< Hosea 1 >

1 Bere a Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia yɛ ahemfo wɔ Yuda, na Yoas babarima Yeroboam di hene wɔ Israel no, Awurade de saa nsɛm yi baa Beeri babarima Hosea nkyɛn.
The word of Jehovah that came unto Hosea, the son of Beeri, in the days of Uzziah, Jotham, Ahaz, Hezekiah, kings of Judah, and in the days of Jeroboam the son of Joash, king of Israel.
2 Bere a Awurade dii kan kasa faa Hosea so no, ɔka kyerɛɛ no se, “Kɔware oguamanfo, na wo ne no nwo, efisɛ ɔman no di aguamammɔ ho fɔ na wɔnam so atetew wɔne Onyankopɔn ntam.”
The beginning of the word of Jehovah through Hosea. And Jehovah said to Hosea, Go, take unto thee a wife of whoredoms, and children of whoredoms; for the land is entirely given up to whoredom, away from Jehovah.
3 Enti, ɔwaree Diblaim babea Gomer, na onyinsɛn woo ɔbabarima maa no.
And he went and took Gomer the daughter of Diblaim; and she conceived and bore him a son.
4 Na Awurade ka kyerɛɛ no se, “To ne din Yesreel, efisɛ, merebɛtwe ɔhene Yehufi aso, de atua awu a odii wɔ Yesreel no so ka. Na mede Israel ahenni bɛba awiei.
And Jehovah said unto him, Call his name Jizreel; for yet a little, and I will visit the blood of Jizreel upon the house of Jehu, and will cause the kingdom of the house of Israel to cease.
5 Saa da no, mebubu Israel tadua wɔ Yesreel bon no mu.”
And it shall come to pass in that day, that I will break the bow of Israel in the valley of Jizreel.
6 Gomer nyinsɛnee bio, na ɔwoo ɔbabea. Na Awurade ka kyerɛɛ Hosea se, “To ne din Lo-ruhama efisɛ, merenna me dɔ adi nkyerɛ Israelfo bio, na meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn koraa.
And she conceived again, and bore a daughter. And he said unto him, Call her name Lo-ruhamah; for I will no more have mercy upon the house of Israel, so that I should pardon them.
7 Nanso meyi me dɔ akyerɛ Yudafo. Me Awurade wɔn Nyankopɔn, mede me tumi begye wɔn afi wɔn atamfo nsam a meremfa tadua, afoa anaa ɔko anaa apɔnkɔ ne apɔnkɔsotefo.”
But I will have mercy upon the house of Judah, and will save them by Jehovah their God; and I will not save them by bow, or by sword, or by battle, [or] by horses, or by horsemen.
8 Bere a Gomer twaa Lo-ruhama nufu akyi no, ɔwoo ɔba barima foforo.
And she weaned Lo-ruhamah; and she conceived and bore a son;
9 Na Awurade kae se, “To ne din Lo-ami, efisɛ monnyɛ me nkurɔfo na mennyɛ mo Nyankopɔn.
and he said, Call his name Lo-ammi; for ye are not my people, and I will not be for you.
10 “Nanso Israelfo bɛyɛ sɛ mpoano nwea a wontumi nkan wɔn. Faako a wɔka kyerɛɛ wɔn se, ‘Monnyɛ me nkurɔfo’ no, wɔbɛka se, ‘Moyɛ Onyankopɔn teasefo no mma.’
Yet the number of the children of Israel shall be as the sand of the sea which cannot be measured or numbered; and it shall come to pass, [that] in the place where it was said unto them, Ye are not my people, it shall be said unto them, Sons of the living God.
11 Na Yudafo ne Israelfo bɛka abɔ mu bio, na wobeyi ɔkwankyerɛfo baako ama wɔn, na wɔn nyinaa bɛsan afi nnommum no mu aba. Saa da no bɛyɛ da kɛse ama Yesreel.”
And the children of Judah and the children of Israel shall be gathered together, and they shall appoint themselves one head, and shall go up out of the land: for great is the day of Jizreel.

< Hosea 1 >