< Yesaia 50 >

1 Sɛɛ na Awurade se: “Ɛhe na awaregyae ho adansedi nhoma, nea migyinaa so gyaa no kwan no wɔ? Anaa sɛ mʼadefirifo mu hena na metɔn wo maa no? Wo bɔne nti na wɔtɔn wo; Wʼamumɔyɛ nti na wɔpam wo na.
Sei na Awurade seɛ: “Wo maame awaregyaeɛ ho adansedie nwoma a megyinaa so gyaa no ɛkwan no wɔ he? Anaa sɛ mʼadefirifoɔ mu hwan na metɔn wo maa noɔ? Wo bɔne enti na wɔtɔn wo; Wʼamumuyɛ enti na wɔpamoo wo maame.
2 Mebae no, adɛn nti na na obiara nni hɔ? Mefrɛe no, adɛn nti na obiara annye so? Na me nsa yɛ tia dodo sɛ ebegye wo ana? Minni ahoɔden a mede begye wo ana? Mede mʼanimka kɛkɛ no ma po yow, medan nsubɔnten nweatam mu mpataa porɔw esiane nsu a wonnya nti na osukɔm kum wɔn.
Mebaeɛ no, adɛn enti na na obiara nni hɔ? Mefrɛeɛ no, adɛn enti na obiara annye soɔ? Na me nsa yɛ tia dodo sɛ ɛbɛgye wo anaa? Menni ahoɔden a mede bɛgye wo anaa? Mede mʼanimka kakra bi ma ɛpo mu nsuo we, medane nsubɔntene anweatam emu mpataa porɔ ɛsiane nsuo a wɔnnya enti na osukɔm kumm wɔn.
3 Mede sum fura ɔsoro na mema atweaatam yɛ ne nkataho.”
Mede esum fira ɔsoro na mema ayitoma yɛ ne nkataho.”
4 Asafo Awurade ama me nkyerɛkyerɛ tɛkrɛma sɛ ɛnka asɛm a ɛhyɛ ɔbrɛfo den. Onyan me anɔpa biara, na obue mʼaso ma mitie sɛ obi a ɔregye nkyerɛkyerɛ.
Asafo Awurade ama me nkyerɛkyerɛ tɛkrɛma sɛ ɛnka asɛm a ɛhyɛ ɔbrɛfoɔ den. Ɔnyane me anɔpa biara, na ɔbue mʼaso ma metie sɛ obi a ɔregye nkyerɛkyerɛ.
5 Otumfo Awurade abue mʼaso na menyɛɛ otuatewfo ɛ; na mensan mʼakyi ɛ.
Otumfoɔ Awurade abue mʼaso na menyɛɛ otuatefoɔ; na mensanee mʼakyi.
6 Mede mʼakyi maa wɔn a wɔboro me, ne mʼafono maa wɔn a wotutu mʼabogyesɛ. Mamfa mʼanim anhintaw wɔn fɛwdi ne ntasu ho.
Mede mʼakyi maa wɔn a wɔboro me, na mede mʼafono maa wɔn a wɔtutu mʼabɔgyesɛ. Mamfa mʼanim ansie wɔn fɛdie ne ntasuteɛ ho.
7 Esiane sɛ, Asafo Awurade boa me nti, wɔrengu mʼanim ase. Enti na mayɛ mʼanim sɛ ɔtwɛrebo, na minim sɛ mʼanim rengu ase.
Esiane sɛ, Asafo Awurade boa me enti, wɔrengu mʼanim ase. Enti na mayɛ mʼanim sɛ twerɛboɔ, na menim sɛ mʼanim rengu ase.
8 Nea obu me bem no abɛn. Enti hena na ɔbɛbɔ me kwaadu? Ɔmma yenhyia mu! Hena na ɔbɔ me sobo? Ma ɔnka nsi mʼanim!
Deɛ ɔbu me bem no abɛn. Enti hwan na ɔbɛbɔ me kwaadu? Ɔmmra na yɛnhyia mu! Hwan na ɔbɔ me soboɔ? Ma ɔnka nsi mʼanim!
9 Asafo Awurade na ɔboa me. Hena ne nea obebu me fɔ? Wɔn nyinaa bɛtetew sɛ atade; nnwewemmoa bɛwe wɔn.
Asafo Awurade na ɔboa me. Hwan ne deɛ ɔbɛbu me fɔ? Wɔn nyinaa bɛtete sɛ atadeɛ; nnweweboaa bɛwe wɔn.
10 Mo mu hena na osuro Awurade, na odi ne somfo asɛm so? Ma nea ɔnam sum mu nea onni hann no, onnye Awurade din nni na ɔmfa ne ho nto ne Nyankopɔn so.
Mo mu hwan na ɔsuro Awurade, na ɔdi ne ɔsomfoɔ asɛm so? Ma deɛ ɔnam esum mu, deɛ ɔnni hann no, ɔnnye Awurade din nni na ɔmfa ne ho nto ne Onyankopɔn so.
11 Na afei, mo a mososɔ ogya nyinaa na moyɛ ogyatɛn ma mo ho, monkɔ, nkɔnantew mo gya hann no, ne ogyatɛn a wɔasɔ ano no mu. Eyi ne nea mubenya afi me nsa mu; mobɛdeda fam wɔ ɔyaw mu.
Na afei, monhwɛ yie, mo a monante mo ankasa hann mu, mo a mode ogya a mo ankasa asɔ ka mo ho hye, Yei ne deɛ mobɛnya afiri me nsa mu; mobɛhwe ase adeda fam wɔ ɔyea mu.

< Yesaia 50 >