Preface
Read
+
Publisher
Nainoia, Inc.
PO Box 462, Bellefonte, PA 16823
(814) 470-8028
Nainoia Inc, Publisher
LinkedIn/NAINOIA-INC
Third Party Publisher Resources
Request Custom Formatted Verses
Please contact us below
Submit your proposed corrections
I understand that the Aionian Bible republishes public domain and Creative Commons Bible texts and that volunteers may be needed to present the original text accurately. I also understand that apocryphal text is removed and most variant verse numbering is mapped to the English standard. I have entered my corrections under the verse(s) below. Proposed corrections to the Akuapem Twi Bible, Hosea Chapter 1 https://www.AionianBible.org/Bibles/Twi---Akuapem-Twi-Bible/Hosea 1) Bere a Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia yɛ ahemfo wɔ Yuda, na Yoas babarima Yeroboam di hene wɔ Israel no, Awurade de saa nsɛm yi baa Beeri babarima Hosea nkyɛn. 2) Bere a Awurade dii kan kasa faa Hosea so no, ɔka kyerɛɛ no se, “Kɔware oguamanfo, na wo ne no nwo, efisɛ ɔman no di aguamammɔ ho fɔ na wɔnam so atetew wɔne Onyankopɔn ntam.” 3) Enti, ɔwaree Diblaim babea Gomer, na onyinsɛn woo ɔbabarima maa no. 4) Na Awurade ka kyerɛɛ no se, “To ne din Yesreel, efisɛ, merebɛtwe ɔhene Yehufi aso, de atua awu a odii wɔ Yesreel no so ka. Na mede Israel ahenni bɛba awiei. 5) Saa da no, mebubu Israel tadua wɔ Yesreel bon no mu.” 6) Gomer nyinsɛnee bio, na ɔwoo ɔbabea. Na Awurade ka kyerɛɛ Hosea se, “To ne din Lo-ruhama efisɛ, merenna me dɔ adi nkyerɛ Israelfo bio, na meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn koraa. 7) Nanso meyi me dɔ akyerɛ Yudafo. Me Awurade wɔn Nyankopɔn, mede me tumi begye wɔn afi wɔn atamfo nsam a meremfa tadua, afoa anaa ɔko anaa apɔnkɔ ne apɔnkɔsotefo.” 8) Bere a Gomer twaa Lo-ruhama nufu akyi no, ɔwoo ɔba barima foforo. 9) Na Awurade kae se, “To ne din Lo-ami, efisɛ monnyɛ me nkurɔfo na mennyɛ mo Nyankopɔn. 10) “Nanso Israelfo bɛyɛ sɛ mpoano nwea a wontumi nkan wɔn. Faako a wɔka kyerɛɛ wɔn se, ‘Monnyɛ me nkurɔfo’ no, wɔbɛka se, ‘Moyɛ Onyankopɔn teasefo no mma.’ 11) Na Yudafo ne Israelfo bɛka abɔ mu bio, na wobeyi ɔkwankyerɛfo baako ama wɔn, na wɔn nyinaa bɛsan afi nnommum no mu aba. Saa da no bɛyɛ da kɛse ama Yesreel.” Additional comments?
Refresh Captcha
The world's first Holy Bible un-translation!