< 4 Mose 31 >

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
וידבר יהוה אל משה לאמר׃
2 “Esiane sɛ Midianfo daadaa mo de mo kɔɔ abosonsom mu no nti, tɔ so were ma Israelfo no. Eyi akyi no wubewu na woakɔ wʼagyanom nkyɛn.”
נקם נקמת בני ישראל מאת המדינים אחר תאסף אל עמיך׃
3 Mose ka kyerɛɛ nkurɔfo so se, “Munyi mo mmarima no mu bi na wɔnkɔ Awurade aweretɔ sa a ɔde tia Midianfo no.
וידבר משה אל העם לאמר החלצו מאתכם אנשים לצבא ויהיו על מדין לתת נקמת יהוה במדין׃
4 Momfa Israel abusua biara mu nnipa apem nkɔ ɔsa no.”
אלף למטה אלף למטה לכל מטות ישראל תשלחו לצבא׃
5 Wɔyɛɛ saa nyaa mmarima mpem dumien siesie wɔn maa ɔko no; Israel abusuakuw biara maa mmarima apem.
וימסרו מאלפי ישראל אלף למטה שנים עשר אלף חלוצי צבא׃
6 Afei Mose ma wɔkɔe, nnipa apem baako a wofi abusuakuw biara mu. Ɔsɔfo Eleasar babarima Pinehas na odii wɔn anim kɔɔ ɔko no. Wɔrekɔ no, wɔde akronkronne a ɛwɔ kronkronbea hɔ ne ntorobɛnto a wɔbɛhyɛn de ama asraafo no nsɛnkyerɛnne kɔe.
וישלח אתם משה אלף למטה לצבא אתם ואת פינחס בן אלעזר הכהן לצבא וכלי הקדש וחצצרות התרועה בידו׃
7 Wɔne Midiafo no koe, na sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no wokum Midian mmarima no nyinaa.
ויצבאו על מדין כאשר צוה יהוה את משה ויהרגו כל זכר׃
8 Wɔn a wokum wɔn no bi ne Midian ahemfo baanum a wɔn din de Ewi, Rekem, Sur, Hur ne Reba. Beor babarima Balaam nso, wɔde afoa kum no.
ואת מלכי מדין הרגו על חלליהם את אוי ואת רקם ואת צור ואת חור ואת רבע חמשת מלכי מדין ואת בלעם בן בעור הרגו בחרב׃
9 Afei, Israel asraafo no kyekyeree Midian mmea ne mmofra nyinaa ne wɔn anantwi ne wɔn nguan fom nneɛma pii kaa ho sɛ asade.
וישבו בני ישראל את נשי מדין ואת טפם ואת כל בהמתם ואת כל מקנהם ואת כל חילם בזזו׃
10 Wɔtoo Midian no atenae, nkurow ne nkuraa nyinaa mu gya, hyew no pasaa.
ואת כל עריהם במושבתם ואת כל טירתם שרפו באש׃
11 Wɔfaa asade ne afowde a nnipa no ne mmoa ka ho.
ויקחו את כל השלל ואת כל המלקוח באדם ובבהמה׃
12 Wɔde nnommum no ne ɔko no mu nneɛma a wonyae no nyinaa brɛɛ Mose, ɔsɔfo Eleasar ne Israelfo a na wɔabɔ wɔn atenase wɔ Moab tataw so baabi a na ɛbɛn Asubɔnten Yordan a wotwa fi Yeriko baa hɔ no.
ויבאו אל משה ואל אלעזר הכהן ואל עדת בני ישראל את השבי ואת המלקוח ואת השלל אל המחנה אל ערבת מואב אשר על ירדן ירחו׃
13 Mose ne ɔsɔfo Eleasar ne mpanyimfo a wotuatua nnipa no ano no fii atenae hɔ kohyiaa nkonimdifo no kwan.
ויצאו משה ואלעזר הכהן וכל נשיאי העדה לקראתם אל מחוץ למחנה׃
14 Nanso Mose bo fuw mpanyimfo a wotuatua nsraadɔm apem ne ɔha no ano a wofi ɔsa no bae no.
ויקצף משה על פקודי החיל שרי האלפים ושרי המאות הבאים מצבא המלחמה׃
15 Obisaa wɔn se, “So moankunkum mmea no?
ויאמר אליהם משה החייתם כל נקבה׃
16 Wɔn ne nnipa no a wotie Balaam nti wɔtwetwee Israelfo na amma wɔanni Awurade nokware kɔsom abosom wɔ bepɔw Peor so a enti ɛmaa ɔhaw ne abɛbrɛsɛ bebree baa Awurade nkurɔfo so no.
הן הנה היו לבני ישראל בדבר בלעם למסר מעל ביהוה על דבר פעור ותהי המגפה בעדת יהוה׃
17 Munkunkum mmarimaa no nyinaa. Na munkunkum mmea a wɔne mmarima adeda no nyinaa.
ועתה הרגו כל זכר בטף וכל אשה ידעת איש למשכב זכר הרגו׃
18 Mmeawa nketewa a wɔne mmarima nnae no na munnyaa wɔn na mo ne wɔn ntena.
וכל הטף בנשים אשר לא ידעו משכב זכר החיו לכם׃
19 “Ɛsɛ sɛ obiara a wakum obi, anaa ɔde ne nsa kaa nea wɔakum no no, fi atenae ha nkɔtena baabi nnanson. Munnwira mo ho ne mo nnommum no nnansa ne ne nnanson so.
ואתם חנו מחוץ למחנה שבעת ימים כל הרג נפש וכל נגע בחלל תתחטאו ביום השלישי וביום השביעי אתם ושביכם׃
20 Munnwira mo ntade ne biribiara a wɔde aboa nhoma, abirekyi nwi anaa dua ayɛ.”
וכל בגד וכל כלי עור וכל מעשה עזים וכל כלי עץ תתחטאו׃
21 Afei, ɔsɔfo Eleasar ka kyerɛɛ mmarima a wɔkɔɔ ɔko no se, “Eyi ne mmara a Awurade ahyɛ a waka akyerɛ Mose:
ויאמר אלעזר הכהן אל אנשי הצבא הבאים למלחמה זאת חקת התורה אשר צוה יהוה את משה׃
22 Sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere, dade, sanyaa, sumpii
אך את הזהב ואת הכסף את הנחשת את הברזל את הבדיל ואת העפרת׃
23 ne biribiara a etumi etumi gyina ogya ano no ɛsɛ sɛ wɔde fa ogya mu sɛnea ɛho bɛtew. Eyi akyi, ɛsɛ sɛ wɔde ahodwira nsu dwira ho ma ɛtew ho. Nanso, biribiara a ɛrentumi nnyina ogya ano no de, wɔmfa nsu nnwira ho.
כל דבר אשר יבא באש תעבירו באש וטהר אך במי נדה יתחטא וכל אשר לא יבא באש תעבירו במים׃
24 Nnanson so no, ɛsɛ sɛ mohoro mo ntade na mo ho afi. Afei mubetumi asan aba atenae hɔ.”
וכבסתם בגדיכם ביום השביעי וטהרתם ואחר תבאו אל המחנה׃
25 Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
ויאמר יהוה אל משה לאמר׃
26 “Ɛsɛ sɛ wo ne ɔsɔfo Eleasar ne mmusua no mpanyimfo nyinaa kan asade a nnipa ne mmoa a mofaa wɔ ɔko no mu no.
שא את ראש מלקוח השבי באדם ובבהמה אתה ואלעזר הכהן וראשי אבות העדה׃
27 Monkyɛ asade no mu abien pɛpɛɛpɛ mfa fa mma asraafo a wɔkɔɔ ɔko no na momfa fa a aka no mma nnipa a wɔaka no.
וחצית את המלקוח בין תפשי המלחמה היצאים לצבא ובין כל העדה׃
28 Asraafo a wɔkoo no kyɛfa mu no, munyi ahannum biara so baako; sɛ ɛyɛ nnipa, anantwi, mfurum anaa nguan na momfa nsom Awurade.
והרמת מכס ליהוה מאת אנשי המלחמה היצאים לצבא אחד נפש מחמש המאות מן האדם ומן הבקר ומן החמרים ומן הצאן׃
29 Fa saa kyɛfa yi ma ɔsɔfo Eleasar na onhim no afɔremuka no anim mfa mma Awurade.
ממחציתם תקחו ונתתה לאלעזר הכהן תרומת יהוה׃
30 Afei Israelfo a wɔaka no kyɛfa no, munyi aduonum biara mu baako; sɛ ɛyɛ nnipa, anantwi, mfurum, nguanten anaa mmoa foforo biara no, momfa mma Lewifo a wɔhwɛ Awurade Ahyiae Ntamadan no so no.”
וממחצת בני ישראל תקח אחד אחז מן החמשים מן האדם מן הבקר מן החמרים ומן הצאן מכל הבהמה ונתתה אתם ללוים שמרי משמרת משכן יהוה׃
31 Enti Mose ne ɔsɔfo Eleasar yɛɛ nea Awurade hyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no.
ויעש משה ואלעזר הכהן כאשר צוה יהוה את משה׃
32 Asade a ɛkae a akofo no fae no dodow yɛ nguan mpem ahansia ne aduɔson anum;
ויהי המלקוח יתר הבז אשר בזזו עם הצבא צאן שש מאות אלף ושבעים אלף וחמשת אלפים׃
33 anantwi mpem aduɔson abien;
ובקר שנים ושבעים אלף׃
34 mfurum mpem aduosia baako;
וחמרים אחד וששים אלף׃
35 ne mmeawa mpem aduasa abien.
ונפש אדם מן הנשים אשר לא ידעו משכב זכר כל נפש שנים ושלשים אלף׃
36 Nneɛma no fa a wɔde maa asraafo no dodow ni: Nguan mpem ahaasa aduasa ason ne ahannum
ותהי המחצה חלק היצאים בצבא מספר הצאן שלש מאות אלף ושלשים אלף ושבעת אלפים וחמש מאות׃
37 a wɔde mu ahansia aduɔson anum som Awurade;
ויהי המכס ליהוה מן הצאן שש מאות חמש ושבעים׃
38 Anantwi mpem aduasa asia a wɔde mu aduɔson abien som Awurade;
והבקר ששה ושלשים אלף ומכסם ליהוה שנים ושבעים׃
39 mfurum mpem aduasa ne ahannum a wɔde emu aduosia baako som Awurade;
וחמרים שלשים אלף וחמש מאות ומכסם ליהוה אחד וששים׃
40 mmeawa mpem dunsia; wɔde wɔn mu aduasa abien som Awurade.
ונפש אדם ששה עשר אלף ומכסם ליהוה שנים ושלשים נפש׃
41 Kyɛfa a wɔde Awurade no nyinaa no wɔde maa ɔsɔfo Eleasar sɛnea Awurade kyerɛɛ Mose sɛ ɔnyɛ no ara pɛ.
ויתן משה את מכס תרומת יהוה לאלעזר הכהן כאשר צוה יהוה את משה׃
42 Asade no a Israelfo no nyaa no na edidi so yi:
וממחצית בני ישראל אשר חצה משה מן האנשים הצבאים׃
43 nguan mpem ahaasa aduasa ason ne ahannum,
ותהי מחצת העדה מן הצאן שלש מאות אלף ושלשים אלף שבעת אלפים וחמש מאות׃
44 anantwi mpem aduasa asia,
ובקר ששה ושלשים אלף׃
45 mfurum Mpem aduasa ne ahannum ne
וחמרים שלשים אלף וחמש מאות׃
46 mmeawa mpem dunsia.
ונפש אדם ששה עשר אלף׃
47 Nnipa no kyɛfa a wonyae no, Mose yiyii nnommum ne mmoa aduonum biara mu baako de maa Lewifo a wɔhwɛ Awurade Ahyiae Ntamadan so no. Wɔyɛɛ eyi nyinaa sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.
ויקח משה ממחצת בני ישראל את האחז אחד מן החמשים מן האדם ומן הבהמה ויתן אתם ללוים שמרי משמרת משכן יהוה כאשר צוה יהוה את משה׃
48 Afei, asraafo no so mpanyimfo baa Mose nkyɛn
ויקרבו אל משה הפקדים אשר לאלפי הצבא שרי האלפים ושרי המאות׃
49 bɛka kyerɛɛ no se, “Yɛabu nnipa a yɛde wɔn kɔɔ ɔko no nyinaa ano akyerɛ wo na ɔbaako koraa anyera.
ויאמרו אל משה עבדיך נשאו את ראש אנשי המלחמה אשר בידנו ולא נפקד ממנו איש׃
50 Ɛno nti, yefi nea yenyaa no ɔko no mu no bi mu rebɛda Awurade ase. Yɛn asedade no yɛ sika nnwinne, nkapo, nkaa, asokaa ne kɔnmuade. Eyinom bɛyɛ mpata ama yɛn kra wɔ Awurade anim.”
ונקרב את קרבן יהוה איש אשר מצא כלי זהב אצעדה וצמיד טבעת עגיל וכומז לכפר על נפשתינו לפני יהוה׃
51 Mose ne ɔsɔfo Eleasar gyee saa akyɛde yi a ɛyɛ sikakɔkɔɔ ne nnwinne no fii asraafo mpanyimfo no nkyɛn.
ויקח משה ואלעזר הכהן את הזהב מאתם כל כלי מעשה׃
52 Ne nyinaa mu sikakɔkɔɔ a asahene no de bae sɛ akyɛde a wɔde rebrɛ Awurade no ano si nkaribo kilogram ɔha ne aduɔkron.
ויהי כל זהב התרומה אשר הרימו ליהוה ששה עשר אלף שבע מאות וחמשים שקל מאת שרי האלפים ומאת שרי המאות׃
53 Na asraafo no afa ɔko no mu nneɛma a wonyae no bi.
אנשי הצבא בזזו איש לו׃
54 Enti Mose ne Eleasar gyee akyɛde no fii asraafo mpanyimfo no hɔ, na wɔde sikakɔkɔɔ no baa Ahyiae Ntamadan no mu sɛ ɛnyɛ nkae ade mma Awurade sɛ Israelfo yɛ ne dea.
ויקח משה ואלעזר הכהן את הזהב מאת שרי האלפים והמאות ויבאו אתו אל אהל מועד זכרון לבני ישראל לפני יהוה׃

< 4 Mose 31 >