɔde no akɔ aban mu.
Esiane sɛ ɔpɛ ara na na nnipa no pɛ sɛ wɔkyere Yesu nti, wɔtetɛw no maa nnipa bi kɔɔ ne nkyɛn, sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya nʼanom asɛm bi agyina so akyere no na wɔde no akɔ aban mu.
21 Saa nnipa yi bisaa Yesu sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛnim sɛ woyɛ ɔnokwafoɔ, wonyɛ nyiyimu na wokyerɛ nokorɛ kwan a wɔnam so kɔ Onyankopɔn nkyɛn.
Saa nnipa yi bisaa Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, yenim sɛ woyɛ ɔnokwafo, wonyɛ nyiyimu na wokyerɛ nokware kwan a wɔnam so kɔ Onyankopɔn nkyɛn.
22 Enti, ɛyɛ sɛ yɛtua toɔ ma Kaesare aban anaasɛ ɛnyɛ?”
Enti eye sɛ yetua tow ma Kaesare aban anaasɛ enye?”
23 Yesu hunuu wɔn adwemmɔne no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ,
Yesu huu wɔn adwemmɔne no, ɔka kyerɛɛ wɔn se,
24 “Momma me sika. Hwan mfoni ne din na ɛwɔ so yi?” Wɔbuaa no sɛ, “Ɛyɛ Kaesare dea.”
“Momma me sika. Hena mfoni ne din na ɛwɔ so yi?” Wobuaa no se, “Ɛyɛ Kaesare dea.”
25 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛnneɛ momfa Kaesare deɛ mma Kaesare na momfa Onyankopɔn deɛ mma Onyankopɔn.”
Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛno de, momfa Kaesare de mma Kaesare na momfa Onyankopɔn de mma Onyankopɔn.”
26 Yesu mmuaeɛ a ɔmaa wɔn no yɛɛ wɔn nwanwa na wɔn adwemmɔne no nso kaa wɔn tirim.
Yesu mmuae a ɔmaa wɔn no yɛɛ wɔn nwonwa na wɔn adwemmɔne no nso kaa wɔn tirim.
27 Sadukifoɔ bi a wɔnnye owusɔreɛ nni baa Yesu nkyɛn bɛbisaa no sɛ,
Sadukifo bi a wonnye owusɔre nni baa Yesu nkyɛn bebisaa no se,
28 “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, Mose mmara no kyerɛ yɛn sɛ, sɛ ɔbarima bi wɔ yere na ɔne no anwo na ɔwu a, ne nua tumi ware no ne no wo mma ma owufoɔ no.
“Kyerɛkyerɛfo, Mose mmara no kyerɛ yɛn se, sɛ ɔbarima bi wɔ ɔyere na ɔne no anwo na owu a, ne nua tumi ware no ne no wo mma ma owufo no.
29 Anuanom baason bi tenaa ase. Ɔpanin a ɔwɔ mu no waree ɔbaa a ɔne no anwo na ɔwuiɛ.
Anuanom baason bi tenaa ase. Ɔpanyin a ɔwɔ mu no waree ɔbea a ɔne no anwo na owui.
30 Ne nua a ɔdi nʼakyi no, waree no nanso ɔne no anwo na ɔwuiɛ.
Ne nua a odi nʼakyi no waree no nanso ɔne no anwo na owui.
31 Anuanom a wɔaka no nyinaa nso waree no a obiara ne no anwo, na wɔwuwuiɛ.
Anuanom a wɔaka no nyinaa nso waree no a obiara ne no anwo, na wowuwui.
32 Akyire no, ɔbaa no nso wuiɛ.
Akyiri no ɔbea no nso wui.
33 Yɛn asɛmmisa ne sɛ, ɛsiane sɛ ɔbaa yi waree anuanom yi nyinaa enti, owusɔreɛ da no, wɔn mu hwan na ɔbaa yi bɛyɛ ne yere?”
Yɛn asɛmmisa ne sɛ, esiane sɛ ɔbea yi waree anuanom yi nyinaa nti, owusɔre da no, wɔn mu hena na ɔbea yi bɛyɛ ne yere?”
34 Yesu buaa sɛ, “Asase yi so na nnipa dwene awadeɛ ho. (aiōn )
Yesu buae se, “Asase yi so na nnipa dwene aware ho. (aiōn )
35 Na wɔn a owusɔreɛ da no wɔbɛnya kwan akɔ Onyankopɔn Ahennie no mu deɛ, awadeɛ ho renhia wɔn. (aiōn )
Na wɔn a owusɔre da no wobenya kwan akɔ Onyankopɔn Ahenni no mu de, aware ho renhia wɔn. (aiōn )
36 Na owuo nso nni hɔ mma wɔn bio, ɛfiri sɛ, wɔbɛyɛ sɛ ɔsoro abɔfoɔ. Esiane sɛ wɔasɔre afiri awufoɔ mu no enti, wɔyɛ Onyankopɔn mma.
Na owu nso nni hɔ mma wɔn bio, efisɛ wɔbɛyɛ sɛ ɔsoro abɔfo. Esiane sɛ wɔasɔre afi awufo mu no nti, wɔyɛ Onyankopɔn mma.
37 Afei, mo asɛmmisa a ɛfa owusɔreɛ ho no nso, Mose ma yɛhunuu no pefee sɛ, owusɔreɛ wɔ hɔ. Ɛfiri sɛ, nʼasɛm a ɔtwerɛ faa wira a na ɛrederɛ no ho no ɔbɔɔ Abraham Onyankopɔn, Isak Onyankopɔn ne Yakob Onyankopɔn din.
Afei mo asɛmmisa a ɛfa owusɔre ho no nso, Mose maa yehuu no pefee sɛ, owusɔre wɔ hɔ. Efisɛ nʼasɛm a ɔkyerɛw faa wura a na ɛredɛw no ho no, ɔbɔɔ Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn din.
38 Yei kyerɛ sɛ, Onyankopɔn yɛ ateasefoɔ Onyankopɔn na ɔnyɛ awufoɔ Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, obiara a ɔde ne ho to Onyankopɔn so no, sɛ ɔwu mpo a, ɔbɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ.”
Eyi kyerɛ sɛ, Onyankopɔn yɛ ateasefo Nyankopɔn na ɔnyɛ awufo Nyankopɔn, efisɛ obiara a ɔde ne ho to Onyankopɔn so no, sɛ owu mpo a, obenya nkwa a enni awiei.”
39 Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no mu bi kaa sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, woabua no yie.”
Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no mu bi kae se, “Kyerɛkyerɛfo, woabua no yiye.”
40 Na obiara antumi ammisa no asɛm biara bio.
Na obiara antumi ammisa no asɛm biara bio.
41 Yesu bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na wɔka sɛ Kristo no yɛ Dawid ba?”
Yesu bisaa wɔn se, “Adɛn nti na wɔka se Kristo no yɛ Dawid ba?”
42 Ɛfiri sɛ Dawid ka wɔ ne Nnwom no mu sɛ, “Awurade ka kyerɛɛ me wura sɛ. ‘Tena me nifa so
Efisɛ Dawid ka wɔ ne Nnwom no mu se, “Awurade ka kyerɛɛ me wura se: ‘Tena me nifa so
43 kɔsi sɛ mɛma woadi wʼatamfoɔ so nkonim.’
kosi sɛ mɛma woadi wʼatamfo so nkonim.’
44 Sɛ Dawid frɛ Kristo no ‘Me wura’ a, ɛyɛ dɛn na Kristo no ayɛ ne ba?”
Sɛ Dawid frɛ no ‘Awurade’ a, ɛyɛɛ dɛn na Kristo no yɛ ne ba?”
45 Ɛberɛ a nnipa no retie no no, Yesu danee nʼani ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ,
Bere a nnipa no retie no no, Yesu dan nʼani ka kyerɛɛ nʼasuafo no se,
46 “Monhwɛ mo ho so yie wɔ Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no ho. Ɛberɛ biara wɔpɛ sɛ wɔhyɛ ntadeɛ pa, hwehwɛ sɛ nnipa hu wɔn badwa mu a, wɔde obuo kyea wɔn, na sɛ wɔkɔ asɔredan mu nso a, wɔtena mpanin tenabea. Saa ara nso na sɛ wɔkɔ apontoɔ ase a, wɔtena mpanin tenabea.
“Monhwɛ mo ho so yiye wɔ Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no ho. Bere biara wɔpɛ sɛ wɔhyɛ ntade pa, hwehwɛ sɛ nnipa hu wɔn bagua mu a wɔde obu kyia wɔn, na sɛ wɔkɔ asɔredan mu nso a, wɔtena mpanyin tenabea. Saa ara nso na sɛ wɔkɔ aponto ase a, wɔtena mpanyin tenabea.
47 Wɔbɔ mpaeɛ hunu atentene kyerɛ nnipa sɛ wɔresom Onyankopɔn, nanso wɔsisi akunafoɔ. Yei enti wɔbɛnya asotwe a emu yɛ duru.”
Wɔbɔ mpae atenten ma nnipa hu sɛ wɔresom Onyankopɔn, nanso wosisi akunafo. Eyi nti wobenya asotwe a mu yɛ duru.”