< Hebrifo 1 >

1 Mmere a atwa mu no, na Onyankopɔn nam akwan ahorow bebree so fa adiyifo so kasa kyerɛ yɛn mpanyimfo no.
multifariam et multis modis olim Deus loquens patribus in prophetis
2 Mmom, mmere a edi akyiri no de, ɔnam ne Ba no so akasa akyerɛ yɛn. Ɔyɛ obi a Onyankopɔn nam ne so bɔɔ wiase. Na ɔno na Onyankopɔn ayi no sɛ awiei no, nneɛma nyinaa bɛyɛ ne de. (aiōn g165)
novissime diebus istis locutus est nobis in Filio quem constituit heredem universorum per quem fecit et saecula (aiōn g165)
3 Ɔnam hyerɛn a Onyankopɔn anuonyam hyerɛn no so haran. Ɔyɛ Onyankopɔn sɛso pɛpɛɛpɛ, na ɔde nʼasɛm a tumi wɔ mu no so wiase mu. Ɔtew nnipa ho fii wɔn bɔne mu wiei no, ɔtenaa Otumfo Nyankopɔn nifa so wɔ ɔsoro.
qui cum sit splendor gloriae et figura substantiae eius portansque omnia verbo virtutis suae purgationem peccatorum faciens sedit ad dexteram Maiestatis in excelsis
4 Ɛno nti ɔyɛɛ ɔkɛse sen abɔfo no, efisɛ din a Onyankopɔn de too no no yɛ kɛse sen wɔn de no.
tanto melior angelis effectus quanto differentius prae illis nomen hereditavit
5 Efisɛ Onyankopɔn nso anka ankyerɛ nʼabɔfo no mu biara se, “Woyɛ me Ba; nnɛ mayɛ wʼAgya.” Na wanka ankyerɛ ɔbɔfo biara se, “Mɛyɛ wʼAgya na woayɛ me Ba.”
cui enim dixit aliquando angelorum Filius meus es tu ego hodie genui te et rursum ego ero illi in Patrem et ipse erit mihi in Filium
6 Bere a Onyankopɔn pɛɛ sɛ ɔsoma nʼabakan no ba wiase no, ɔsan kae se, “Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn abɔfo nyinaa som no.”
et cum iterum introducit primogenitum in orbem terrae dicit et adorent eum omnes angeli Dei
7 Asɛm a Onyankopɔn ka faa abɔfo no ho ne sɛ, “Onyankopɔn soma nʼabɔfo sɛ mframa, na ɔsoma nʼasomfo sɛ gyaframa.”
et ad angelos quidem dicit qui facit angelos suos spiritus et ministros suos flammam ignis
8 Nea ɛfa Ɔba no ho no, Onyankopɔn kae se, “Ao, Onyankopɔn, wʼahengua bɛtena hɔ daa nyinaa; wʼAhenni yɛ atɛntrenee. (aiōn g165)
ad Filium autem thronus tuus Deus in saeculum saeculi et virga aequitatis virga regni tui (aiōn g165)
9 Wodɔ trenee, na wukyi bɔne, ɛno nti Onyankopɔn, wo Nyankopɔn no, de wo asi wo mfɛfo so, na ɔde anigye ngo asra wo.”
dilexisti iustitiam et odisti iniquitatem propterea unxit te Deus Deus tuus oleo exultationis prae participibus tuis
10 Onyankopɔn san kae se, “Mfiase no wotoo asase fapem, na ɔsoro yɛ wo nsa ano adwuma.
et tu in principio Domine terram fundasti et opera manuum tuarum sunt caeli
11 Ne nyinaa betwa mu; na wo de, wobɛtena hɔ daa; wɔbɛtetew sɛ atade.
ipsi peribunt tu autem permanebis et omnes ut vestimentum veterescent
12 Wɔbɛbobɔw no sɛ ntama; na wɔbɛsesa no sɛ ntade. Nanso wote sɛnea wote, na wo mfe to rentwa da.”
et velut amictum involves eos et mutabuntur tu autem idem es et anni tui non deficient
13 Onyankopɔn anka ankyerɛ nʼabɔfo no se, “Montena me nifa so nkosi sɛ mede mo atamfo bɛyɛ mo anan ase ntiaso.”
ad quem autem angelorum dixit aliquando sede a dextris meis quoadusque ponam inimicos tuos scabillum pedum tuorum
14 Sɛ saa a, na abɔfo no yɛ dɛn? Wɔn nyinaa yɛ ahonhom a wɔsom Onyankopɔn na ɔsoma wɔn ma wɔkɔboa wɔn a wɔrehwehwɛ nkwagye no.
nonne omnes sunt administratorii spiritus in ministerium missi propter eos qui hereditatem capient salutis

< Hebrifo 1 >