< Hebrifoɔ 12 >

1 Yɛn deɛ, yɛwɔ adansefoɔ bebree a wɔatwa yɛn ho ahyia. Momma yɛntwe yɛn ho mfiri akwansideɛ nyinaa ne bɔne a akyekyere yɛn dendeenden no nyinaa ho na yɛnyere yɛn ho wɔ mmirikakansie a ɛda yɛn anim no.
Yɛn de, yɛwɔ nnansefo bebree a wɔatwa yɛn ho ahyia. Momma yɛntwe yɛn ho mfi akwanside nyinaa ne bɔne a akyekyere yɛn denneennen no nyinaa ho na yɛnyere yɛn ho wɔ mmirikakansi a ɛda yɛn anim no mu.
2 Momma yɛmfa yɛn ani nto Yesu a yɛn gyidie ahyɛaseɛ ne nʼawieeɛ gyina ne so no so. Asɛnnua no enti, wampa aba. Esiane anigyeɛ a na ɛretwɛn no no enti, animguasewuo a ɔwuu wɔ asɛnnua so no anha no. Enti, seesei ɔte Onyankopɔn ahennwa no nifa so.
Momma yɛmfa yɛn ani nto Yesu a yɛn gyidi mfiase ne nʼawie gyina ne so no so. Asennua no nti wampa abaw. Esiane anigye a na ɛretwɛn no no nti, animguasewu a owui wɔ asennua so no anhaw no. Enti mprempren ɔte Onyankopɔn ahengua no nifa so.
3 Dwene ɔhaw a ɔfaa mu no ho sɛ nnipa nnebɔneyɛfoɔ tan a wɔtanee no nso, ɔtumi gyinaa ano no. Ɛno enti mommpa aba.
Dwene ɔhaw a ɔfaa mu no ho sɛ nnipa nnebɔneyɛfo tan a wɔtan no nso, otumi gyinaa ano no. Ɛno nti mommpa abaw.
4 Na mo ne bɔne ko mu no, monnko nkɔduruu sɛ mobɛhwie mogya agu.
Na mo ne bɔne ko mu no, monko nkoduu sɛ mubehwie mogya agu.
5 Mo werɛ afiri nkuranhyɛsɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ mo sɛ ne mma no sɛ, “Me ba, sɛ Awurade tene wo so a, tie no yie, na sɛ ɔka wʼanim a, mpa aba.
Mo werɛ afi nkuranhyɛsɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ mo, sɛnea agya kasa kyerɛ ne mma no? Se, “Me ba, sɛ Awurade teɛ wo a, tie no yiye, na sɛ ɔka wʼanim a, mpa abaw.
6 Ɛfiri sɛ, obiara a Awurade pɛ nʼasɛm no, ɔtwe nʼaso, sɛdeɛ agya tene ɔba a ɔdɔ no so no.”
Efisɛ obiara a Awurade pɛ nʼasɛm no, ɔtwe nʼaso sɛnea agya teɛ ɔba a ɔdɔ no no.”
7 Amanehunu biara a ɛbɛto mo no, monnhinhim na momfa no sɛ Agya no ntenesoɔ, ɛfiri sɛ, mo amanehunu no kyerɛ ntenesoɔ a Onyankopɔn retene mo so sɛ ne mma. Ɔba bi wɔ hɔ a nʼagya ntene ne so da?
Amanehunu biara a ɛbɛto mo no, munnhinhim na momfa no sɛ Agya no nteɛso, efisɛ mo amanehunu no kyerɛ nteɛso a Onyankopɔn wɔ ma ne mma. Na dɛn nti na agya ntwe ne mma aso?
8 Sɛ wantene mo so sɛ ne mma no bi a, na ɛkyerɛ sɛ monnyɛ ne mma kann.
Sɛ wanteɛ mo sɛ ne mma no bi a, na ɛkyerɛ sɛ monnyɛ ne mma kann.
9 Sɛ yɛn agyanom a wɔwɔ asase so twee yɛn aso maa yɛbuu wɔn a, mpɛn ahe na ɛnsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma honhom mu Agya no na yɛtumi tena ase?
Sɛ yɛn agyanom a wɔwɔ asase so twee yɛn aso ma yebuu wɔn a, mpɛn ahe na ɛnsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma honhom mu Agya no na yetumi tena ase?
10 Yɛn agyanom a wɔwɔ asase so ha twee yɛn aso sɛdeɛ wɔpɛ ɛberɛ tiawa bi. Nanso, yɛn yiedie enti, Onyankopɔn yɛɛ saa sɛdeɛ yɛn ho bɛte.
Yɛn agyanom a wɔwɔ asase so ha twee yɛn aso sɛnea wɔpɛ wɔ bere tiaa bi. Nanso yɛn yiyedi nti, Onyankopɔn yɛɛ saa sɛnea yɛn ho bɛtew.
11 Sɛ wɔtwe yɛn aso a, ɛma yɛn werɛ ho saa ɛberɛ no mu, na yɛn ani nnye. Na akyire no, wɔn a wɔfa saa asotwe no mu na wɔnya wɔn ho nteaseɛ no, wɔnya asomdwoeɛ na wɔtena ase tenenee mu.
Sɛ wɔtwe yɛn aso a ɛma yɛn werɛ how wɔ saa bere no mu na yɛn ani nnye. Na akyiri no a wɔn a wɔfa saa asotwe no mu no nya wɔn ho ntease no, wonya asomdwoe na wɔtena ase trenee mu.
12 Montenetene nsa ne nkotodwe a emu agogo no mu.
Monhyehyɛ nsa ne nkotodwe a emu agugow no mu den.
13 Monsiesie akwan na momfa so, na mpakye anyɛ mmubuafoɔ, na mmom, wɔasa wɔn yadeɛ.
Munsiesie akwan na momfa so, na mpakye anyɛ mmubuafo, na mmom, wɔasa wɔn yare.
14 Mo ne nnipa nyinaa ntena ase asomdwoeɛ mu, na mommɔ mmɔden ntena ase tenenee mu. Anyɛ saa a, morenhunu Awurade.
Mo ne nnipa nyinaa ntena ase asomdwoe mu, na mommɔ mmɔden ntena ase trenee mu. Anyɛ saa a, morenhu Awurade.
15 Monhwɛ yie na mo mu bi annane nʼakyi ankyerɛ Onyankopɔn adom no. Monhwɛ yie na mo mu bi anyɛ sɛ afifideɛ a ɛyɛ nwono a ɛnyini ma ne bɔnwoma no ha afoforɔ.
Monhwɛ yiye na mo mu bi annan nʼakyi ankyerɛ Onyankopɔn adom no. Monhwɛ yiye na mo mu bi anyɛ sɛ afifide a ɛyɛ nwen a enyin ma ne bɔnwoma no haw afoforo.
16 Monhwɛ yie na mo mu bi anyɛ odwamanfoɔ ne obi a ɔmfɛre Onyankopɔn sɛ Esau a ɔbuu nʼani guu nʼagyapadeɛ so tɔnee nʼabakan de gyee aduane no.
Monhwɛ yiye na mo mu bi anyɛ oguamanfo ne obi a ɔmfɛre Onyankopɔn sɛ Esau a obuu nʼani guu nʼagyapade so tɔn nʼabakan a ɔyɛ de gyee aduan no.
17 Na afei ɛduruu ɛberɛ bi a ɔpɛɛ sɛ ne nsa ka nʼagya hɔ nhyira no, ɔde kamee no no. Ɛwom sɛ ɔde nisuo peree sɛ wanya adwensakyera deɛ, nanso anyɛ yie.
Na afei eduu bere bi a ɔpɛɛ sɛ ne nsa ka nʼagya hɔ nhyira no, ɔde kamee no. Ɛwɔ mu sɛ ɔde nusu peree sɛ wanya adwensakra de, nanso anyɛ yiye.
18 Monhyiaa nneɛma a ɛyɛ hu, ogyaframa, awerɛhoɔ, esum ne ahum sɛdeɛ Israelfoɔ no hyiaa Sinai Bepɔ no so ɛberɛ a Onyankopɔn de ne mmara no maeɛ no.
Munhyiaa nneɛma a ɛyɛ hu, ogyatannaa, awerɛhow, sum ne ahum sɛnea Israelfo no hyiaa wɔ Sinai Bepɔw no so bere a Onyankopɔn de ne mmara no mae no.
19 Ɛfiri sɛ, na wɔrebɔ totorobɛnto dendeenden a ɛnne bi a ɛreka kasa a ɛyɛ hu nenam mu, enti nnipa no srɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔnnyae kasa,
Efisɛ na wɔrebɔ torobɛnto denneennen a nne bi a ɛreka kasa a ɛyɛ hu nenam mu, nti nnipa no srɛɛ Onyankopɔn sɛ onnyae kasa,
20 ɛfiri sɛ, na wɔntumi nni mmara a na ɛka sɛ, “Sɛ mpo aboa koraa de ne ho ka bepɔ no a, ɛsɛ sɛ wɔsi no aboɔ kum no” no so.
efisɛ na wontumi nni mmara a na ɛka se, “Sɛ mpo aboa koraa de ne ho ka bepɔw no a, ɛsɛ sɛ wosiw no abo kum no” no so.
21 Na beaeɛ hɔ yɛ hu ara kɔsii sɛ Mose kaa sɛ. “Mesuro, na me ho popo.”
Na beae hɔ yɛ hu ara kosii sɛ Mose kae se. “Misuro, na me ho popo.”
22 Na mo deɛ moaba Sion Bepɔ so ne Onyankopɔn a ɔte ase no kuro, ɔsorosoro Yerusalem a ɔsoro abɔfoɔ mpempem wɔ mu no mu.
Na mo de, moaba Sion Bepɔw so ne Onyankopɔn a ɔte ase no kurow, ɔsorosoro Yerusalem a ɔsoro abɔfo mpempem wɔ mu no mu.
23 Moaba Onyankopɔn asafo mma dada a wɔn ani gye wɔn ho a wɔatwerɛ wɔn din wɔ ɔsoro no mu. Moaba Onyankopɔn a ɔyɛ nnipa nyinaa ɔtemmufoɔ ne ateneneefoɔ a wɔayɛ wɔn pɛ no mu.
Moaba Onyankopɔn asafomma dedaw a wɔn ani gye wɔn ho a wɔakyerɛw wɔn din wɔ ɔsoro no mu. Moaba Onyankopɔn a ɔyɛ nnipa nyinaa temmufo ne atreneefo a wɔayɛ wɔn pɛ no mu.
24 Moaba Yesu a ɔhyehyɛɛ apam foforɔ ne mogya a wɔapete a ɛka nneɛma pa ho asɛm sene Habel mogya no ho.
Moaba Yesu a ɔhyehyɛɛ apam foforo ne mogya a wɔapete a ɛka nneɛma pa ho asɛm sen Habel mogya no ho.
25 Monhwɛ mo ho so yie na moammu mo ani angu asɛm a ɔka so. Wɔn a wɔantie deɛ ɔkasa firii asase so no amfa wɔn ho anni. Na ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi adwane afiri deɛ ɔkasa firi ɔsoro no ho?
Monhwɛ mo ho so yiye na moammu mo ani angu asɛm a ɔka so. Wɔn a wɔantie nea ɔkasa fii asase so no amfa wɔn ho anni. Na ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi aguan afi nea ɔkasa fi ɔsoro no ho na yɛafa yɛn ho adi?
26 Ne nne wosoo asase saa ɛberɛ no, nanso seesei wahyɛ bɔ sɛ, “Ɛnyɛ asase nko na mɛsane awoso no, na mɛwoso soro nso bio saa ara.”
Ne nne wosow asase saa bere no, nanso mprempren wahyɛ bɔ se, “Ɛnyɛ asase nko na mɛsan awosow no, na mɛwosow ɔsoro nso bio saa ara.”
27 Nsɛm “Nso bio saa ara” no da no adi pefee sɛ ɔbɛwoso nneɛma a wɔbɔeɛ no na atutu afiri wɔn ananmu na nneɛma a wɔntumi nwoso no aka.
Nsɛm “Nso bio saa ara” no da no adi pefee sɛ ɔbɛwosow nneɛma a wɔbɔɔ no na atutu afi wɔn anan mu na nneɛma a wontumi nwosow no aka.
28 Momma yɛnna so ase, ɛfiri sɛ, yɛanya ahennie a wɔwoso no a ɛnyɛ yie. Momma yɛn ani nsɔ na yɛmfa ɛkwan a ɛbɛsɔ Onyankopɔn ani a ɛyɛ anidie ne suro so nsom no,
Momma yɛnna so ase, efisɛ yɛanya ahenni a wɔwosow no a ɛnyɛ yiye. Momma yɛn ani nsɔ na yɛmfa ɔkwan a ɛbɛsɔ Onyankopɔn ani a ɛyɛ nidi ne osuro so nsom no,
29 ɛfiri sɛ, nokorɛ ni, yɛn Onyankopɔn yɛ ogya a ɛhye na ɛsɛe adeɛ.
efisɛ nokware ni, yɛn Nyankopɔn yɛ ogya a ɛhyew na ɛsɛe ade.

< Hebrifoɔ 12 >