Preface
Read
+
Publisher
Nainoia, Inc.
PO Box 462, Bellefonte, PA 16823
(814) 470-8028
Nainoia Inc, Publisher
LinkedIn/NAINOIA-INC
Third Party Publisher Resources
Request Custom Formatted Verses
Please contact us below
Submit your proposed corrections
I understand that the Aionian Bible republishes public domain and Creative Commons Bible texts and that volunteers may be needed to present the original text accurately. I also understand that apocryphal text is removed and most variant verse numbering is mapped to the English standard. I have entered my corrections under the verse(s) below. Proposed corrections to the Akuapem Twi Bible, Hebrews Chapter 1 https://www.AionianBible.org/Bibles/Twi---Akuapem-Twi-Bible/Hebrews 1) Mmere a atwa mu no, na Onyankopɔn nam akwan ahorow bebree so fa adiyifo so kasa kyerɛ yɛn mpanyimfo no. 2) Mmom, mmere a edi akyiri no de, ɔnam ne Ba no so akasa akyerɛ yɛn. Ɔyɛ obi a Onyankopɔn nam ne so bɔɔ wiase. Na ɔno na Onyankopɔn ayi no sɛ awiei no, nneɛma nyinaa bɛyɛ ne de. (aiōn g165) 3) Ɔnam hyerɛn a Onyankopɔn anuonyam hyerɛn no so haran. Ɔyɛ Onyankopɔn sɛso pɛpɛɛpɛ, na ɔde nʼasɛm a tumi wɔ mu no so wiase mu. Ɔtew nnipa ho fii wɔn bɔne mu wiei no, ɔtenaa Otumfo Nyankopɔn nifa so wɔ ɔsoro. 4) Ɛno nti ɔyɛɛ ɔkɛse sen abɔfo no, efisɛ din a Onyankopɔn de too no no yɛ kɛse sen wɔn de no. 5) Efisɛ Onyankopɔn nso anka ankyerɛ nʼabɔfo no mu biara se, “Woyɛ me Ba; nnɛ mayɛ wʼAgya.” Na wanka ankyerɛ ɔbɔfo biara se, “Mɛyɛ wʼAgya na woayɛ me Ba.” 6) Bere a Onyankopɔn pɛɛ sɛ ɔsoma nʼabakan no ba wiase no, ɔsan kae se, “Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn abɔfo nyinaa som no.” 7) Asɛm a Onyankopɔn ka faa abɔfo no ho ne sɛ, “Onyankopɔn soma nʼabɔfo sɛ mframa, na ɔsoma nʼasomfo sɛ gyaframa.” 8) Nea ɛfa Ɔba no ho no, Onyankopɔn kae se, “Ao, Onyankopɔn, wʼahengua bɛtena hɔ daa nyinaa; wʼAhenni yɛ atɛntrenee. (aiōn g165) 9) Wodɔ trenee, na wukyi bɔne, ɛno nti Onyankopɔn, wo Nyankopɔn no, de wo asi wo mfɛfo so, na ɔde anigye ngo asra wo.” 10) Onyankopɔn san kae se, “Mfiase no wotoo asase fapem, na ɔsoro yɛ wo nsa ano adwuma. 11) Ne nyinaa betwa mu; na wo de, wobɛtena hɔ daa; wɔbɛtetew sɛ atade. 12) Wɔbɛbobɔw no sɛ ntama; na wɔbɛsesa no sɛ ntade. Nanso wote sɛnea wote, na wo mfe to rentwa da.” 13) Onyankopɔn anka ankyerɛ nʼabɔfo no se, “Montena me nifa so nkosi sɛ mede mo atamfo bɛyɛ mo anan ase ntiaso.” 14) Sɛ saa a, na abɔfo no yɛ dɛn? Wɔn nyinaa yɛ ahonhom a wɔsom Onyankopɔn na ɔsoma wɔn ma wɔkɔboa wɔn a wɔrehwehwɛ nkwagye no. Additional comments?
Refresh Captcha
The world's first Holy Bible un-translation!