< Yohane 14 >

1 Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Mommma mo akoma nntu. Monnye Onyankopɔn nni na monnye me nso nni.
Let not your heart be troubled. Have faith in God, and have faith in me.
2 Tenaberɛ bebree wɔ mʼAgya efie, ɛno enti, merekɔ akɔsiesie baabi ama mo. Sɛ asɛm a mereka yi nyɛ nokorɛ a, anka merenka nkyerɛ mo.
In my Father's house are many mansions; if it were not so, I would have told you. For I go away to prepare a place for you;
3 Na sɛ mekɔ na mekɔsiesie baabi ma mo a, mɛsane aba abɛfa mo akɔ na me ne mo akɔtena.
and when I have gone away and prepared a place for you, I will come again, and will take you to myself; that where I am, ye also may be.
4 Monim faako a merekɔ no ne ɛkwan ko a mobɛfa so aba hɔ bi.”
And ye know the way whither I go.
5 Toma bisaa no sɛ, “Awurade yɛnnim faako a worekɔ na yɛbɛyɛ dɛn ahunu ɛkwan aba hɔ bi?”
Thomas saith to him, Lord, we know not whither thou goest; how then do we know the way?
6 Yesu buaa sɛ, “Mene ɛkwan no, ne nokorɛ no, ne nkwa no; obi ntumi nkɔ Agya no hɔ, gye sɛ ɔfa me so.”
Jesus saith to him, I am the way, and the truth, and the life; no one cometh to the Father but through me.
7 Yesu kaa bio sɛ, “Afei a moahunu onipa ko a meyɛ yi, saa ara nso na mobɛhunu mʼAgya no, na ɛfiri saa ɛberɛ yi monim no, ɛfiri sɛ, moahunu no!”
If ye knew me, ye would know my Father also; and from this time ye know him, and have seen him.
8 Filipo bisaa no sɛ, “Awurade, kyerɛ yɛn Agya no, ɛfiri sɛ, deɛ yɛrehwehwɛ ara ne no.”
Philip saith to him, Lord, show us the Father, and we shall be satisfied.
9 Yesu buaa no sɛ, “Filipo, enti me ne mo nanteeɛ dadaada yi, wonnim onipa ko a meyɛ? Obiara a ɔnim onipa ko a meyɛ no nim mʼAgya no. Adɛn enti na woka sɛ, ‘Kyerɛ yɛn Agya’ no?
Jesus saith to him, Have I been so long time with you, and dost thou not know me, Philip? He that hath seen me hath seen the Father; how is it that thou sayest, Show us the Father?
10 Filipo wonnye nni sɛ mewɔ Agya no mu na Agya no nso wɔ me mu? Yesu sane ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, nsɛm a maka akyerɛ mo no mfiri mʼankasa. Agya a ɔte me mu no na ɔnam me so yɛ nʼadwuma.
Dost thou not believe that I am in the Father, and the Father in me? The words that I speak to you, I speak not from myself; but the Father, who dwelleth in me, doeth his works.
11 Monnye me nni sɛ mewɔ Agya no mu na Agya no nso wɔ me mu. Sɛ monnnye nsɛm a maka no nni a, nnwuma a mayɛ no enti, monnye nni.
Believe me, that I am in the Father, and the Father in me; but if not, believe for the very works' sake.
12 Mereka nokorɛ akyerɛ mo, obiara a ɔgye me di no, bɛyɛ nnwuma a meyɛ no bi na mpo ɔbɛyɛ nnwuma akɛseakɛseɛ, ɛfiri sɛ, merekɔ mʼAgya no nkyɛn.
Truly, truly do I say to you, He that believeth in me, the works that I do shall he do also, and greater than these shall he do; because I am going to the Father,
13 Na biribiara a mobɛbisa wɔ me din mu no, mɛyɛ ama mo, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Agya no animuonyam nam ne Ba no so bɛda adi.
and whatever ye shall ask in my name, that will I do; that the Father may be glorified in the Son.
14 Biribiara a mode me din bɛbisa no, mɛyɛ ama mo.”
If ye shall ask any thing in my name, I will do it.
15 “Sɛ modɔ me a, mobɛdi mʼahyɛdeɛ so.
If ye love me, ye will keep my commandments;
16 Mɛbisa Agya no na wama mo ɔboafoɔ foforɔ a ɔne Honhom Kronkron no a ɔda Onyankopɔn nokorɛ nyinaa adi no na ɔne mo atena daa. (aiōn g165)
and I will pray the Father, and he will give you another Comforter, that he may be with you for ever; (aiōn g165)
17 Ewiase rentumi nnye no, ɛfiri sɛ, wɔnhunu no, na wɔnnim no. Nanso, mo deɛ, monim no, ɛfiri sɛ, ɔne mo na ɛte.
the Spirit of truth, which the world cannot receive, because it doth not behold it, nor know it; ye know it, because it abideth with you, and will be in you.
18 Merennya mo sɛ nwisiaa; mɛsane aba mo nkyɛn bio.
I will not leave you bereaved; I am coming to you.
19 Ɛrenkyɛre biara nnipa renhunu me bio, nanso mo deɛ, mobɛhunu me; na ɛsiane sɛ mete ase no enti, mo nso mobɛtena ase.
Yet a little while, and the world beholdeth me no more; but ye will behold me, because I live, and ye will live.
20 Na da a mɛsɔre afiri awufoɔ mu no duru a, mobɛhunu sɛ mewɔ mʼAgya no mu, na mo nso mowɔ me mu, sɛdeɛ me nso mewɔ mo mu no.
In that day ye will know that I am in my Father, and ye in me, and I in you.
21 Obiara a ɔdi mʼahyɛdeɛ so no ne obi a ɔdɔ me. Obiara a ɔdɔ me no mʼAgya bɛdɔ no, na me nso mɛdɔ no na mada me ho adi akyerɛ no.”
He that hath my commandments and keepeth them, he it is that loveth me; and he that loveth me will be loved by my Father; and I will love him, and will manifest myself to him.
22 Yuda, a ɛnyɛ Iskariot, kaa sɛ, “Awurade, ɛbɛyɛ dɛn na wobɛda wo ho adi akyerɛ yɛn nko ara na ɛnyɛ nnipa nyinaa?”
Judas, not Iscariot, saith to him, And how is it, Lord, that thou art going to manifest thyself to us, and not to the world?
23 Yesu buaa no sɛ, “Obiara a ɔdɔ me no bɛdi me nsɛm so. MʼAgya bɛdɔ no na me ne mʼAgya bɛba ne nkyɛn ne no abɛtena.
Jesus answered and said to him, If any one loveth me, he will keep my word; and my Father will love him, and we will come to him, and make our abode with him.
24 Obiara a ɔnnɔ me no renni me nsɛm so. Nsɛm a moate no nyɛ me ara me nsɛm, na mmom, ɛfiri mʼAgya a ɔsomaa me no nkyɛn.
He that loveth me not, keepeth not my words; and the word which ye hear is not mine, but the Father's who sent me.
25 “Mewɔ mo nkyɛn yi na mereka yeinom nyinaa akyerɛ mo.
These things have I spoken to you, while abiding with you;
26 Honhom Kronkron no a ɔne ɔboafoɔ a Agya no bɛsoma no me din mu no, bɛkyerɛkyerɛ mo biribiara, na wakaakae mo biribiara a maka akyerɛ mo no.
but the Comforter, the Holy Spirit which the Father will send in my name, he will teach you all things, and bring to your remembrance all things which I have said to you.
27 Asomdwoeɛ na mede regya mo; mʼasomdwoeɛ na mede regya mo. Ɛnyɛ ewiase asomdwoeɛ na mede regya mo. Mommma mo akoma nntu; na monnsuro nso.
Peace I leave with you; my peace I give to you; not as the world giveth, do I give to you. Let not your heart be troubled, nor let it be afraid.
28 “Monkae asɛm a meka kyerɛɛ mo sɛ, ‘Merekɔ, nanso mɛsane aba mo nkyɛn bio’ no. Sɛ modɔ me ampa ara a, anka mo ani bɛgye, ɛfiri sɛ, afei deɛ, mɛtumi akɔ Agya a ɔwɔ tumi sene me no nkyɛn.
Ye heard me say to you, I am going away, and am coming again to you. If ye loved me, ye would have rejoiced that I go to the Father; for the Father is greater than I.
29 Maka yeinom akyerɛ mo sɛdeɛ ɛba mu a mobɛgye me adi.
And now I have told you before it hath come to pass, that when it hath come to pass ye may believe.
30 Merentumi nkɔ so nkasa pii nkyerɛ mo bio, ɛfiri sɛ, ɔbonsam no reba, nanso ɔnni me so tumi.
I shall not talk much more with you. For the prince of the world cometh, and hath nothing in me.
31 Na ɛsɛ sɛ nnipa hunu sɛ medɔ Agya no, ɛno enti na asɛm biara a ɔbɛka no, meyɛ no. “Monsɔre ma yɛnkɔ.”
But [[this must be]] that the world may know that I love the Father, and that as the Father gave me commandment so I do. Arise, let us go hence.

< Yohane 14 >