< Yesaia 54 >

1 “To nnwom, obonin, wo a wonwoo da; pae mu to nnwom, teɛ mu di ahurusi, wo a awo nkaa wo da; efisɛ ɔbea a wannya awo da no mma dɔɔso sen nea ɔwɔ kunu,” Awurade na ose.
“To dwom, Ao, ɔbonini, di ahurisie, wo a wonnwoo da; ma wo nne so na team, wo a awoɔ nkaa wo da; ɛfiri sɛ ɔbaa a woannya awoɔ da no mma adɔɔso sene deɛ ɔwɔ kunu,” Awurade na ɔseɛ.
2 “Trɛw wo ntamadan no mu; twe wo ntamadan ntwamu no mu, nnyae yɛ; toa wo ntampehama no so, bobɔ wo nnyinaso no so ma entim yiye.
“Trɛ wo ntomadan no mu; twe wo ntomadan ntwamu no mu, nnyae yɛ; toa wo ntampehoma no so, bobɔ wo mpɛɛwa no so ma ɛntim yie.
3 Efisɛ wobɛtrɛw akɔ nifa ne benkum; wʼasefo begye aman afa na wɔatena wɔn nkuropɔn amamfo so.
Ɛfiri sɛ wobɛtrɛ akɔ nifa ne benkum; wʼasefoɔ bɛgye aman afa na wɔatena wɔn nkuropɔn a asɛe no so.
4 “Nsuro; wʼanim rengu ase. Nsuro aniwu; wɔremmrɛ wo ase. Wo werɛ befi wo mmabun mu aniwu na wo kunayɛ mu ahohora nso worenkae bio.
“Nsuro. Wʼanim rengu ase. Nsuro aniwuo. Wɔremmrɛ wo ase. Wo werɛ bɛfiri wo mmabunu mu aniwuo na wo kunayɛ mu ahohora nso, worenkae bio.
5 Na wo Bɔfo yɛ wo kunu Asafo Awurade ne ne din, Israel Kronkronni no yɛ wo Gyefo. Wɔfrɛ no asase nyinaa so Nyankopɔn.
Na wo Bɔfoɔ yɛ wo kunu Asafo Awurade ne ne din, Israel Ɔkronkronni no yɛ wo Gyefoɔ. Wɔfrɛ no asase nyinaa so Onyankopɔn.
6 Awurade bɛsan afrɛ wo te sɛ ɔyere a woagyaa no na odi yaw wɔ ne koma mu, ɔyere a ɔwaree mmabaabere mu na wogyaa no mpofirim,” wo Nyankopɔn na ose.
Awurade bɛsane afrɛ wo te sɛ ɔyere a woagyaa no na ɔdi yea wɔ nʼakoma mu, ɔyere a ɔwaree mmabaawaberɛ mu na wogyaa no mpofirim,” wo Onyankopɔn na ɔseɛ.
7 “Migyaw wo bere tiaa bi mu, nanso mifi ayamhyehye a mu dɔ mu bɛsan de wo aba.
“Megyaa wo berɛ tiawa bi mu, nanso mefiri ayamhyehyeɛ a emu dɔ mu bɛsane de wo aba.
8 Abufuw mmoroso mu, mede mʼani hintaw wo mmere tiaa bi, nanso mʼayamye a ɛnsa da nti, mehu wo mmɔbɔ,” nea Awurade, wo Gyefo se ni.
Abufuo mmorosoɔ mu, mede mʼani hintaa wo mmerɛ tiawa bi, nanso mʼayamyɛ a ɛnsa da enti, mɛhunu wo mmɔbɔ,” deɛ Awurade, wo Gyefoɔ seɛ nie.
9 “Eyi te sɛ Noa mmere so a mekaa ntam se meremma nsuyiri nkata asase ani bio. Enti afei maka ntam se meremma me bo mfuw wo bio, na merenka wʼanim bio.
“Yei te sɛ Noa mmerɛ so a mekaa ntam sɛ meremma nsuyire nkata asase ani bio. Enti afei maka ntam sɛ meremma mebo mfu wo bio, na merenka wʼanim bio.
10 Sɛ mmepɔw wosow, na nkoko tutu a, me dɔ a ɛnsa da a mewɔ ma wo no renhinhim na mʼasomdwoe apam no rentwa mu,” sɛɛ na Awurade a ɔwɔ ahummɔbɔ ma mo no se.
Sɛ mmepɔ woso, na nkokoɔ tutu a, me dɔ a ɛnsa da a mewɔ ma wo no renhinhim na mʼasomdwoeɛ apam no rentwam,” sei na Awurade a ɔwɔ ahummɔborɔ ma mo no seɛ.
11 “Kuropɔn a ahum abubu wo na wɔnkyekyee wo werɛ ɛ, mede abo anintɔnka besiesie wo, na mede aboɔdemmo bibiri ayɛ wo fapem.
“Ao, kuropɔn a ahum abubu wo na wɔnkyekyee wo werɛ, mede aboɔ anintɔnka bɛsiesie wo, na mede aboɔdemmoɔ ayɛ wo fapem.
12 Mede bogyabo bɛto wʼabantifi afasu, na mede abohemaa a ɛhyerɛn ayɛ wʼapon, na mede aboɔdemmo ayɛ wʼafasu nyinaa.
Mede bogyaboɔ bɛto wʼabantifi afasuo, na mede abohemaa a ɛhyerɛn ayɛ wʼapono, na mede aboɔdemmoɔ ayɛ wʼafasuo nyinaa.
13 Awurade bɛkyerɛkyerɛ wo mmabarima nyinaa, na wo mma asomdwoe bɛdɔɔso.
Awurade bɛkyerɛkyerɛ wo mmammarima nyinaa, na wo mma asomdwoeɛ bɛdɔɔso.
14 Wubetim wɔ trenee mu: Wo ne nhyɛsotraso ntam kwan bɛware worensuro biribiara. Ahupoo bɛkɔ akyirikyiri, na ɛremmɛn wo.
Wobɛtim wɔ tenenee mu: Wo ne nhyɛsotrasoɔ ntam kwan bɛware; worensuro biribiara. Ahupoo bɛkɔ akyirikyiri, na ɛremmɛn wo.
15 Sɛ obi tow hyɛ wo so a, na emfi me; na nea ɔtow hyɛ wo so no de ne ho bɛma wo.
Sɛ obi to hyɛ wo so a, na ɛmfiri me; na deɛ ɔto hyɛ wo so no de ne ho bɛma wo.
16 “Hwɛ, ɛyɛ me na mebɔɔ ɔtomfo a ofita nnyansramma mu ma ɛdɛw na ɔde ahoɔden bɔ akode a ɛfata ne dwumadi. Na ɛyɛ me na mabɔ ɔsɛefo sɛ ɔmmɛsɛe ade;
“Hwɛ, ɛyɛ me na mebɔɔ ɔtomfoɔ a ɔfite gyasramma mu ma ɛdɛre na ɔde ahoɔden bɔ akodeɛ a ɛfata ne dwumadie. Na ɛyɛ me na mabɔ ɔsɛefoɔ sɛ ɔmmɛsɛe adeɛ;
17 akode biara a wɔabɔ atia wo no rennyina na tɛkrɛma biara a ɛbɛbɔ wo sobo no wobɛbɔ agu. Eyi ne Awurade nkoa agyapade, ne wɔn bembu a efi me,” Awurade na ose.
akodeɛ biara a wɔabɔ atia wo no rennyina na tɛkrɛma biara a ɛbɛbɔ wo soboɔ no, wobɛbɔ agu. Yei ne Awurade nkoa agyapadeɛ ne wɔn bembuo a ɛfiri me,” Awurade na ɔseɛ.

< Yesaia 54 >

A Dove is Sent Forth from the Ark
A Dove is Sent Forth from the Ark