< Hebrifo 1 >
1 Mmere a atwa mu no, na Onyankopɔn nam akwan ahorow bebree so fa adiyifo so kasa kyerɛ yɛn mpanyimfo no.
Бог, Който при разни частични съобщения, и по много начини, е говорил в старо време на бащите ни чрез пророците,
2 Mmom, mmere a edi akyiri no de, ɔnam ne Ba no so akasa akyerɛ yɛn. Ɔyɛ obi a Onyankopɔn nam ne so bɔɔ wiase. Na ɔno na Onyankopɔn ayi no sɛ awiei no, nneɛma nyinaa bɛyɛ ne de. (aiōn )
в края на тия дни говори нам чрез Сина, Когото постави наследник на всичко, чрез Когото направи световете, (aiōn )
3 Ɔnam hyerɛn a Onyankopɔn anuonyam hyerɛn no so haran. Ɔyɛ Onyankopɔn sɛso pɛpɛɛpɛ, na ɔde nʼasɛm a tumi wɔ mu no so wiase mu. Ɔtew nnipa ho fii wɔn bɔne mu wiei no, ɔtenaa Otumfo Nyankopɔn nifa so wɔ ɔsoro.
Който, бидейки сияние на Неговата слава, и отпечатък на Неговото същество и държейки всичко чрез Своето могъщо слово, след като извърши [чрез Себе Си] очищение на греховете, седна отдясно на Величието на високо,
4 Ɛno nti ɔyɛɛ ɔkɛse sen abɔfo no, efisɛ din a Onyankopɔn de too no no yɛ kɛse sen wɔn de no.
и стана толкова по-горен от ангелите, колкото името, което е наследил, е по-горно от тяхното.
5 Efisɛ Onyankopɔn nso anka ankyerɛ nʼabɔfo no mu biara se, “Woyɛ me Ba; nnɛ mayɛ wʼAgya.” Na wanka ankyerɛ ɔbɔfo biara se, “Mɛyɛ wʼAgya na woayɛ me Ba.”
Защото, кому от ангелите е рекъл Бог някога:
6 Bere a Onyankopɔn pɛɛ sɛ ɔsoma nʼabakan no ba wiase no, ɔsan kae se, “Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn abɔfo nyinaa som no.”
А когато въвежда Първородния във вселената, казва:
7 Asɛm a Onyankopɔn ka faa abɔfo no ho ne sɛ, “Onyankopɔn soma nʼabɔfo sɛ mframa, na ɔsoma nʼasomfo sɛ gyaframa.”
И за ангелите казва:
8 Nea ɛfa Ɔba no ho no, Onyankopɔn kae se, “Ao, Onyankopɔn, wʼahengua bɛtena hɔ daa nyinaa; wʼAhenni yɛ atɛntrenee. (aiōn )
А за Сина казва: (aiōn )
9 Wodɔ trenee, na wukyi bɔne, ɛno nti Onyankopɔn, wo Nyankopɔn no, de wo asi wo mfɛfo so, na ɔde anigye ngo asra wo.”
Възлюбил си правда, и намразил си беззаконие; За това, Боже, Твоят Бог Те е помазал с миро на радост повече от Твоите събратя".
10 Onyankopɔn san kae se, “Mfiase no wotoo asase fapem, na ɔsoro yɛ wo nsa ano adwuma.
И пак: "В началото Ти, Господи си основал земята, И делото на твоите ръце е небето;
11 Ne nyinaa betwa mu; na wo de, wobɛtena hɔ daa; wɔbɛtetew sɛ atade.
Те ще изчезнат, а Ти пребъдваш; Да! те всички ще овехтяват като дреха,
12 Wɔbɛbobɔw no sɛ ntama; na wɔbɛsesa no sɛ ntade. Nanso wote sɛnea wote, na wo mfe to rentwa da.”
И като одежда ще ги свиеш, И те ще бъдат изменени; Но Ти си същият, И Твоите години няма да се свършат.
13 Onyankopɔn anka ankyerɛ nʼabɔfo no se, “Montena me nifa so nkosi sɛ mede mo atamfo bɛyɛ mo anan ase ntiaso.”
А кому от ангелите е рекъл някога:
14 Sɛ saa a, na abɔfo no yɛ dɛn? Wɔn nyinaa yɛ ahonhom a wɔsom Onyankopɔn na ɔsoma wɔn ma wɔkɔboa wɔn a wɔrehwehwɛ nkwagye no.
Не са ли те всички служебни духове, изпращани да слугуват на ония, които ще наследят спасение?