< 4 Mose 32 >

1 Na Ruben ne Gad mmusuakuw no wɔ nyɛmmoa pii, enti wuhuu sɛ Yaser ne Gilead nsase no beye ama wɔn nguan ne anantwi no.
ומקנה רב היה לבני ראובן ולבני גד עצום מאד ויראו את ארץ יעזר ואת ארץ גלעד והנה המקום מקום מקנה׃
2 Enti wɔkɔɔ Mose ne ɔsɔfo Eleasar ne nnipa no ntuanofo no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn se,
ויבאו בני גד ובני ראובן ויאמרו אל משה ואל אלעזר הכהן ואל נשיאי העדה לאמר׃
3 “Atarot, Dibon, Yaser, Nimra, Hesbon, Eleale, Sebam, Nebo ne Beon yɛ
עטרות ודיבן ויעזר ונמרה וחשבון ואלעלה ושבם ונבו ובען׃
4 nsase a Awurade ako, agye ama Israelfo na eye ma yɛn nguan ne yɛn anantwi.
הארץ אשר הכה יהוה לפני עדת ישראל ארץ מקנה הוא ולעבדיך מקנה׃
5 Sɛ yɛanya adom wɔ mo anim a, yɛsrɛ mo momfa saa asase yi mma yɛn sɛ yɛn kyɛfa na munnyae Asubɔnten Yordan agya nohɔ a mopɛ sɛ mode ma yɛn no.”
ויאמרו אם מצאנו חן בעיניך יתן את הארץ הזאת לעבדיך לאחזה אל תעברנו את הירדן׃
6 Mose nso bisaa Rubenfo ne Gadfo no se, “Mokyerɛ sɛ, mopɛ sɛ motena ha bere a mo nuanom atwa mu rekɔko?
ויאמר משה לבני גד ולבני ראובן האחיכם יבאו למלחמה ואתם תשבו פה׃
7 Adɛn nti na mopɛ sɛ mubu Israelfo no aba mu ma wɔsan sɛ wɔrenkɔ asase a Awurade de ama wɔn no so no?
ולמה תנואון את לב בני ישראל מעבר אל הארץ אשר נתן להם יהוה׃
8 Ade koro yi ara na mo agyanom yɛe. Mesomaa wɔn fii Kades-Barnea sɛ wɔnkɔsra asase no.
כה עשו אבתיכם בשלחי אתם מקדש ברנע לראות את הארץ׃
9 Wowiee nsra no na wofi Eskol subon mu bae no, wobuu nnipa no aba mu sɛ wɔnnkɔ asase a Awurade de ama wɔn no so.
ויעלו עד נחל אשכול ויראו את הארץ ויניאו את לב בני ישראל לבלתי בא אל הארץ אשר נתן להם יהוה׃
10 Da no Awurade abufuw sɔree na ɔkaa saa ntam yi:
ויחר אף יהוה ביום ההוא וישבע לאמר׃
11 ‘Esiane sɛ wɔamfi wɔn koma nyinaa mu anni mʼakyi nti wɔn mu biara nni hɔ a bere a wɔrefi Misraim no a na wadi mfe aduonu anaa nea ɛboro saa a no behu asase a mehyɛɛ Abraham, Isak ne Yakob ho bɔ no,
אם יראו האנשים העלים ממצרים מבן עשרים שנה ומעלה את האדמה אשר נשבעתי לאברהם ליצחק וליעקב כי לא מלאו אחרי׃
12 ɔbaako mpo nni hɔ, gye Kenesini Yefune babarima Kaleb ne Nun babarima Yosua, efisɛ wɔde wɔn koma nyinaa dii Awurade akyi, hyɛɛ nnipa nkuran sɛ wɔnkɔ Bɔhyɛ Asase no so.’
בלתי כלב בן יפנה הקנזי ויהושע בן נון כי מלאו אחרי יהוה׃
13 Awurade maa yekyinkyin sare no so hɔ mfirihyia aduanan kosii sɛ saa awo ntoatoaso amumɔyɛfo no nyinaa wuwui.
ויחר אף יהוה בישראל וינעם במדבר ארבעים שנה עד תם כל הדור העשה הרע בעיני יהוה׃
14 “Nanso monhwɛ, abɔnefo, moregyina mo agyanom anan mu ama Awurade bo afuw Israel nea ɛkyɛn so.
והנה קמתם תחת אבתיכם תרבות אנשים חטאים לספות עוד על חרון אף יהוה אל ישראל׃
15 Sɛ mosan fi nʼakyi a, ɔbɛsan agyaw ne nnipa no nyinaa wɔ sare so hɔ na wɔn sɛe no befi mo.”
כי תשובן מאחריו ויסף עוד להניחו במדבר ושחתם לכל העם הזה׃
16 Wɔteɛɛ mu se, “Ɛnte saa koraa! Yɛbɛyɛ yɛn nguannan na yɛakyekyere nkurow akɛse ama yɛn mmea ne mmofra.
ויגשו אליו ויאמרו גדרת צאן נבנה למקננו פה וערים לטפנו׃
17 Na yɛn ankasa de akode bɛhyehyɛ yɛn ho adi Israelfo a wɔaka no anim akosi sɛ yɛde wɔn bɛba asomdwoe mu ama wɔabɛfa wɔn agyapade. Na nea edi kan no, ɛsɛ sɛ yɛkyekye nkurow a yebegye afasu afa ho ama yɛn nkurɔfo atena mu na ɛhɔfo no ankɔtow anhyɛ wɔn so.
ואנחנו נחלץ חשים לפני בני ישראל עד אשר אם הביאנם אל מקומם וישב טפנו בערי המבצר מפני ישבי הארץ׃
18 Sɛ Israelfo no nyinaa nsa nkaa wɔn agyapade no a, yɛrensan mma yɛn afi mu.
לא נשוב אל בתינו עד התנחל בני ישראל איש נחלתו׃
19 Yɛne wɔn renkyɛ Yordan agya hɔ asase biara, efisɛ yɛanya yɛn agyapade no wɔ Yordan apuei fam hɔ.”
כי לא ננחל אתם מעבר לירדן והלאה כי באה נחלתנו אלינו מעבר הירדן מזרחה׃
20 Mose kae se, “Sɛ mobɛyɛ sɛnea moaka no, sɛ mobɛhyehyɛ mo ho wɔ Awurade anim ama ɔko,
ויאמר אליהם משה אם תעשון את הדבר הזה אם תחלצו לפני יהוה למלחמה׃
21 na mode mo asraafo no atwa Yordan kosi sɛ Awurade bɛpam nʼatamfo no,
ועבר לכם כל חלוץ את הירדן לפני יהוה עד הורישו את איביו מפניו׃
22 na sɛ asase no ho asɛm dwo brɛoo wɔ Awurade anim a, ɛno de mutumi san ba. Ɛba saa a, na ɛkyerɛ sɛ, moayɛ mo asɛde ama Awurade ne Israelfo nyinaa. Na asase a ɛda apuei no nso, Awurade de bɛma mo.
ונכבשה הארץ לפני יהוה ואחר תשבו והייתם נקיים מיהוה ומישראל והיתה הארץ הזאת לכם לאחזה לפני יהוה׃
23 “Sɛ moanni asɛm a moaka no so a, na moayɛ bɔne atia Awurade, munhu sɛ, ɛho asotwe bɛba mo so.
ואם לא תעשון כן הנה חטאתם ליהוה ודעו חטאתכם אשר תמצא אתכם׃
24 Monkɔ so nkyekyere nkurow mma mo fifo na monyɛ nguannan mma mo nguan na munni asɛm a mokae no nyinaa so.”
בנו לכם ערים לטפכם וגדרת לצנאכם והיצא מפיכם תעשו׃
25 Ruben ne Gad nkurɔfo no kae se, “Yebedi wʼahyɛde no so pɛpɛɛpɛ.
ויאמר בני גד ובני ראובן אל משה לאמר עבדיך יעשו כאשר אדני מצוה׃
26 Yɛn mma, yɛn yerenom, yɛn nguan ne yɛn anantwi bɛtena Gilead nkuropɔn mu.
טפנו נשינו מקננו וכל בהמתנו יהיו שם בערי הגלעד׃
27 Nanso yɛn a wɔakyere yɛn sɛ asraafo no bɛko ama Awurade sɛnea woaka no.”
ועבדיך יעברו כל חלוץ צבא לפני יהוה למלחמה כאשר אדני דבר׃
28 Enti Mose penee so ka kyerɛɛ Eleasar, Yosua ne mpanyimfo a wotuatua Israel mmusuakuw ano no se,
ויצו להם משה את אלעזר הכהן ואת יהושע בן נון ואת ראשי אבות המטות לבני ישראל׃
29 “Sɛ Gad ne Ruben abusuakuw mu mmarima nyinaa a wɔakyere wɔn ayɛ wɔn asraafo sɛ wɔnkɔko mma Awurade no ne me kɔ Yordan na sɛ wɔkɔko di nkonim wɔ hɔ a, momfa Gilead asase no mma wɔn;
ויאמר משה אלהם אם יעברו בני גד ובני ראובן אתכם את הירדן כל חלוץ למלחמה לפני יהוה ונכבשה הארץ לפניכם ונתתם להם את ארץ הגלעד לאחזה׃
30 na sɛ wɔankɔ a, ɛno de, wɔmpene so mfa nsase a mowɔ wɔ Kanaan asase so no bi.”
ואם לא יעברו חלוצים אתכם ונאחזו בתככם בארץ כנען׃
31 Gad ne Ruben abusuafo kaa bio se, “Wo nkoa bedi Awurade asɛm so;
ויענו בני גד ובני ראובן לאמר את אשר דבר יהוה אל עבדיך כן נעשה׃
32 yɛde akode bɛhyehyɛ yɛn ho adi Awurade akyi akɔ Kanaan, nanso yɛn ara yɛn asase bɛda Yordan fa ha.”
נחנו נעבר חלוצים לפני יהוה ארץ כנען ואתנו אחזת נחלתנו מעבר לירדן׃
33 Enti Mose ma wɔde Amorihene Sihon ne Basanhene Og nsasetam ne wɔn nkurow akɛse maa Gad, Ruben ne Yosef babarima Manase mmusuakuw.
ויתן להם משה לבני גד ולבני ראובן ולחצי שבט מנשה בן יוסף את ממלכת סיחן מלך האמרי ואת ממלכת עוג מלך הבשן הארץ לעריה בגבלת ערי הארץ סביב׃
34 Gad nkurɔfo na wɔkyekyeree saa nkurow yi: Dibon, Atarot, Aroer.
ויבנו בני גד את דיבן ואת עטרת ואת ערער׃
35 Atrot-Sofan, Yaser Yogbeha,
ואת עטרת שופן ואת יעזר ויגבהה׃
36 Bet-Nimra ne Betharan. Na ɛyɛ nkurow a nguan wɔ mu yiye.
ואת בית נמרה ואת בית הרן ערי מבצר וגדרת צאן׃
37 Ruben mmabarima na wɔkyekyeree saa nkurow a edidi so yi: Hesbon, Eleale ne Kiriataim,
ובני ראובן בנו את חשבון ואת אלעלא ואת קריתים׃
38 Nebo, Baal-Meon a akyiri no wɔsesaa wɔn din, ne Sibma. Wɔtotoo nkurow a wɔsan kyekyee no din.
ואת נבו ואת בעל מעון מוסבת שם ואת שבמה ויקראו בשמת את שמות הערים אשר בנו׃
39 Makir asefo a wofi Manase abusuakuw mu kɔɔ Gilead kɔko dii hɔ so pam Amorifo a saa bere no na wɔte hɔ no nyinaa.
וילכו בני מכיר בן מנשה גלעדה וילכדה ויורש את האמרי אשר בה׃
40 Enti Mose de Gilead maa Makirfo a wɔyɛ Manase asefo no, ma wɔtenaa hɔ.
ויתן משה את הגלעד למכיר בן מנשה וישב בה׃
41 Manase abusuakuw mu nnipa foforo bi a wofi Yair nso tenatenaa Gilead nkurow bebree so, sesaa beae a wɔwɔ hɔ no din frɛɛ hɔ Hafrotyair.
ויאיר בן מנשה הלך וילכד את חותיהם ויקרא אתהן חות יאיר׃
42 Ɔbarima bi a ne din de Noba dii asraafo bi anim de wɔn kɔɔ Kenat ne ne nkuraase kɔbɔɔ wɔn atenae wɔ hɔ enti ɔde ne din Noba too saa beae hɔ.
ונבח הלך וילכד את קנת ואת בנתיה ויקרא לה נבח בשמו׃

< 4 Mose 32 >