< 2 Samuel 21 >

1 Bere a Dawid di hene no, ɔkɔm baa asase no so mfe abiɛsa, enti Dawid bisaa Awurade ɔkɔm no ho asɛm. Na Awurade kae se, “Esiane fɔ a Saulo ne ne fifo di wɔ kunkum a wokunkum Gibeonfo no ho nti na ɔkɔm saa aba no.”
There was a famine in the days of David for three years, year after year; and David sought the face of the LORD. The LORD said, “It is for Saul, and for his bloody house, because he put the Gibeonites to death.”
2 Enti ɔhene Dawid frɛɛ Gibeonfo no nyinaa. Na wɔnka Israelfo no ho, na mmom, wɔyɛ Amorifo nkaefo bi. Israel kaa ntam se, wɔrenkum wɔn, nanso esiane Saulo ahopere nti, ɔpɛɛ sɛ ɔtɔre wɔn ase.
The king called the Gibeonites and said to them (now the Gibeonites were not of the children of Israel, but of the remnant of the Amorites, and the children of Israel had sworn to them; and Saul sought to kill them in his zeal for the children of Israel and Judah);
3 Dawid bisaa Gibeonfo no se, “Dɛn na metumi ayɛ de apata mo? Monka, sɛnea ɛbɛyɛ a Awurade behyira ne nkurɔfo bio.”
and David said to the Gibeonites, “What should I do for you? And with what should I make atonement, that you may bless the LORD’s inheritance?”
4 Gibeonfo no buae se, “Anokwa, sika rentumi, na yɛmpɛ nso sɛ wobekunkum Israelfo aweretɔ wɔ so.” Enti Dawid kɔɔ so bisaa wɔn se, “Enti dɛn na menyɛ? Monka nkyerɛ me, na mɛyɛ ama mo.”
The Gibeonites said to him, “It is no matter of silver or gold between us and Saul or his house; neither is it for us to put any man to death in Israel.” He said, “I will do for you whatever you say.”
5 Na wobuae se, “Ɛyɛ Saulo na ɔdwenee ho sɛ ɔbɛsɛe yɛn, sɛnea yɛrennya afa biara wɔ Israel.
They said to the king, “The man who consumed us and who plotted against us, that we should be destroyed from remaining in any of the borders of Israel,
6 Enti wonyi Saulo mmabarima anaa ne nananom mmarima baason mma yɛn, na yebekum wɔn wɔ Awurade anim wɔ Gibea bepɔw no so.” Ɔhene no kaa se, “Eye. Mɛyɛ.”
let seven men of his sons be delivered to us, and we will hang them up to the LORD in Gibeah of Saul, the chosen of the LORD.” The king said, “I will give them.”
7 Dawid gyaee Yonatan babarima Mefiboset a na ɔyɛ Saulo nena no, esiane ntam a na Dawid ne Yonatan aka wɔ Awurade anim no nti.
But the king spared Mephibosheth the son of Jonathan the son of Saul, because of the LORD’s oath that was between them, between David and Jonathan the son of Saul.
8 Nanso ɔde Saulo mmabarima baanu a na wɔn din de Armoni ne Mefiboset a na wɔn mama Rispa no yɛ Aia babea no maa wɔn. Ɔsan de Saulo babea Mikal a na ɔyɛ Adriel a na ɔyɛ Barsilai a ofi Mehola no yere mmabarima baanum no mae.
But the king took the two sons of Rizpah the daughter of Aiah, whom she bore to Saul, Armoni and Mephibosheth; and the five sons of Merab the daughter of Saul, whom she bore to Adriel the son of Barzillai the Meholathite.
9 Na Gibeon mmarima no kunkum wɔn wɔ bepɔw no so wɔ Awurade anim. Enti nnipa baason no nyinaa, wokunkum wɔn wɔ bere a wɔrefi atokotwa afahyɛ no ase no.
He delivered them into the hands of the Gibeonites; and they hanged them on the mountain before the LORD, and all seven of them fell together. They were put to death in the days of harvest, in the first days, at the beginning of barley harvest.
10 Rispa a ɔyɛ mmarima no mu baanu mama no de atweaatam sɛw ɔbotan bi so, tenaa hɔ otwabere no nyinaa mu. Wamma nnomaa ammɛsosɔw wɔn amu no awia, na anadwo nso, osiw nkekaboa ho kwan.
Rizpah the daughter of Aiah took sackcloth and spread it for herself on the rock, from the beginning of harvest until water poured on them from the sky. She allowed neither the birds of the sky to rest on them by day, nor the animals of the field by night.
11 Bere a Dawid tee nea Rispa a na ɔyɛ Saulo mpena no ayɛ no,
David was told what Rizpah the daughter of Aiah, the concubine of Saul, had done.
12 ɔkɔɔ nkurɔfo a wofi Yabes Gilead nkyɛn, kobisaa wɔn Saulo ne ne babarima Yonatan nnompe ase. (Bere a Saulo ne Yonatan totɔɔ ɔko a wɔne Filistifo koe no ano no, Yabes Gileadfo na wɔkɔtasee wɔn amu wɔ Filistifo kurow Bet-San abɔnten so.)
So David went and took the bones of Saul and the bones of Jonathan his son from the men of Jabesh Gilead, who had stolen them from the street of Beth Shan, where the Philistines had hanged them in the day that the Philistines killed Saul in Gilboa;
13 Enti Dawid de Saulo ne Yonatan nnompe bae. Saa ara na ɔde mmarima a Gibeonfo kunkum wɔn no nso nnompe bae.
and he brought up from there the bones of Saul and the bones of Jonathan his son. They also gathered the bones of those who were hanged.
14 Osiee wɔn nyinaa wɔ Saulo agya Kis ɔboda a ɛwɔ kurow Sela a ɛwɔ Benyamin asase so no mu. Ɛno akyi, Onyankopɔn twaa ɔkɔm no so wɔ Israel asase so.
They buried the bones of Saul and Jonathan his son in the country of Benjamin in Zela, in the tomb of Kish his father; and they performed all that the king commanded. After that, God answered prayer for the land.
15 Bio, Filistifo ne Israel koe. Na bere a ɔko no duu ne mpɔmpɔnso no, Dawid brɛe.
The Philistines had war again with Israel; and David went down, and his servants with him, and fought against the Philistines. David grew faint;
16 Na Yisbi-Benob yɛ abran no asefo mu baako. Na ne peaw mu duru kari boro kilogram abiɛsa ne fa, a wɔde afoa foforo ahyehyɛ ne ho. Na waka Dawid ahyɛ a anka ɔrebekum no.
and Ishbibenob, who was of the sons of the giant, the weight of whose spear was three hundred shekels of bronze in weight, he being armed with a new sword, thought he would kill David.
17 Nanso Seruia babarima Abisai begyee Dawid, na okum Filistini no. Ɛno akyi, Dawid mmarima no kaa ntam se, “Wo ne yɛn renkɔ ɔko bio na amma Israel kanea annum no.”
But Abishai the son of Zeruiah helped him, and struck the Philistine and killed him. Then the men of David swore to him, saying, “Don’t go out with us to battle any more, so that you don’t quench the lamp of Israel.”
18 Eyi akyi, ɔko foforo ba de tiaa Filistifo no wɔ Gob. Wogu so reko no, Sibekai a ofi Husan, kum Saf a na ɔno nso yɛ abran no asefo no bi.
After this, there was again war with the Philistines at Gob. Then Sibbecai the Hushathite killed Saph, who was of the sons of the giant.
19 Ɔko foforo bi a wɔkoo wɔ Gob no nso, Yair babarima Elhanan a ofi Betlehem kum Gatni Goliat nuabarima bi. Na ne peaw mu duru te sɛ ntamanwemfo abaa.
There was again war with the Philistines at Gob, and Elhanan the son of Jaare-Oregim the Bethlehemite killed Goliath the Gittite’s brother, the staff of whose spear was like a weaver’s beam.
20 Ɔko bi a esii bio wɔ Gat nso, ɔbarima bran bi a na ɔyɛ nsansia ne nansia a ɔyɛ abran no aseni no
There was again war at Gath, where there was a man of great stature, who had six fingers on every hand and six toes on every foot, twenty-four in number, and he also was born to the giant.
21 pɛɛ sɛ obu fa Israel so, gu nʼanim ase. Ɔno nso, Dawid nuabarima Simei babarima Yonatan na okum no.
When he defied Israel, Jonathan the son of Shimei, David’s brother, killed him.
22 Saa Filistifo abran baanan yi yɛ Gat abran no asefo. Na Dawid ne nʼakofo na wokunkum wɔn nyinaa.
These four were born to the giant in Gath; and they fell by the hand of David and by the hand of his servants.

< 2 Samuel 21 >