< Hebrifoɔ 10 >

1 Mmara no yɛ nneɛma pa nsususoɔ a ɛreba, na mmom, ɛnnyɛ nneɛma pa no ankasa. Wɔbɔ afɔdeɛ korɔ no ara afe biara, ɛfiri sɛ saa afɔdeɛ korɔ a wɔbɔ no afeafe rentumi mma nnipa a wɔsom no nnyɛ pɛ da.
Mmara no yɛ nneɛma pa nsusuwso a ɛreba, na mmom ɛnyɛ nneɛma pa no ankasa nen. Wɔbɔ afɔre koro no ara afe biara, efisɛ saa afɔre koro a wɔbɔ no afe afe no rentumi mma nnipa a wɔsom no nyɛ pɛ da.
2 Sɛ nnipa a wɔresom Onyankopɔn no tumi firi wɔn bɔne mu yɛ pɛ a, ɛnneɛ anka wɔrenni bɔne ho fɔ bio, na ne saa enti, afɔrebɔ nyinaa to bɛtwa.
Sɛ nnipa a wɔresom Onyankopɔn no tumi fi wɔn bɔne mu yɛ pɛ a, ɛno de anka wɔrenni bɔne ho fɔ bio, na ne saa nti afɔrebɔ nyinaa to betwa.
3 Deɛ saa afɔrebɔ yi yɛ ne sɛ, ɛkae wɔn wɔn bɔne afe biara.
Nea saa afɔrebɔ yi yɛ ne sɛ, ɛkae wɔn wɔn bɔne afe biara.
4 Anantwie ne mmirekyie mogya rentumi mpepa bɔne.
Anantwi ne mmirekyi mogya rentumi mpepa bɔne.
5 Esiane saa enti, ɛberɛ a Kristo rebɛba ewiase no, ɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: “Wommpɛ afɔrebɔ ne ayɛyɛdeɛ nanso woasiesie ɔhonam ama me.
Esiane saa nti, bere a Kristo rebɛba wiase no, ɔka kyerɛɛ Onyankopɔn se: “Wompɛ afɔrebɔ ne ayɛyɛde nanso woasiesie ɔhonam ama me.
6 Wʼani nnnye ɔhyeɛ ne bɔne afɔdeɛ anaa afɔdeɛ a wɔbɔ de pepa bɔne ho.
Wʼani nnnye ɔhyew ne bɔne afɔre anaa afɔre a wɔbɔ de pepa bɔne ho.
7 Afei, mekaa sɛ: ‘Mewɔ ha rebɛyɛ deɛ wopɛ sɛ meyɛ sɛdeɛ wɔatwerɛ afa me ho wɔ Mmara nwoma no mu no.’”
Afei mekae se, ‘Mewɔ ha rebɛyɛ nea wopɛ sɛ meyɛ sɛnea wɔakyerɛw afa me ho wɔ Mmara nhoma no mu no.’”
8 Kane no ɔkaa sɛ, “Wompɛ, na wʼani nso nnnye afɔrebɔ ne ayɛyɛdeɛ a wɔde pepa bɔne ho.” Ɛwom, na Mmara no kyerɛ sɛ wɔnyɛ saa.
Kan no ɔkae se, “Wompɛ, na wʼani nso nnnye afɔrebɔ ne ayɛyɛde a wɔde pepa bɔne ho.” Ɛwɔ mu, na Mmara no kyerɛ sɛ wɔnyɛ saa.
9 Na ɔkaa sɛ, “Mewɔ ha rebɛyɛ deɛ wopɛ sɛ meyɛ.” Ɛno enti, Onyankopɔn agu tete afɔrebɔ no nyinaa na ɔde Kristo afɔrebɔ no asi ananmu.
Na ɔkae se, “Mewɔ ha rebɛyɛ nea wopɛ sɛ meyɛ.” Ɛno nti, Onyankopɔn agu tete afɔrebɔ no nyinaa na ɔde Kristo afɔrebɔ no asi anan mu.
10 Esiane sɛ Yesu Kristo yɛɛ sɛdeɛ Onyankopɔn hwehwɛ sɛ ɔnyɛ no enti, ɔnam ne honam a ɔde bɔɔ afɔdeɛ prɛko maa yɛn no so ama yɛn ho ate afiri bɔne ho.
Esiane sɛ Yesu Kristo yɛɛ sɛnea Onyankopɔn hwehwɛ sɛ ɔnyɛ no nti, ɔnam ne honam a ɔde bɔɔ afɔre prɛko maa yɛn no so ama yɛn ho atew afi bɔne ho.
11 Ɛda biara Yudani ɔsɔfoɔ sɔre yɛ nʼasɔfodwuma na wabɔ afɔdeɛ mpɛn bebree. Nanso, saa afɔdeɛ yi rentumi mpepa bɔne.
Da biara Yudani sɔfo sɔre yɛ nʼasɔfodwuma na wabɔ afɔre mpɛn pii. Nanso saa afɔre yi rentumi mpepa bɔne.
12 Kristo deɛ, ɔbɔɔ bɔne ho afɔdeɛ. Afɔdeɛ a ɛtena daa nyinaa. Na ɛno akyi, ɔtenaa Onyankopɔn nifa so.
Kristo de, ɔbɔɔ bɔne ho afɔre. Afɔre a ɛtena hɔ daa nyinaa. Na ɛno akyi, ɔtenaa Onyankopɔn nifa so.
13 Ɛhɔ na ɔretwɛn seesei kɔsi sɛ Onyankopɔn bɛma nʼatamfoɔ ayɛ ne nan ntiasoɔ.
Ɛhɔ na ɔretwɛn mprempren kosi sɛ Onyankopɔn bɛma nʼatamfo ayɛ nʼanan ase ntiaso.
14 Ɔnam afɔrebɔ baako so ama nnebɔneyɛfoɔ ho ate daa nyinaa.
Ɔnam afɔrebɔ baako so ama nnebɔneyɛfo ho atew daa nyinaa.
15 Na Honhom Kronkron no nso di adanseɛ. Deɛ ɛdi ɛkan no, ɔka sɛ,
Na Honhom Kronkron no nso di adanse. Nea edi kan no, ɔka se,
16 “Yei ne apam a me ne wɔn bɛpam wɔ ɛberɛ a ɛreba no mu. Awurade na ɔseɛ: Mede me mmara bɛhyɛ wɔn akoma mu na matwerɛ agu wɔn adwene mu.”
“Eyi ne apam a me ne wɔn bɛpam wɔ bere a ɛreba no mu. Awurade na ose: Mede me mmara bɛhyɛ wɔn koma mu na makyerɛw agu wɔn adwene mu.”
17 Na afei waka sɛ, “Merenkae wɔn bɔne ne wɔn amumuyɛ bio.”
Na afei waka se, “Merenkae wɔn bɔne ne wɔn amumɔyɛ bio.”
18 Sɛ wɔde yeinom nyinaa kyɛ a, na afɔdeɛ a wɔbɔ de pepa bɔne no ho nhia bio.
Sɛ wɔde eyinom nyinaa kyɛ a, na afɔre a wɔbɔ de pepa bɔne no ho nhia bio.
19 Anuanom, ɛsiane Yesu wuo no enti, yɛade yɛn ho koraa sɛ yɛbɛkɔ Kronkronbea hɔ.
Anuanom, esiane Yesu wu no nti, yɛade yɛn ho koraa sɛ yɛbɛkɔ Kronkronbea hɔ.
20 Ɔnam ɔno ara ne honam so abue ɛkwan foforɔ a nkwa wɔ mu ama yɛn.
Ɔnam ɔno ara ne honam so abue ɔkwan foforo a nkwa wɔ mu ama yɛn.
21 Yɛwɔ ɔsɔfoɔ kɛseɛ bi a ɔhwɛ Onyankopɔn fie so.
Yɛwɔ ɔsɔfo kɛse bi a ɔhwɛ Onyankopɔn fi so.
22 Momma yɛmfa akoma pa ne gyidie a emu yɛ den ntwe mmɛn Onyankopɔn. Ɛfiri sɛ wɔde Yesu mmogya ate yɛn atiboa bɔne ho, na wɔde nsuo a ɛyɛ kronn adware yɛn onipadua ho.
Momma yɛmfa koma pa ne gyidi a mu yɛ den ntwiw mmɛn Onyankopɔn. Efisɛ wɔde Yesu mogya atew yɛn tiboa afɔbu ho, na wɔde nsu a ɛyɛ kronkron aguare yɛn nipadua.
23 Momma yɛnnyina gyidie a yɛasɔ mu no mu denden, ɛfiri sɛ, deɛ ɔhyɛɛ yɛn bɔ no yɛ ɔnokwafoɔ.
Momma yennyina gyidi a yɛaso mu no mu dennen, efisɛ nea ɔhyɛɛ yɛn bɔ no yɛ ɔnokwafo.
24 Momma yɛn ho yɛn ho asɛm nhia yɛn na yɛnnodɔ yɛn ho yɛn ho na yɛnyɛ papa.
Momma yɛn ho yɛn ho asɛm nhia yɛn na yɛnnodɔ yɛn ho yɛn ho na yɛnyɛ papa.
25 Mommma yɛnnnyae yɛn ho yɛn ho nhyiamu da sɛdeɛ afoforɔ bi yɛ no. Mmom, momma yɛnhyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran dendeenden, ɛfiri sɛ, mo ara mohunu sɛ ɛrenkyɛre na ɛda no aba.
Mommma yennnyae yɛn ho yɛn ho nhyiamu da sɛnea afoforo bi yɛ no. Mmom, momma yɛnhyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran denneennen, efisɛ mo ara muhu sɛ ɛrenkyɛ na da no aba.
26 Sɛ moboapa kɔ so yɛ bɔne a, afɔrebɔ biara nni hɔ a ɛbɛpepa mo bɔne, ɛfiri sɛ, wɔada nokorɛ no adi akyerɛ yɛn.
Sɛ mohyɛ da kɔ so yɛ bɔne a, afɔrebɔ biara nni hɔ a ɛbɛpepa mo bɔne, efisɛ wɔada nokware no adi akyerɛ yɛn.
27 Deɛ ɛwɔ hɔ ara ma wɔn a wɔtia Onyankopɔn ne atemmuo ne ogya a ɛbɛba abɛhye wɔn.
Nea ɛwɔ hɔ ma wɔn a wotia Onyankopɔn ara ne atemmu ne ogya a ɛbɛba abɛhyew wɔn no.
28 Obiara a ɔbu Mose Mmara no so no, sɛ adansefoɔ baanu anaa baasa adansedie enti, wɔbu atɛn tia no a, wɔbɛkum no a wɔrenhunu no mmɔbɔ.
Obiara a obu Mose Mmara no so no, sɛ nnansefo baanu anaa baasa adansedi nti, wobu atɛn tia no a, wobekum no a wɔrenhu no mmɔbɔ.
29 Na obi a watiatia Onyankopɔn Ba no so, na ɔmmfa Onyankopɔn mogya apam no a ɛgyee no firii bɔne mu no nyɛ hwee anaa deɛ ɔtiatia Honhom a ɔma adom no anim no, ɛdeɛn na ɛbɛto no? Asotwe a onii no bɛnya no nnyɛ adewa.
Na obi a watiatia Onyankopɔn Ba no so, na ɔmmfa Onyankopɔn mogya apam no a egyee no fii bɔne mu no nyɛ hwee anaa nea otiatia Honhom a ɔma adom no anim no, dɛn na ɛbɛto no? Asotwe a onii no benya no nyɛ adewa.
30 Yɛnim sɛ Onyankopɔn kaa sɛ, “Me na aweretɔ wɔ me, na me na metua ka,” na ɔno ara na ɔsane kaa sɛ, “Awurade bɛbu ne nkurɔfoɔ atɛn.”
Yenim sɛ Onyankopɔn kae se, “Me na aweretɔ wɔ me, na me na mitua ka,” na ɔno ara na ɔsan kae se, “Awurade bebu ne nkurɔfo atɛn.”
31 Onyankopɔn a ɔte ase no nsam amanenya yɛ hu.
Onyankopɔn a ɔte ase no nsam amanenya yɛ hu.
32 Monkae ahohia a mokɔɔ mu ɛberɛ a mohunuu hann no, momiaa mo ani hunuu ɔko bebree mu amaneɛ.
Monkae ahohia a mokɔɔ mu bere a muhuu hann no, mumiaa mo ani huu ɔko bebree mu amane.
33 Ebi ne sɛ, mpɛn bebree wɔyeyɛɛ mo, guu mo anim ase badwam; na ɛtɔ da bi mpo a, na moasiesie mo ho sɛ mobɛka wɔn a wɔrehunu amaneɛ no ho.
Ebi ne sɛ, wɔyeyaw mo mpɛn pii, guu mo anim ase wɔ bagua mu; na ɛtɔ da bi mpo a, na moasiesie mo ho sɛ mobɛka wɔn a wɔrehu amane no ho.
34 Mo ne nneduafoɔ daa afiase na wɔfaa mo ahodeɛ nyinaa no mpo, monyaa ho boasetɔ, ɛfiri sɛ, monim sɛ ɛyɛ dɛn ara a mowɔ ade pa bi a ɛbɛtena hɔ daa.
Mo ne nneduafo daa afiase na wɔfaa mo ahode nyinaa no mpo, munyaa ho boasetɔ, efisɛ munim sɛ ɛyɛ dɛn ara a mowɔ ade pa bi a ɛbɛtena hɔ daa.
35 Mommma mo akoma nntu na moanhwere mo akatua.
Mommma mo koma ntutu na moanhwere mo akatua.
36 Ɛsɛ sɛ moto mo bo ase na moatumi ayɛ Onyankopɔn apɛdeɛ ama mo nsa aka deɛ wɔahyɛ mo ho bɔ no.
Ɛsɛ sɛ motɔ mo bo ase na moatumi ayɛ Onyankopɔn apɛde ama mo nsa aka nea wɔahyɛ mo ho bɔ no.
37 Ɛfiri sɛ, Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Ɛrenkyɛre koraa na deɛ ɛsɛ sɛ ɔba no aba; ɔrentwentwɛn.
Efisɛ Kyerɛwsɛm no ka se, “Ɛrenkyɛ koraa na nea ɛsɛ sɛ ɔba no aba; ɔrentwentwɛn.
38 Na, “Deɛ ɔtene no firi gyidie mu bɛnya nkwa, na sɛ ɔtwe ne ho a, me kra ani rensɔ no.”
Na, “Nea ɔteɛ no fi gyidi mu benya nkwa, na sɛ ɔtwe ne ho a, me kra ani rensɔ no.”
39 Yɛnnyɛ nnipa a yɛsane yɛn akyi na yɛyera. Mmom, yɛwɔ gyidie na wɔagye yɛn nkwa.
Yɛnyɛ nnipa a yɛsan yɛn akyi na yɛyera. Mmom yɛwɔ gyidi na wɔagye yɛn nkwa.

< Hebrifoɔ 10 >