< Hiob 30 >

1 “Nanso mprempren wɔserew me, nnipa a manyin sen wɔn, na wɔn agyanom mfata sɛ wɔne me nguan ho akraman tena.
然るに今は我よりも年少き者等われを笑ふ 彼等の父は我が賤しめて群の犬と並べ置くことをもせざりし者なり
2 Mfaso bɛn na wɔn nsa mu ahoɔden wɔ ma me, bere a wɔn ahoɔden afi wɔn mu?
またかれらの手の力もわれに何の用をかなさん 彼らは其氣力すでに衰へたる者なり
3 Ohia ne ɔkɔm ama wɔn ho atetew, wɔnantew asase kesee ne asase bonin so anadwo.
かれらは缺乏と饑とによりて痩おとろへ 荒かつ廢れたる暗き野にて乾ける地を咬む
4 Wɔboaboaa nkyenhaban ano wɔ nkyɛkyerɛ mu, na wɔde sare so nnua ntin yɛɛ wɔn aduan.
すなはち灌木の中にて藜を摘み苕の根を食物となす
5 Wɔn mfɛfo pam wɔn fii wɔn mu, na wohuroo wɔn sɛ akorɔmfo.
彼らは人の中より逐いださる 盜賊を追ふがごとくに人かれらを追ふて呼はる
6 Wɔhyɛɛ wɔn ma wɔtenaa suka a emu awo, abotan ne fam ntokuru mu,
彼等は懼ろしき谷に住み 土坑および磐穴に居り
7 wosuu sɛ mfurum wɔ wuram na wɔfofɔree so wɔ ɔdɔtɔ ase.
灌木の中に嘶なき 荊棘の下に偃す
8 Kuw a wɔmfra na wonni din, wɔpam wɔn fii asase no so.
彼らは愚蠢なる者の子 卑むべき者の子にして國より撃いださる
9 “Na nnɛ yi wɔn mmabarima de dwom bɔ me akutia; mayɛ abusude wɔ wɔn mu.
しかるに今は我かれらの歌謠に成り 彼らの嘲哢となれり
10 Wokyi me na wontwiw mmɛn me; wɔmmfɛre sɛ wɔtete ntasu gu mʼanim.
かれら我を厭ふて遠く我を離れ またわが面に唾することを辭まず
11 Afei a Onyankopɔn abubu me tadua na ɔde amanehunu aba me so yi, wɔyɛ nea wɔpɛ wɔ mʼanim.
神わが綱を解て我をなやましたまへば彼等もわが前にその韁を縱せり
12 Abusuakuw no tow hyɛ me so wɔ me nifa so; wosum mʼanan mfiri, na wosisi mpie tia me.
この輩わが右に起あがり わが足を推のけ我にむかひて滅亡の路を築く
13 Wosisiw mʼakwan; na wonya me sɛe me na obiara mmoa me.
彼らは自ら便なき者なれども尚わが逕を毀ち わが滅亡を促す
14 Wɔba te sɛ nea wofi ntokuru a ano abae mu; wɔnam mmubui no mu munumunum ba.
かれらは石垣の大なる崩口より入がごとくに進み來り 破壞の中にてわが上に乗かかり
15 Ahunahuna ma me ho dwiriw me; mʼanuonyam atu kɔ sɛnea mframa abɔ agu, me bammɔ atu ayera sɛ omununkum.
懼ろしき事わが身に臨み 風のごとくに我が尊榮を吹はらふ わが福祿は雲のごとくに消失す
16 “Na mprempren, me nkwa resa; na amanehununna akyekyere me.
今はわが心われの衷に鎔て流れ 患難の日かたく我を執ふ
17 Anadwo wowɔ me nnompe mu; ɔyaw a ɛwe me no nnyae.
夜にいれば我骨刺れて身を離る わが身を噬む者つひに休むこと無し
18 Onyankopɔn fi ne tumi mu yɛ sɛ adurade ma me; omia me te sɛ mʼatade kɔn.
わが疾病の大なる能によりてわが衣服は醜き樣に變り 裏衣の襟の如くに我身に固く附く
19 Ɔtow me kyene dontori mu na ɔma me yɛ sɛ mfutuma ne nsõ.
神われを泥の中に投こみたまひて我は塵灰に等しくなれり
20 “Onyankopɔn, misu mefrɛ wo, nanso wummua me. Mesɔre gyina, nanso wohwɛ me kɛkɛ.
われ汝にむかひて呼はるに汝答へたまはず 我立をるに 汝只われをながめ居たまふ
21 Woba me so anibere so; wode wʼabasa mu tumi tow hyɛ me so.
なんぢは我にむかひて無情なりたまひ 御手の能力をもて我を攻撃たまふ
22 Wuhwim me na wode mframa pia me; wudenkyidenkyi me wɔ ahum mu.
なんぢ我を擧げ風の上に乗て負去しめ 大風の音とともに消亡しめたまふ
23 Minim sɛ wode me bɛkɔ owu mu, faako a woahyɛ ama ateasefo nyinaa no.
われ知る汝はわれを死に歸らしめ一切の生物の終に集る家に歸らしめたまはん
24 “Ampa ara obiara mfa ne nsa nka onipa a ɔrebrɛ bere a ɔresu pɛ mmoa wɔ nʼamanehunu mu.
かれは必ず荒垤にむかひて手を舒たまふこと有じ 假令人滅亡に陷るとも是等の事のために號呼ぶことをせん
25 Mansu amma wɔn a wɔwɔ ɔhaw mu ana? Me kra werɛ anhow amma ahiafo ana?
苦みて日を送る者のために我哭ざりしや 貧しき者のために我心うれへざりしや
26 Nanso bere a mʼani da papa so no, bɔne bae; bere a mepɛɛ hann no sum na edurui.
われ吉事を望みしに凶事きたり 光明を待しに黒暗きたれり
27 Me yafunu mu a ɛwowɔ me no nnyae da; na nna a amanehunu wɔ mu da mʼanim.
わが膓沸かへりて安からず 患難の日我に追及ぬ
28 Menenam a mabiri, nanso ɛnyɛ sɛ owia na ahyew me; migyina aguabɔbea na misu pɛ mmoa.
われは日の光を蒙らずして哀しみつつ歩き 公會の中に立て助を呼もとむ
29 Madan nnompo nuabarima, me ne mpatu na ɛbɔ.
われは山犬の兄弟となり 駝鳥の友となれり
30 Me honam ani biri na ehuanhuan; atiridii ama me ho adɔ.
わが皮は黒くなりて剥落ち わが骨は熱によりて焚け
31 Me sanku bɔ kwadwom, na mʼatɛntɛbɛn ma agyaadwotwa nnyigyei.
わが琴は哀の音となり わが笛は哭の聲となれり

< Hiob 30 >