< Yesaia 49 >

1 Muntie me, mo mpoano aman; monyɛ aso mo akyirikyiri aman ansa na wɔrebɛwo me no, Awurade frɛɛ me ɔbɔɔ me din ansa na wɔrewo me.
Montie me, mo mpoano aman; monyɛ aso mo akyirikyiri aman ansa na wɔrebɛwo me no, Awurade frɛɛ me ɔbɔɔ me din ansa na wɔrewo me.
2 Ɔyɛɛ mʼano sɛ afoa nnamnam, Ɔde me hintaw ne nsa ase nwini mu; ɔde me yɛɛ agyan a ano yɛ nnam na ɔde me hyɛɛ ne boha mu.
Ɔyɛɛ mʼano sɛ akofena nnamnnam, Ɔde me hintaa ne nsa ase nwunu mu; ɔde me yɛɛ agyan a ano yɛ nnam na ɔde me hyɛɛ ne bɔha mu.
3 Ɔka kyerɛɛ me se, “Woyɛ me somfo, Israel, wo mu na mɛda mʼanuonyam adi.”
Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Woyɛ me ɔsomfoɔ, Israel, wo mu na mɛda mʼanimuonyam adi.”
4 Nanso mekae se, “Mabrɛ agu masɛe mʼahoɔden kwa, mannya mu hwee nanso nea ɛwɔ me wɔ Awurade nsam na mʼakatua wɔ me Nyankopɔn nkyɛn.”
Nanso mekaa sɛ, “Mabrɛ agu masɛe mʼahoɔden kwa, mannya mu hwee nanso mede me ho ato Awurade so na mʼakatua wɔ me Onyankopɔn nkyɛn.”
5 Na afei, Awurade kasa se, nea ɔnwen me wɔ awotwaa mu sɛ memmɛyɛ ne somfo sɛ memfa Yakob nsan mmra ne nkyɛn na me mmoaboa Israel ano mma no no, wahyɛ me anuonyam wɔ Awurade ani so na me Nyankopɔn ayɛ mʼahoɔden.
Na afei, Awurade akasa: deɛ ɔnwonoo me wɔ awotwaa mu sɛ memmɛyɛ ne ɔsomfoɔ na memfa Yakob nsane mmra ne nkyɛn na me mmoaboa Israel ano mma no no. Awurade ahyɛ me animuonyam na me Onyankopɔn ayɛ mʼahoɔden.
6 Ɔka se, “Ɛyɛ ade ketewa bi ma wo sɛ wobɛyɛ me somfo sɛ wode Yakob mmusuakuw bɛsan aba na wode Israelfo a mede wɔn asie bɛsan aba. Mɛma moayɛ amanamanmufo nyinaa kanea, ɛnam mo so na wobegye wiasefo nyinaa nkwa.”
Ɔka sɛ, “Wobɛyɛ me ɔsomfoɔ a wode Yakob mmusuakuo bɛsane aba, na wode Israelfoɔ a mede wɔn asie nso bɛsane aba. Nanso, mɛma woayɛ amanamanmufoɔ nyinaa kanea, ɛnam wo so na wɔbɛgye ewiasefoɔ nyinaa nkwa.”
7 Sɛɛ na Awurade se, Ogyefo ne Israel ɔkronkronni no de kɔma nea aman buu no animtiaa na wokyii no, ahemfo somfo no; “Ahene behu wo na wɔasɔre ahenemma behu wo na wɔakotow wo esiane Awurade a ɔyɛ ɔnokwafo, Israel ɔkronkronni a wayi wo no nti.”
Sei na Awurade seɛ, Ɔgyefoɔ ne Israel Ɔkronkronni no de asɛm yi kɔma deɛ ɔman no buu no animtia na wɔkyirii no, deɛ ɔyɛ sodifoɔ ɔsomfoɔ no: “Ahene bɛhunu wo na wɔasɔre ahenemma bɛhunu wo na wɔakoto wo ɛsiane Awurade a ɔyɛ nokwafoɔ, Israel ɔkronkronni a wayi woɔ no enti.”
8 Sɛɛ na Awurade se: “Bere a ɛsɛ mu no, mebua wo, na nkwagyeda no, mɛboa wo; mɛkora wo na mede wo ayɛ apam ama nkurɔfo no, de agye asase no asi hɔ akyekyɛ agyapade ahorow a asɛe no bio,
Sei na Awurade seɛ: “Ɛberɛ a ɛsɛ mu no, mɛbua wo, na nkwagyeɛ da no, mɛboa wo; mɛkora wo na mede wo ayɛ apam ama nkurɔfoɔ no, de agye asase no asi hɔ akyekyɛ agyapadeɛ ahodoɔ a asɛe no bio.
9 wobɛka akyerɛ nneduafo se, ‘Mumfi mmra!’ ne wɔn a wɔwɔ sum mu se, ‘Momfa mo ho nni!’ “Wobedidi wɔ akwan ho wobenya adidibea wɔ koko kesee biara so.
Wobɛka akyerɛ nneduafoɔ sɛ, ‘Momfiri mmra!’ ne wɔn a wɔwɔ esum mu sɛ, ‘Momfa mo ho nni!’ “Wɔbɛdidi wɔ akwan ho. Wɔbɛnya adidibea wɔ kokoɔ bonini biara so.
10 Ɔkɔm renne wɔn na osukɔm nso renne wɔn; nweatam so hyew ne owia ano hyew renka wɔn, nea ɔwɔ ayamhyehye ma wɔn no bɛkyerɛ wɔn kwan na ɔde wɔn akɔ nsuaniwa ho.
Ɛkɔm renne wɔn na osukɔm nso renne wɔn; anweatam so hyeɛ ne owia ano hyeɛ renka wɔn. Deɛ ɔwɔ ayamhyehyeɛ ma wɔn no bɛkyerɛ wɔn kwan na ɔde wɔn akɔ nsutire ho.
11 Mɛyɛ me mmepɔw nyinaa akwan, na mʼatempɔn nso mɛma akrɔn.
Mɛyɛ me mmepɔ nyinaa akwan, na mʼakwantempɔn nso mɛma akorɔn.
12 Hwɛ, wufi akyirikyiri bɛba ebinom befi atifi fam, ebinom befi atɔe fam ebinom nso befi Sinin mantam mu.”
Hwɛ, wɔfiri akyirikyiri bɛba ebinom bɛfiri atifi fam, ebinom bɛfiri atɔeɛ fam ebinom nso bɛfiri Sinin mantam mu.”
13 Momfa anigye nteɛ mu, ɔsoro; di ahurusi, asase; mompae mu nnwonto mu, mmepɔw! Na Awurade kyekye ne nkurɔfo werɛ, na obehu nʼamanehunufo mmɔbɔ.
Momfa anigyeɛ nteam, Ao ɔsoro; di ahurisie, Ao asase; monto nnwom, Ao mmepɔ! Na Awurade kyekye ne nkurɔfoɔ werɛ, na ɔbɛhunu nʼamanehunufoɔ mmɔbɔ.
14 Nanso Sion kae se, “Awurade agyaw me hɔ, Awurade werɛ afi me.”
Nanso, Sion kaa sɛ, “Awurade agya me hɔ, Awurade werɛ afiri me.”
15 “Ɛna werɛ betumi afi ne ba a otua nufu ano a ɔrennya ayamhyehye mma ɔba a waturu no no ana? Ebia ne werɛ befi, na me werɛ remfi wo!
“Ɔbaa werɛ bɛtumi afiri ne ba a ɔtua nufoɔ ano a ɔrennya ayamhyehyeɛ mma ɔba a waturu no anaa? Ebia ne werɛ bɛfiri, na me werɛ remfiri wo!
16 Hwɛ, makurukyerɛw wo din agu me nsa yam wʼafasu wɔ mʼani so daa.
Hwɛ, makrukyire wo din agu me nsa yam wʼafasuo wɔ mʼani so daa.
17 Mo mmabarima resan aba ntɛm so; na wɔn a wɔsɛe mo no refi mo nkyɛn akɔ.
Mo mmammarima resane aba ntɛm so; na wɔn a wɔsɛe mo no refiri mo nkyɛn akɔ.
18 Momma mo ani so nhwɛ mo ho nhyia; mo mmabarima nyinaa reboa wɔn ho ano aba mo nkyɛn. Sɛ mete ase yi” sɛnea Awurade se, “mode wɔn bɛyɛ ahyehyɛde ama mo ho mubefura wɔn sɛ ayeforokunu.
Momma mo ani so na monhwɛ mo ho nhyia; mo mmammarima nyinaa reboa wɔn ho ano aba mo nkyɛn. Sɛ mete ase yi” sɛdeɛ Awurade seɛ, “mode wɔn bɛyɛ ahyehyɛdeɛ ama mo ho mode wɔn bɛfira sɛ ayeforɔkunu.
19 “Ɛwɔ mu sɛ wɔsɛee mo yɛɛ mo pasaa maa mo asase daa mpan, afei nnipa bɛhyɛ wo so ma, ama aboro wo so, na wɔn a wɔsɛee wo no bɛkɔ akyirikyiri.
“Ɛwom sɛ wɔsɛee mo yɛɛ mo pasaa maa mo asase daa mpan deɛ, nanso, afei nnipa bɛhyɛ mo so ma, ama aboro mo so, na wɔn a wɔsɛee mo no bɛkɔ akyirikyiri.
20 Mmofra a wɔwoo wɔn wɔ mo nna bɔne mu no bɛka ama moate sɛ, ‘Ɛha sua ma yɛn dodo; momma yɛn asase no bi nka ho na yɛntena so.’
Mmɔfra a wɔwoo wɔn wɔ mo nnabɔne mu no bɛka ama moate sɛ, ‘Ɛha sua ma yɛn dodo; momma yɛn asase no bi nka ho na yɛntena so.’
21 Na wobɛka wɔ wo koma mu se, ‘Hena na ɔwoo eyinom maa me? Na meyɛ ɔwerɛhowni ne obonin; wotuu me kɔɔ asase foforo so na wɔpoo me. Hena na ɔtetew eyinom? Wogyaw me nko ara na eyinom, he na wofi bae?’”
Na wobɛka wɔ wʼakoma mu sɛ, ‘Hwan na ɔwoo yeinom maa me? Na meyɛ ɔwerɛhoni ne obonini; wɔtuu me kɔɔ asase foforɔ so na wɔpoo me. Hwan na ɔtetee yeinom? Wɔgyaa me nko ara na yeinom, ɛhe na wɔfiri baeɛ?’”
22 Sɛɛ na Asafo Awurade se: “Hwɛ, menyama amanamanmufo, mɛma me frankaa no so akyerɛ nkurɔfo no wobeturu wo mmabarima wɔ wɔn nsa so aba na wɔbɛsoa wo mmabea wɔ wɔn mmati so.
Sei na Asafo Awurade seɛ: “Hwɛ, mɛnyama amanamanmufoɔ, mɛpagya me frankaa no akyerɛ nkurɔfoɔ no. Wɔbɛturu mo mmammarima wɔ wɔn nsa so aba na wɔbɛsoa mo mmammaa wɔ wɔn mmatire so.
23 Ahemfo bɛyɛ mo agyanom nsiananmu, na wɔn ahemmea ayɛ ɛnanom a wɔbɛhwɛ mo. Wɔbɛkotow mo a wɔn anim butubutuw fam; wɔbɛtaforo mo nan ase mfutuma. Afei mubehu sɛ mene Awurade. Wɔn a wɔn ani da me so no, merenni wɔn huammɔ.”
Ahemfo bɛyɛ mo agyanom nsiananmu, na wɔn ahemaa ayɛ maamenom a wɔbɛhwɛ mo. Wɔbɛkoto mo a wɔn anim butubutu fam; wɔbɛtafere mo nan ase mfuturo. Afei mobɛhunu sɛ me ne Awurade; Wɔn a wɔn ani da me so no, merenni wɔn hwammɔ.”
24 Wobetumi agye asade afi akofo nsam; anaa wobetumi agye nnommumfo afi otirimɔdenfo nsam?
Hwan na ɔbɛtumi agye afodeɛ afiri akofoɔ nsam; anaa hwan na ɔbɛtumi agye nnommumfoɔ afiri otirimuɔdenfoɔ nsam?
25 Nanso, sɛɛ na Awurade se: “Yiw, wobegye nnommumfo afi akofo nsam na wɔagye asade afi otirimɔdenfo nsam; me ne wɔn a wɔne wo nya no benya na megye wo mma nkwa.
Nanso, sei na Awurade seɛ: “Aane, mɛgye nnommumfoɔ afiri akofoɔ nsam na mɛgye afodeɛ afiri otirimuɔdenfoɔ nsam; me ne wɔn a wɔne mo nya no bɛnya na mɛgye mo mma nkwa.
26 Mema wɔn a wɔhyɛ wo so no awe wɔn ankasa honam; wɔn mogya bɛbow wɔn sɛnea wɔanom nsa. Afei adesamma nyinaa behu sɛ me, Awurade, me ne wʼAgyenkwa no, wo Gyefo, Yakob Tumfo No.”
Mema wɔn a wɔhyɛ mo so no awe wɔn ankasa honam; wɔn mogya bɛbo wɔn sɛdeɛ wɔanom nsã. Afei adasamma nyinaa bɛhunu sɛ me, Awurade, me ne wʼAgyenkwa no, mo Gyefoɔ, Yakob Otumfoɔ No.”

< Yesaia 49 >