< Yesaia 66 >

1 Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Ɔsoro yɛ mʼahennwa, na asase yɛ me nan ntiasoɔ. Ɛdan bɛn na wobɛsi ama me? Wobɛtumi asi ahomegyebea ama me?
Sɛɛ na Awurade se: “Ɔsoro yɛ mʼahengua, na asase yɛ me nan ntiaso. Ofi a wubesi ama me no wɔ he? Ɛhe na ɛbɛyɛ me homebea?
2 Ɛnyɛ me nsa na ɛyɛɛ yeinom nyinaa, ɛna enti ɛbaa mu anaa?” Awurade na ɔseɛ. “Obi a mʼani sɔ no nie: deɛ ɔwɔ ahobrɛaseɛ ne ahonu honhom, na ne ho popo wɔ mʼasɛm ho.
Ɛnyɛ me nsa na ɛyɛɛ eyinom nyinaa, na ɛma ɛbae ana?” Awurade na ose. “Obi a mʼani sɔ no ni: nea ɔwɔ ahobrɛase ne ahonu honhom, na ne ho popo wɔ mʼasɛm ho.
3 Nanso, obi a ɔde nantwinini bɔ afɔdeɛ no saa ɔnipa no afɔdeɛ te sɛ onipa a wɔakum no de no abɔ afɔdeɛ, na deɛ ɔde odwammaa ba no, saa onipa no afɔdeɛ te sɛ ɔkraman a wɔakum no de no abɔ afɔdeɛ; deɛ ɔbɔ aduane afɔdeɛ no saa onipa no afɔdeɛ te sɛ prako mogya a wɔde bɔ afɔdeɛ, deɛ ɔhye nnuhwam a ɛwɔ din no saa onipa no afɔdeɛ no te sɛ deɛ wɔde som ɔbosom. Wɔafa wɔn ankasa akwan na wɔn ɔkra ani gye wɔn akyiwadeɛ ho;
Nanso obi a ɔde nantwinini bɔ afɔre no saa onipa no ara kum nnipa, na nea ɔma oguamma no, saa onipa no ara bu ɔkraman kɔn mu; nea ɔbɔ aduan afɔre no saa onipa no ara de prako mogya bɔ afɔre, nea ɔhyew nnuhuam a ɛwɔ din no saa onipa no ara som ɔbosom. Wɔafa wɔn ankasa akwan na wɔn akra ani gye wɔn akyiwade ho;
4 enti me nso mɛpɛ aniɛyaadeɛ ayɛ wɔn na mede deɛ wɔsuro bɛba wɔn so. Ɛfiri sɛ mefrɛeɛ no, obiara annye so, mekasaeɛ no, obiara antie. Wɔyɛɛ bɔne wɔ mʼani so na wɔyɛɛ deɛ mempɛ.”
enti me nso mɛpɛ ayayade ayɛ wɔn na mede nea wosuro bɛba wɔn so. Efisɛ mefrɛe no, obiara annye so, mekasae no, obiara antie. Wɔyɛɛ bɔne wɔ mʼani so na wɔyɛɛ nea mempɛ.”
5 Montie Awurade asɛm, mo a mote nʼasɛm a mo ho popo: “Mo nuanom mmarimma a me din enti wɔtane mo na wɔatwa mo agya no, wɔka sɛ, ‘Monhyɛ Awurade animuonyam, na yɛahunu mo anigyeɛ!’ Nanso wɔn anim bɛgu ase.
Muntie Awurade asɛm, mo a mote nʼasɛm a mo ho popo: “Mo nuanom mmarima a wɔtan mo, na me din nti wotwa mo gyaw no, aka se, ‘Momma wɔnhyɛ Awurade anuonyam, na yɛahu mo anigye!’ Nanso wɔn anim begu ase.
6 Montie hooyɛ a ɛfiri kuropɔn no mu, montie gyegyeegye a ɛfiri asɔredan no mu! Ɛyɛ Awurade nnyegyeeɛ a ɔde retua nʼatamfoɔ ka sɛdeɛ ɛfata wɔn.
Muntie huuyɛ a efi kuropɔn no mu, muntie gyegyeegye a efi asɔredan no mu! Ɛyɛ Awurade nnyigyei a ɔde retua nʼatamfo ka sɛnea ɛfata wɔn.
7 “Ansa na ɔbaa bɛkyem no, ɔwo; ansa na ɔbɛte awoɔyaa no, ɔwo ɔbabarima.
“Ansa na ɔbea bɛkyem no, ɔwo; ansa na ɔbɛte awoyaw no ɔwo ɔbabarima.
8 Hwan na wate biribi sei ho asɛm pɛn? Hwan na wahunu biribi sei pɛn? Wɔbɛtumi de da koro akyekyere ɔmansin anaa wɔbɛtumi akyekyere ɔman ɛberɛ sin bi mu? Nanso awoɔ ka Sion ara pɛ a ɔwo ne mma.
Hena na wate biribi sɛɛ ho asɛm pɛn? Hena na wahu biribi sɛɛ pɛn? Wobetumi de da koro akyekyere ɔmansin, anaa ɔman mu, bere sin bi mu ana? Nanso awo ka Sion ara pɛ a ɔwo ne mma.
9 Mede obi bɛduru awokoɔ ano a memma no nwo anaa?” Sɛdeɛ Awurade seɛ nie. “Mesi awotwaa ano ɛberɛ a awoɔ aduru so anaa?” Wo Onyankopɔn na ɔseɛ.
Mede obi bedu awoko ano a memma no nwo ana?” Sɛnea Awurade se ni. “Misiw awotwaa ano bere a awo adu so ana?” Wo Nyankopɔn na ose.
10 Mo ne Yerusalem ani nnye na monni ahurisie mma no, mo a modɔ no nyinaa; mo ne no nsɛpɛ mo ho yie, mo a modi ne ho awerɛhoɔ nyinaa.
Mo ne Yerusalem ani nnye na munni ahurusi mma no, mo a modɔ no nyinaa; mo ne no nsɛpɛw mo ho yiye, mo a mudi ne ho awerɛhow nyinaa.
11 Mobɛnum nʼawerɛkyekyerɛ nufoɔ no amee; mobɛnom aboro so na mo ani bɛgye deɛ abu so atra so no ho.
Mubenum nʼawerɛkyekye nufu no amee; mobɛnom aboro so na mo ani begye nea abu so atra so no ho.
12 Na yei ne deɛ Awurade seɛ: “Mede asomdwoeɛ bɛma no sɛ asubɔnten, ne amanaman no ahonya nso sɛ asutene a ayiri. Mobɛnum na waturu mo wɔ ne basa so na ɔbɛgye mo agorɔ wɔ nʼanankoroma so.
Na sɛɛ na Awurade se: “Mede asomdwoe bɛma no sɛ asubɔnten, ne amanaman no ahonya nso sɛ asuten a ayiri. Mubenum na waturu mo wɔ ne basa so na obegyigye mo agoru wɔ nʼanankoroma so.
13 Sɛdeɛ ɔbaa kyekye ne ba werɛ no saa ara na mɛkyekye mo werɛ; na mobɛnya awerɛkyekyerɛ wɔ Yerusalem.”
Sɛnea ɛna kyekye ne ba werɛ no saa ara na mɛkyekye mo werɛ; na mubenya awerɛkyekye wɔ Yerusalem.”
14 Sɛ mohunu yei a, mo akoma ani bɛgye na mobɛyɛ frɔmm sɛ ɛserɛ; wɔbɛhunu Awurade nsa wɔ ne nkoa so, nanso wɔbɛhunu nʼabufuhyeɛ wɔ nʼatamfoɔ so.
Sɛ muhu eyi a, mo koma ani begye na mobɛyɛ frɔmfrɔm sɛ sare; wobehu Awurade nsa wɔ ne nkoa so, nanso wobehu nʼabufuwhyew wɔ nʼatamfo so.
15 Hwɛ, Awurade de ogya reba, na ne nteaseɛnam te sɛ ntwahoframa; ɔde nʼabufuo bɛba wɔ anibereɛ so, na ɔde gyadɛreeɛ ayɛ nʼanimka.
Hwɛ, Awurade de ogya reba, na ne nteaseɛnam te sɛ mfɛtɛ; ɔde nʼabufuw bɛba wɔ anibere so, na ɔde gyaframa ayɛ nʼanimka.
16 Ogya ne nʼakofena na Awurade de bɛbu nnipa nyinaa atɛn, na wɔn a wɔbɛtotɔ wɔ Awurade nsa ano bɛyɛ bebree.
Ogya ne nʼafoa, na Awurade de bebu nnipa nyinaa atɛn, na wɔn a wɔbɛtotɔ wɔ Awurade nsa ano bɛyɛ bebree.
17 “Wɔn a wɔte wɔn ho na wɔdwira wɔn ho de kɔ nturo mu kɔsom abosom no, na wɔwe prakonam ne akusie ne nneɛma a ɛyɛ akyiwadeɛ no, wɔn nyinaa bɛhunu wɔn awieeɛ,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
“Wɔn a wɔtew wɔn ho na wodwira wɔn ho de kɔ nturo mu, na wodi ɔbaako a ɔfra wɔn a wɔwe mprakonam ne akisi ne nneɛma a ɛyɛ akyiwade akyi no, wɔbɛbɔ mu ahu wɔn awiei,” sɛnea Awurade se ni.
18 “Esiane wɔn nneyɛɛ ne wɔn nsusuiɛ enti, me, mereba abɛboaboa amanaman ne kasa ahodoɔ ano, na wɔbɛba abɛhunu mʼanimuonyam.
“Esiane wɔn nneyɛe ne wɔn nsusuwii nti, Me, mereba abɛboaboa amanaman ne ɔkasa ahorow ano, na wɔbɛba abehu mʼanuonyam.
19 “Na mɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi wɔ wɔn mu, na mede nkaeɛfoɔ no mu bi bɛkɔ amanaman no mu: Tarsis, Libiafoɔ ne Lidiafoɔ (wɔn a wɔagye edin wɔ agyantoɔ mu), Tubal ne Helafoɔ, ne nsupɔ a ɛwɔ akyirikyiri a wɔntee me din a ahyeta na wɔnhunuu mʼanimuonyam. Wɔbɛpae mu aka mʼanimuonyam wɔ amanaman mu.
“Na mɛyɛ nsɛnkyerɛnne bi wɔ wɔn mu, na mede nkae no mu bi bɛkɔ amanaman no mu: Tarsis, Libiafo ne Lidiafo (wɔn a wɔagye din wɔ agyantow mu), Tubal ne Helafo, ne asupɔw a ɛwɔ akyirikyiri a wɔntee me din a ahyeta na wonhuu mʼanuonyam no. Wɔbɛpae mu aka mʼanuonyam wɔ amanaman mu.
20 Na wɔde mo nuammarimanom nyinaa bɛfiri amanaman nyinaa so bɛba me bepɔ kronkron a ɛwɔ Yerusalem no so sɛ afɔrebɔdeɛ ama Awurade. Wɔtete apɔnkɔ so ne nteaseɛnam mu ne asako mu ne mfunumpɔnkɔ ne nyoma so bɛba,” sei na Awurade seɛ. “Wɔde wɔn bɛba sɛdeɛ Israelfoɔ de wɔn aduane afɔdeɛ kɔ Awurade asɔredan mu, wɔ afahyɛ nkuruwa a ɛho teɛ mu.
Na wɔde mo nuabarimanom nyinaa befi amanaman nyinaa so bɛba me bepɔw kronkron a ɛwɔ Yerusalem no so sɛ, afɔrebɔde ama Awurade. Wɔtete apɔnkɔ so ne nteaseɛnam mu ne asako mu ne mfurumpɔnkɔ ne yoma so bɛba,” sɛɛ na Awurade se. “Wɔde wɔn bɛba sɛnea Israelfo de wɔn aduan afɔre kɔ Awurade asɔredan mu, wɔ afahyɛ nkuruwa a ho tew mu.
21 Na mɛyi wɔn mu bi ayɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ,” Awurade, na ɔseɛ!
Na meyi wɔn mu bi ayɛ asɔfo ne Lewifo,” Awurade, na ose!
22 “Sɛdeɛ ɔsorosoro foforɔ ne asase foforɔ bɛtena hɔ no, saa ara na mo din ne mo asefoɔ bɛtena hɔ,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
“Sɛnea ɔsorosoro foforo ne asase foforo bɛtena hɔ no, saa ara na mo din ne mo asefo bɛtena hɔ,” sɛnea Awurade se ni.
23 “Ɛfiri Ɔsrane Foforɔ baako kɔpem foforɔ, ɛfiri Homeda baako kɔsi foforɔ no, adasamma nyinaa bɛba abɛkoto me,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
“Efi Ɔsram Foforo baako kɔpem foforo, efi Homeda baako kosi foforo no, adesamma nyinaa bɛba abɛkotow me,” sɛnea Awurade se ni.
24 “Na wɔbɛfiri adi akɔhunu wɔn a wɔtee atua tiaa me no afunu; wɔn asonsono renwu, na wɔn ogya nso rennum, na wɔn ho bɛyɛ adasamma nyinaa nwunu.”
“Na wobefi adi akohu wɔn a wɔtew atua tiaa me no afunu; wɔn asunson renwu, na wɔn gya nso rennum, na wɔn ho bɛyɛ adesamma nyinaa nwini.”

< Yesaia 66 >