< Yesaia 65 >

1 “Medaa me ho adi kyerɛɛ wɔn a wɔammisa mʼase; wɔn a wɔnhwehwɛ me no hunuu me. Ɔman a wɔnnsu mfrɛ me no Meka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Me nie, Me nie.’
“Medaa me ho adi kyerɛɛ wɔn a wɔammisa mʼase; wɔn a wɔnhwehwɛ me no huu me. Ɔman a wonsu mfrɛ me no, meka kyerɛɛ wɔn se, ‘Mini, Mini.’
2 Ɛda mu nyinaa, matrɛ me nsa mu ama nnipa a wɔyɛ asoɔden ne nyiyiano, a wɔnenam akwammɔne so, na wɔdi wɔn ankasa nsusuiɛ akyi.
Da mu nyinaa, matrɛw me nsa mu ama nnipa a wɔyɛ asoɔden ne nyiyiano, a wɔnenam akwammɔne so, na wodi wɔn ankasa nsusuwii akyi.
3 Nnipa a daa no wɔyi me ahi wɔ mʼanim pɛɛ. Wɔbɔ afɔdeɛ wɔ nturo mu na wɔhye nnuhwam wɔ ntayaa afɔrebukyia so;
Nnipa a daa no woyi me ahi wɔ mʼanim pɛɛ, wɔbɔ afɔre wɔ nturo mu na wɔhyew nnuhuam wɔ ntayaa afɔremuka so;
4 Wɔtenana adamena so na anadwo wɔsiri pɛ nkokoam; wɔwe prakonam na wɔn nkwansɛn mu nso, wɔayɛ nkwan a wɔde ɛnam a ɛho nteɛ ayɛ;
wɔn a wɔtenatena nna so na anadwo wosii pɛ kokoa mu; wɔwe mprakonam na wɔn nkutu mu wɔ nkwan a wɔde nam a ɛho ntew ayɛ;
5 wɔka sɛ, ‘Momfiri ha; mo mmɛn me, ɛfiri sɛ me ho te dodo ma mo!’ Saa nnipa yi yɛ wisie wɔ me hwene mu, ogya a ɛkɔ so hyeɛ da mu nyinaa.
wɔka se, ‘Mumfi ha; mommmɛn me, efisɛ me ho tew dodo ma mo!’ Saa nnipa yi yɛ wusiw wɔ me hwenem, ogya a ɛkɔ so hyew da mu nyinaa.
6 “Hwɛ, wɔatwerɛ ato hɔ wɔ mʼanim sɛ, merennyɛ komm, mɛtua so ka pɛpɛɛpɛ; mɛtua so ka agu wɔn asrɛ so,
“Hwɛ; wɔakyerɛw ato hɔ wɔ mʼanim se, merenyɛ komm, metua so ka pɛpɛɛpɛ; metua so ka agu wɔn asrɛ so,
7 mo ne mo agyanom bɔne nti,” sei na Awurade seɛ. “Esiane sɛ wɔhyee afɔrebɔdeɛ wɔ mmepɔ so na wɔtwirii me wɔ nkokoɔ so enti mɛsusu bɔne a wɔyɛɛ kane no so akatua pɛpɛɛpɛ agu wɔn asrɛ so.”
mo ne mo agyanom bɔne nti,” sɛɛ na Awurade se. “Esiane sɛ wɔhyew afɔrebɔde wɔ mmepɔw so na wotwirii me wɔ nkoko so nti mesusuw bɔne a wɔyɛɛ kan no so akatua pɛpɛɛpɛ agu wɔn asrɛ so.”
8 Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Sɛdeɛ wɔnya nsuo firi bobe dontwo mu na nnipa ka sɛ, ‘Monnsɛe no, ɛfiri sɛ adepa bi da so wɔ mu’ no saa ara na mʼasomfoɔ no enti mɛyɛ. Merensɛe wɔn nyinaa.
Sɛɛ na Awurade se: “Sɛnea wonya nsu fi bobe kasiaw mu, na nnipa ka se, ‘Monnsɛe no, efisɛ ade pa bi da so wɔ mu’ no saa ara na mʼasomfo no nti mɛyɛ. Merensɛe wɔn nyinaa.
9 Mede Yakob asefoɔ bɛba, na me mmepɔ no sodifoɔ afiri Yuda aba; me nkurɔfoɔ a mapa wɔn no bɛdi wɔn adeɛ, na ɛhɔ na mʼasomfoɔ bɛtena.
Mede Yakob asefo bɛba, na me mmepɔw no sodifo afi Yuda aba; me nkurɔfo a mapaw wɔn no bedi wɔn ade, na hɔ na mʼasomfo bɛtena.
10 Saron bɛyɛ nnwankuo adidibea, na Akɔr bɔnhwa no ayɛ anantwikuo homebea, ama me nkurɔfoɔ a wɔhwehwɛ me.
Saron bɛyɛ nguankuw adidibea, na Akor bon no ayɛ anantwikuw homebea ama me nkurɔfo a wɔhwehwɛ me.
11 “Na mo a mogya Awurade na mo werɛ firi ne bepɔ kronkron no, mo a moto ɛpono ma Ahonya bosom no na mohyɛ afransa wɔ nkuruwa mu ma Nkrabea bosom no,
“Na mo a mo de mugyaw Awurade na mo werɛ fi ne bepɔw kronkron no, mo a moto pon ma Ahonya na mohyɛ afrasa wɔ nkuruwa mu ma Nkrabea no,
12 mede mo bɛto akofena ano, na mo nyinaa akoto ama wɔakum mo; ɛfiri sɛ mefrɛeɛ nanso moannye so, mekasaeɛ nanso moantie. Moyɛɛ deɛ ɛyɛ mʼani so bɔne na moyɛɛ deɛ mempɛ.”
mede mo bɛto afoa ano, na mo nyinaa akotow ama wɔakum mo; efisɛ mefrɛe nanso moannye so, mekasae nanso moantie. Moyɛɛ nea ɛyɛ mʼani so bɔne na moyɛɛ nea mempɛ.”
13 Enti yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “Mʼasomfoɔ bɛdidi, nanso ɛkɔm bɛde wɔn, mʼasomfoɔ bɛnom, nanso osukɔm bɛde wɔn; mʼasomfoɔ ani bɛgye, nanso wɔn anim bɛgu ase.
Enti sɛɛ na Otumfo Awurade se: “Mʼasomfo bedidi, nanso ɔkɔm bɛde mo, mʼasomfo bɛnom, nanso osukɔm bɛde mo; mʼasomfo ani begye, nanso mo anim begu ase.
14 Mʼasomfoɔ bɛto nnwom afiri akoma mu anigyeɛ mu na wɔbɛteam asu afiri wɔn akoma ahoyera mu na wɔbɛtwa adwo afiri honhom a ayɛ mmrɛ mu.
Mʼasomfo bɛto nnwom afi koma mu anigye mu na mobɛteɛ mu asu afi mo koma ahoyeraw mu, na mubetwa adwo afi honhom a ayɛ mmrɛw mu.
15 Mo din bɛyɛ mmusuo ama wɔn a mapa wɔn; Otumfoɔ Awurade bɛkum mo na nʼasomfoɔ deɛ, ɔbɛma wɔn edin foforɔ.
Wubegyaw din bi a ɛbɛyɛ mmusu ama wɔn a mapaw wɔn; Otumfo Awurade bekum wo na nʼasomfo de, mɛma wɔn din foforo.
16 Obiara a ɔsrɛ nhyira wɔ asase no so bɛyɛ wɔ nokorɛ Onyankopɔn mu; obiara a ɔka ntam wɔ asase no so bɛka no wɔ nokorɛ Onyankopɔn mu. Na ɔhaw a atwam no, wɔn werɛ bɛfiri na me nso, me werɛ bɛfiri.
Obiara a ɔsrɛ nhyira wɔ asase no so no, bɛyɛ wɔ nokware Nyankopɔn koro no mu; obiara a ɔka ntam wɔ asase no so bɛka no wɔ nokware Nyankopɔn koro no mu. Na ɔhaw a atwa mu no wɔn werɛ befi na wɔde behintaw me.
17 “Hwɛ! Mɛbɔ ɔsorosoro foforɔ ne asase foforɔ. Wɔrenkae nneɛma a atwam no bio, na ɛremma adwene mu nso.
“Hwɛ! Mɛbɔ ɔsorosoro foforo ne asase foforo. Wɔrenkae nneɛma a atwam no bio, na ɛremma adwene mu nso.
18 Nanso momma mo ani nnye na monni ahurisie afebɔɔ wɔ deɛ merebɛbɔ ho, ɛfiri sɛ mɛbɔ Yerusalem ama ayɛ anika na emu nnipa ayɛ anigyeɛ farebae.
Nanso momma mo ani nnye na munni ahurusi afebɔɔ wɔ nea merebɛbɔ ho, efisɛ mɛbɔ Yerusalem ama ayɛ anigye, na mu nnipa ayɛ anigye farebae.
19 Mɛsɛpɛ me ho wɔ Yerusalem mu, na madi ahurisie wɔ me nkurɔfoɔ ho. Na wɔrente agyaadwoɔ ne osu nnyegyeeɛ wɔ mu bio.
Mɛsɛpɛw me ho wɔ Yerusalem mu, na madi ahurusi wɔ me nkurɔfo ho. Na wɔrente agyaadwo ne osu nnyigyei wɔ mu bio.
20 “Ɛrensi bio wɔ mu. Abɔfra a ne nkwa nna yɛ kakraa bi, anaa akɔkoraa a ɔnni ne mfeɛ nwieeɛ, deɛ ɔdi mfeɛ ɔha na ɔwu no wɔbɛfa no sɛ ɔbabunu bi kɛkɛ; na deɛ wannya mfeɛ ɔha no wɔbɛfa no sɛ wɔadome no.
“Ɛrensi bio wɔ mu abofra a ne nkwanna yɛ kakraa bi, anaa akwakoraa a onni ne mfe nwie; nea odi mfe ɔha na owu no wɔbɛfa no sɛ ɔbabun bi kɛkɛ; na nea wannya mfe ɔha no wɔbɛfa no sɛ wɔadome no.
21 Wɔbɛsisi afie na wɔatena mu, wɔbɛyɛ bobe nturo na wɔadi mu aba.
Wobesisi afi na wɔatena mu, wɔbɛyɛ bobe nturo na wɔadi mu aba.
22 Wɔrensisi afie mma afoforɔ mmɛtena mu bio, na wɔrennua mma afoforɔ mmɛdi. Na nna a nnua di no, saa ara na me nkurɔfoɔ nna bɛyɛ; me nkurɔfoɔ a mapa wɔn no bɛdi wɔn nsa ano adwuma so aba akyɛre.
Wɔrensisi afi mma afoforo mmɛtena mu bio, na wɔrennua mma afoforo mmedi. Na nna a dua di no, saa ara na me nkurɔfo nna bɛyɛ; me nkurɔfo a mapaw wɔn no bedi wɔn nsa ano adwuma so aba akyɛ.
23 Wɔremmrɛ nnwu na wɔrenwo mma a wɔn hyɛberɛ nnyɛ; ɛfiri sɛ wɔbɛyɛ nnipa a Awurade ahyira wɔn, wɔne wɔn asefoɔ.
Wɔremmrɛ ngu na wɔrenwo mma a wɔn nkrabea nye; efisɛ wɔbɛyɛ nnipa a Awurade ahyira wɔn, wɔne wɔn asefo.
24 Mɛbua wɔn ansa na wɔafrɛ me. Ɛberɛ a wɔgu so rekasa no, mɛtie.
Mebua wɔn ansa, mpo, na wɔafrɛ me. Bere a wogu so rekasa no metie.
25 Pataku ne odwammaa bɛdidi abɔ mu; gyata bɛwe ɛserɛ sɛ ɔnantwie, nanso mfuturo bɛyɛ ɔwɔ aduane. Wɔrempira obi anaa wɔrensɛe obi wɔ me bepɔ kronkron so nyinaa,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
Pataku ne oguamma bedidi abɔ mu gyata bɛwe sare sɛ nantwi, nanso mfutuma bɛyɛ ɔwɔ aduan. Wɔrempira obi anaa wɔrensɛe obi wɔ me bepɔw kronkron so nyinaa,” sɛnea Awurade se ni.

< Yesaia 65 >