< Yeremia 32 >
1 Eyi ne asɛm a efi Awurade nkyɛn baa Yeremia hɔ wɔ Yudahene Sedekia adedi afe a ɛto so du a na ɛyɛ Nebukadnessar adedi afe a ɛto so dunwɔtwe no mu.
La parole qui fut adressée à Jérémie de la part de l’Éternel, la dixième année de Sédécias, roi de Juda. C’était la dix-huitième année de Nebucadnetsar.
2 Na Babiloniahene nsraadɔm aka Yerusalem ahyɛ a na odiyifo Yeremia nso da dua mu wɔ awɛmfo adiwo a ɛwɔ Yuda ahemfi.
L’armée du roi de Babylone assiégeait alors Jérusalem; et Jérémie, le prophète, était enfermé dans la cour de la prison qui était dans la maison du roi de Juda.
3 Na Yudahene Sedekia de no ato afiase wɔ hɔ reka se, “Adɛn nti na wohyɛ nkɔm a ɛte sɛɛ? Woka se, ‘Nea Awurade se ni: Mede saa kuropɔn yi rebɛhyɛ Babiloniahene nsa, na wafa no nnommum.
Sédécias, roi de Juda, l’avait fait enfermer, et lui avait dit: Pourquoi prophétises-tu, en disant: Ainsi parle l’Éternel: Voici, je livre cette ville entre les mains du roi de Babylone, et il la prendra;
4 Yudahene Sedekia rennya kwan nguan mfi Babiloniafo nsam, na ampa ara hyɛ na wɔde no bɛhyɛ Babiloniahene nsa, na ɔne no akasa anim ne anim na ɔde nʼani ahu no.
Sédécias, roi de Juda, n’échappera pas aux Chaldéens, mais il sera livré entre les mains du roi de Babylone, il lui parlera bouche à bouche, et ses yeux verront ses yeux;
5 Ɔde Sedekia bɛkɔ Babilonia, na hɔ na ɔbɛtena akosi sɛ me ne no bedi, Awurade na ose. Sɛ woko tia Babiloniafo no a worenni nkonim.’”
le roi de Babylone emmènera Sédécias à Babylone, où il restera jusqu’à ce que je me souvienne de lui, dit l’Éternel; si vous vous battez contre les Chaldéens, vous n’aurez point de succès.
6 Yeremia kae se, “Awurade asɛm baa me nkyɛn se,
Jérémie dit: La parole de l’Éternel m’a été adressée, en ces mots:
7 Wo wɔfa Salum babarima Hanamel rebɛba wo nkyɛn, abɛka se, ‘Tɔ mʼasase a ɛwɔ Anatot no, efisɛ woyɛ me busuani titiriw na wowɔ ho kwan, na ɛyɛ wʼasɛde nso sɛ wotɔ.’
Voici, Hanameel, fils de ton oncle Schallum, va venir auprès de toi pour te dire: Achète mon champ qui est à Anathoth, car tu as le droit de rachat pour l’acquérir.
8 “Na sɛnea Awurade aka no, me wɔfa ba Hanamel baa me nkyɛn wɔ awɛmfo adiwo hɔ bɛkae se, ‘Tɔ mʼasase a ɛwɔ Anatot wɔ Benyamin mantam mu no. Esiane sɛ wowɔ ho kwan sɛ wugye na wofa no nti, tɔ na fa.’ “Mihuu sɛ eyi yɛ Awurade asɛm.”
Et Hanameel, fils de mon oncle, vint auprès de moi, selon la parole de l’Éternel, dans la cour de la prison, et il me dit: Achète mon champ, qui est à Anathoth, dans le pays de Benjamin, car tu as le droit d’héritage et de rachat, achète-le! Je reconnus que c’était la parole de l’Éternel.
9 Enti metɔɔ asase a na ɛwɔ Anatot no fii me wɔfa ba Hanamel nkyɛn na mituaa dwetɛ gram ɔha ne aduɔkron anan maa no.
J’achetai de Hanameel, fils de mon oncle, le champ qui est à Anathoth, et je lui pesai l’argent, dix-sept sicles d’argent.
10 Mede me nsa hyɛɛ adetɔ nhoma no ase, sɔw ano wɔ nnansefo anim, na mede nsania karii dwetɛ mpɔw no.
J’écrivis un contrat, que je cachetai, je pris des témoins, et je pesai l’argent dans une balance.
11 Na mefaa adetɔ nhoma no, nea wɔasɔw ano a ɛho nhyehyɛe wɔ mu no, ne nea wɔnsɔw ano no nso,
Je pris ensuite le contrat d’acquisition, celui qui était cacheté, conformément à la loi et aux usages, et celui qui était ouvert;
12 na mede saa adetɔ nhoma no maa Neria babarima Baruk a, ɔyɛ Maaseia nena no wɔ me wɔfa ba Hanamel, nnansefo a wɔde wɔn nsa hyɛɛ adetɔ nhoma no ase ne Yudafo a na wɔwɔ awɛmfo adiwo hɔ no nyinaa anim.
et je remis le contrat d’acquisition à Baruc, fils de Nérija, fils de Machséja, en présence de Hanameel, fils de mon oncle, en présence des témoins qui avaient signé le contrat d’acquisition, et en présence de tous les juifs qui se trouvaient dans la cour de la prison.
13 “Meka kyerɛɛ Baruk wɔ wɔn nyinaa anim se,
Et je donnai devant eux cet ordre à Baruc:
14 ‘Nea Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn no se ni: Fa saa adetɔ so nhoma yi, nea wɔasɔw ano ne nea wɔnsɔw ano, na fa gu dɔte asuhina mu, sɛnea ɛbɛkyɛ yiye.
Ainsi parle l’Éternel des armées, le Dieu d’Israël: Prends ces écrits, ce contrat d’acquisition, celui qui est cacheté et celui qui est ouvert, et mets-les dans un vase de terre, afin qu’ils se conservent longtemps.
15 Nea Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn no se ni: Wɔbɛtotɔ afi, mfuw ne bobe nturo wɔ asase yi so bio.’
Car ainsi parle l’Éternel des armées, le Dieu d’Israël: On achètera encore des maisons, des champs et des vignes, dans ce pays.
16 “Mede adetɔ nhoma no maa Neria babarima Baruk akyiri no, mebɔɔ Awurade mpae se,
Après que j’eus remis le contrat d’acquisition à Baruc, fils de Nérija, j’adressai cette prière à l’Éternel:
17 “Ao, Otumfo Awurade, wo na wonam wo tumi ne wo basa a woateɛ mu so abɔ ɔsoro ne asase. Biribiara nyɛ den mma wo.
Ah! Seigneur Éternel, Voici, tu as fait les cieux et la terre Par ta grande puissance et par ton bras étendu: Rien n’est étonnant de ta part.
18 Wuyi ɔdɔ adi kyerɛ mpempem, nanso wutua agyanom amumɔyɛ so ka gu wɔn mma a wodi wɔn akyi srɛ so. Onyankopɔn Tweduampɔn a woso na wowɔ tumi, wo din ne Asafo Awurade,
Tu fais miséricorde jusqu’à la millième génération, Et tu punis l’iniquité des pères dans le sein de leurs enfants après eux. Tu es le Dieu grand, le puissant, Dont le nom est l’Éternel des armées.
19 wo botae so, na wo nneyɛe yɛ kɛse. Wʼaniwa hu nnipa akwan nyinaa; na wutua obiara ka sɛnea nʼabrabɔ ne ne nneyɛe te.
Tu es grand en conseil et puissant en action; Tu as les yeux ouverts sur toutes les voies des enfants des hommes, Pour rendre à chacun selon ses voies, Selon le fruit de ses œuvres.
20 Woyɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade wɔ Misraim na atoa so de abesi nnɛ wɔ Israel ne adesamma nyinaa mu, na wode agye din a ɛwɔ wo de besi nnɛ.
Tu as fait des miracles et des prodiges dans le pays d’Égypte jusqu’à ce jour, Et en Israël et parmi les hommes, Et tu t’es fait un nom comme il l’est aujourd’hui.
21 Wode nsɛnkyerɛnne ne anwonwade, nsa a ɛyɛ den ne abasa a wɔateɛ mu ne nneɛma ɛyɛ hu yii wo man Israel fii Misraim.
Tu as fait sortir du pays d’Égypte ton peuple d’Israël, Avec des miracles et des prodiges, à main forte et à bras étendu, Et avec une grande terreur.
22 Wode asase a wokaa ho ntam sɛ wode bɛma wɔn agyanom no maa wɔn, asase a nufusu ne ɛwo sen wɔ so.
Tu leur as donné ce pays, Que tu avais juré à leurs pères de leur donner, Pays où coulent le lait et le miel.
23 Wɔba bedii, na wɔtenaa so, nanso wɔantie wo, na wɔanni wo mmara so; wɔanyɛ nea wohyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no. Enti wode saa amanehunu yi nyinaa baa wɔn so.
Ils sont venus, et ils en ont pris possession. Mais ils n’ont point obéi à ta voix, Ils n’ont point observé ta loi, Ils n’ont pas fait tout ce que tu leur avais ordonné de faire. Et c’est alors que tu as fait fondre sur eux tous ces malheurs!
24 “Hwɛ sɛnea wɔasisi ntuano mpampim de rebegye kuropɔn no. Esiane afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm nti, wɔde kuropɔn no bɛhyɛ Babiloniafo a wɔretow ahyɛ ne so no nsa. Nea wokae no aba mu sɛnea wuhu no mprempren no.
Voici, les terrasses s’élèvent contre la ville et la menacent; La ville sera livrée entre les mains des Chaldéens qui l’attaquent, Vaincue par l’épée, par la famine et par la peste. Ce que tu as dit est arrivé, et tu le vois.
25 Na ɛwɔ mu sɛ wɔde kuropɔn no bɛhyɛ Babiloniafo nsa de, nanso wo, Otumfo Awurade, ka kyerɛ me se, ‘Fa dwetɛ tɔ asase na ma nnansefo mmra ho nhyehyɛe no mu.’”
Néanmoins, Seigneur Éternel, tu m’as dit: Achète un champ pour de l’argent, prends des témoins… Et la ville est livrée entre les mains des Chaldéens!
26 Na Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn se,
La parole de l’Éternel fut adressée à Jérémie, en ces mots:
27 “Mene Awurade adesamma nyinaa Nyankopɔn. Na biribi yɛ den dodo ma me ana?
Voici, je suis l’Éternel, le Dieu de toute chair. Y a-t-il rien qui soit étonnant de ma part?
28 Enti nea Awurade se ni: Mede kuropɔn yi rebɛhyɛ Babiloniafo ne Babiloniahene Nebukadnessar nsa, na wɔafa.
C’est pourquoi ainsi parle l’Éternel: Voici, je livre cette ville entre les mains des Chaldéens, Et entre les mains de Nebucadnetsar, roi de Babylone, Et il la prendra.
29 Babiloniafo a wɔretow ahyɛ saa kuropɔn yi so no bɛba, na wɔato mu gya; wɔbɛhyew no dwerɛbee, ɛno ne afi a nnipa hyew nnuhuam wɔ atifi maa Baal na wohwiee afɔrebɔ nsa maa anyame foforo de hyɛɛ me abufuw no.
Les Chaldéens qui attaquent cette ville vont entrer, Ils y mettront le feu, et ils la brûleront, Avec les maisons sur les toits desquelles on a offert de l’encens à Baal Et fait des libations à d’autres dieux, Afin de m’irriter.
30 “Israelfo ne Yudafo nyɛɛ biribiara sɛ bɔne wɔ mʼani so, efi wɔn mmabun bere mu; ampa ara Israelfo nyɛɛ biribiara sɛ wɔde nneɛma a wɔde wɔn nsa ayɛ bɛhyɛ me abufuw, Awurade na ose.
Car les enfants d’Israël et les enfants de Juda N’ont fait, dès leur jeunesse, que ce qui est mal à mes yeux; Les enfants d’Israël n’ont fait que m’irriter Par l’œuvre de leurs mains, dit l’Éternel.
31 Efi da a wɔkyekyeree saa kuropɔn yi de besi nnɛ, wahyɛ me abufuw ne abufuwtraso a ɛsɛ sɛ miyi no fi mʼani so.
Car cette ville excite ma colère et ma fureur, Depuis le jour où on l’a bâtie jusqu’à ce jour; Aussi je veux l’ôter de devant ma face,
32 Israelfo ne Yudafo de bɔne a wɔayɛ nyinaa ahyɛ me abufuw, wɔn, wɔn ahemfo ne adwumayɛfo, wɔn asɔfo ne adiyifo, mmarima a wɔwɔ Yuda ne nnipa a wɔwɔ Yerusalem.
A cause de tout le mal que les enfants d’Israël et les enfants de Juda Ont fait pour m’irriter, Eux, leurs rois, leurs chefs, leurs sacrificateurs et leurs prophètes, Les hommes de Juda et les habitants de Jérusalem.
33 Wɔdan wɔn akyi kyerɛɛ me; ɛwɔ mu, mekyerɛkyerɛ wɔn bere biara de, nanso wɔantie na wɔamfa nteɛso.
Ils m’ont tourné le dos, ils ne m’ont pas regardé; On les a enseignés, on les a enseignés dès le matin; Mais ils n’ont pas écouté pour recevoir instruction.
34 Wɔasisi ahoni a ɛyɛ akyiwade wɔ ofi a me Din da so no mu, de guu ho fi.
Ils ont placé leurs abominations Dans la maison sur laquelle mon nom est invoqué, Afin de la souiller.
35 Wosisii sorɔnsorɔmmea maa Baal wɔ Ben Hinom bon mu, de wɔn mmabarima ne mmabea bɔɔ afɔre maa Molek, wɔ bere a menhyɛɛ wɔn na ɛmmaa mʼadwene mu da sɛ wɔnyɛ saa akyiwade yi mma Yuda nyɛ bɔne.
Ils ont bâti des hauts lieux à Baal dans la vallée de Ben-Hinnom, Pour faire passer à Moloc leurs fils et leurs filles: Ce que je ne leur avais point ordonné; Et il ne m’était point venu à la pensée Qu’ils commettraient de telles horreurs Pour faire pécher Juda.
36 “Woreka wɔ kuropɔn yi ho se, ‘Wɔnam afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm so de bɛhyɛ Babiloniahene nsa’; nanso sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn se:
Et maintenant, ainsi parle l’Éternel, le Dieu d’Israël, Sur cette ville dont vous dites: Elle sera livrée entre les mains du roi de Babylone, Vaincue par l’épée, par la famine et par la peste:
37 Ampa ara mɛboaboa wɔn ano afi nsase a mifi mʼabufuwhyew mu pam wɔn koguu hɔ; mɛsan de wɔn aba ha na mama wɔatena ase ahotɔ mu.
Voici, je les rassemblerai de tous les pays où je les ai chassés, Dans ma colère, dans ma fureur, et dans ma grande irritation; Je les ramènerai dans ce lieu, Et je les y ferai habiter en sûreté.
38 Wɔbɛyɛ me nkurɔfo, na mayɛ wɔn Nyankopɔn.
Ils seront mon peuple, Et je serai leur Dieu.
39 Na mɛma wɔn koma koro na wɔayɛ wɔn ade abɔ mu, sɛnea bere biara wobesuro me, wɔn ankasa ne wɔn nkyirimma yiyedi nti.
Je leur donnerai un même cœur et une même voie, Afin qu’ils me craignent toujours, Pour leur bonheur et celui de leurs enfants après eux.
40 Na me ne wɔn bɛyɛ daapem apam: Merennyae wɔn yiyeyɛ da, na mede ɔpɛ bɛhyɛ wɔn koma mu, ama wɔasuro me, sɛnea wɔrentwe wɔn ho mfi me ho da.
Je traiterai avec eux une alliance éternelle, Je ne me détournerai plus d’eux, Je leur ferai du bien, Et je mettrai ma crainte dans leur cœur, Afin qu’ils ne s’éloignent pas de moi.
41 Mʼani begye sɛ mɛyɛ wɔn yiye, na ampa ara mede me koma ne me kra nyinaa bedua wɔn wɔ asase yi so.
Je prendrai plaisir à leur faire du bien, Et je les planterai véritablement dans ce pays, De tout mon cœur et de toute mon âme.
42 “Sɛɛ na Awurade se: Sɛnea mede amanehunu kɛse yi nyinaa aba nkurɔfo yi so no, saa ara na mede yiyedi a mahyɛ wɔn ho bɔ no bɛma wɔn.
Car ainsi parle l’Éternel: De même que j’ai fait venir sur ce peuple tous ces grands malheurs, De même je ferai venir sur eux tout le bien que je leur promets.
43 Wɔbɛtotɔ nsase bio wɔ ha, nea moka wɔ ho se, ‘Wɔde ahyɛ Babiloniafo nsa, ɛno nti ada mpan, na nnipa anaa mmoa nni so no.’
On achètera des champs dans ce pays Dont vous dites: C’est un désert, sans hommes ni bêtes, Il est livré entre les mains des Chaldéens.
44 Wɔde dwetɛ bɛtotɔ nsase, na wɔbɛyɛ adetɔ nhoma wɔ so. Wɔbɛsɔw ano wɔ nnansefo anim wɔ Benyamin mantam, nkuraa a atwa Yerusalem ho ahyia, nkurow a ɛwɔ Yuda, bepɔw so man, atɔe fam mmepɔw ase ne Negeb, efisɛ mɛsan de wɔn ahonyade ama wɔn, Awurade na ose.”
On achètera des champs pour de l’argent, On écrira des contrats, on les cachètera, on prendra des témoins, Dans le pays de Benjamin et aux environs de Jérusalem, Dans les villes de Juda, dans les villes de la montagne, Dans les villes de la plaine et dans les villes du midi; Car je ramènerai leurs captifs, dit l’Éternel.