< Hebrifoɔ 8 >

1 Asɛm a yɛgyina so kasa no ne sɛ: Yɛwɔ Ɔsɔfopanin a ɔte Otumfoɔ a ɔwɔ ɔsoro no ahennwa no nifa.
Asɛm a yegyina so kasa no ne sɛ: Yɛwɔ Ɔsɔfopanyin a ɔte Otumfo a ɔwɔ ɔsoro no ahengua no nifa,
2 Ɔsom sɛ Ɔsɔfopanin wɔ Kronkronbea hɔ a ɛyɛ ntomadan a ɛwɔ ɔsoro. Saa ntomadan yi, Awurade ankasa na ɔsiiɛ na ɛnyɛ onipa.
na ɔsom sɛ Ɔsɔfopanyin wɔ Kronkronbea a ɛyɛ nokware ntamadan a ɛnyɛ onipa biara na osii, sɛ Awurade no mu hɔ.
3 Wɔyi Ɔsɔfopanin biara sɛ ɔmfa akyɛdeɛ ne mmoa mmɔ Onyankopɔn afɔdeɛ. Ɛno enti ɛsɛ sɛ yɛn Sɔfopanin nya biribi a ɔde bɛbɔ afɔdeɛ.
Woyi Ɔsɔfopanyin biara sɛ ɔmfa akyɛde ne mmoa mmɔ Onyankopɔn afɔre. Ɛno nti, ɛsɛ sɛ yɛn Sɔfopanyin nya biribi a ɔde bɛbɔ afɔre.
4 Sɛ Yesu wɔ asase so a, anka ɔrenyɛ ɔsɔfoɔ koraa ɛfiri sɛ, asɔfoɔ wɔ hɔ a wɔde afɔrebɔdeɛ ma, sɛdeɛ Yudafoɔ mmara kyerɛ no.
Sɛ Yesu wɔ asase so a, anka ɔrenyɛ ɔsɔfo koraa efisɛ asɔfo wɔ hɔ a wɔde afɔrebɔde ma, sɛnea Yudafo mmara kyerɛ no.
5 Nanso dwuma a wɔdi sɛ asɔfoɔ no yɛ ɔsoro nsususoɔ bi kwa. Ɛte sɛ Mose berɛ so deɛ no ara pɛ. Ɛberɛ a ɔpɛɛ sɛ ɔsi ntomadan no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Si no sɛdeɛ merekyerɛ wo wɔ bepɔ no so pɛpɛɛpɛ.”
Nanso dwuma a wodi sɛ asɔfo no yɛ ɔsoro nsusuwso bi kwa. Eyi nti na wɔbɔɔ Mose kɔkɔ bere a ɔpɛɛ sɛ osi ntamadan no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, “Si no sɛnea merekyerɛ wo wɔ bepɔw no so pɛpɛɛpɛ.”
6 Afei deɛ, wɔama Yesu asɔfodwuma a ɛso kyɛn wɔn deɛ no. Yesu yɛ apam a ɛkyɛn so a wɔgyina bɔhyɛ a ɛkyɛn so so hyɛeɛ no ntamgyinafoɔ.
Afei de, wɔama Yesu asɔfodwuma a ɛso kyɛn wɔn de no. Yesu yɛ apam a ɛkyɛn so a wogyina bɔhyɛ a ɛkyɛn so so hyɛe no ntamgyinafo.
7 Sɛ na apam a ɛdi ɛkan no yɛ a, anka ɛho nhia sɛ wɔbɛyɛ apam a ɛtɔ so mmienu no.
Sɛ na apam a edi kan no ye a, anka ɛho nhia sɛ wɔbɛyɛ apam a ɛto so abien no.
8 Nanso, Onyankopɔn hunuu mfomsoɔ wɔ ne nkurɔfoɔ ho ɛberɛ a ɔkaa sɛ, “Nna bi reba, Awurade na ɔseɛ, a me ne Israelfoɔ ne Yuda abusuakuo bɛhyehyɛ apam foforɔ.
Nanso Onyankopɔn huu mfomso wɔ ne nkurɔfo ho bere a ɔkae se, “Nna bi reba, Awurade na ose, a me ne Israelfo ne Yuda abusuakuw bɛhyehyɛ apam foforo.
9 Ɛrenyɛ sɛ apam a me ne wɔn agyanom yɛeɛ no ɛberɛ a mesɔɔ wɔn nsa dii wɔn anim firii Misraim no. Wɔanni apam a me ne wɔn hyehyɛeɛ no ho nokorɛ, ɛno enti mante mʼani anhwɛ wɔn, Awurade na ɔseɛ.
Ɛrenyɛ sɛ apam a me ne wɔn agyanom yɛɛ no bere a misoo wɔn nsa dii wɔn anim fii Misraim no. Wɔanni apam a me ne wɔn hyehyɛɛ no ho nokware, ɛno nti mantew mʼani anhwɛ wɔn, Awurade na ose.
10 Afei, yei ne apam a me ne Israelfoɔ bɛhyehyɛ ɛberɛ a ɛreba no mu, Awurade na ɔseɛ: Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwenem na matwerɛ agu wɔn akoma mu. Mɛyɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔayɛ me nkurɔfoɔ.
Afei eyi ne apam a me ne Israelfo bɛhyehyɛ wɔ bere a ɛreba no mu, Awurade na ose: Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwene mu na makyerɛw agu wɔn koma mu. Mɛyɛ wɔn Nyankopɔn na wɔayɛ me nkurɔfo.
11 Wɔn mu biara renka nkyerɛ ne yɔnko anaa ne kuromni sɛ, ‘Hunu Awurade,’ ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa bɛhunu me firi akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so.
Wɔn mu biara renka nkyerɛ ne yɔnko anaa ne kuromni se, ‘Hu Awurade!’ Efisɛ wɔn nyinaa behu me fi akumaa so kosi ɔkɛse so.
12 Mɛhunu wɔn mmɔbɔ wɔn bɔne ho; na merenkae wɔn bɔne bio.”
Mehu wɔn mmɔbɔ wɔ wɔn bɔne ho; na merenkae wɔn bɔne bio.”
13 Frɛ a wɔfrɛ saa apam yi “Foforɔ” no ama deɛ wɔyɛɛ kane no ayɛ dada; na biribiara a anyini ayɛ dada no nkyɛre yera.
Frɛ a wɔfrɛ saa apam yi “Foforo” no ama nea wɔyɛɛ kan no ayɛ dedaw; na biribiara a enyin yɛ dedaw no nkyɛ yera.

< Hebrifoɔ 8 >