< 1 Samuel 1 >

1 Na ɔbarima bi fi Ramataim-Sofim a ɛwɔ Efraim bepɔw asase so a ne din de Elkana. Na Elkana yi yɛ Yeroham babarima ne Elihu nena nso. Na wofi Tohu fi, a ɛwɔ Suf abusua mu.
Now there was a certain man of Ramathaim Zophim, of the hill country of Ephraim, and his name was Elkanah, the son of Jeroham, the son of Elihu, the son of Tohu, the son of Zuph, an Ephraimite.
2 Na Elkana wɔ yerenom baanu. Na wɔn din de Hana ne Penina. Na Penina wɔ mma. Hana de, na onni ba.
He had two wives. The name of one was Hannah, and the name of the other Peninnah. Peninnah had children, but Hannah had no children.
3 Afe biara, na Elkana ne nʼabusuafo kɔ Silo kɔsom, bɔ afɔre ma Asafo Awurade wɔ Awurade fi. Na Eli mmabarima baanu a wɔn din de Hofni ne Pinehas na wɔyɛ Awurade asɔfo wɔ hɔ saa bere no.
This man went up out of his city from year to year to worship and to sacrifice to the LORD of Hosts in Shiloh. The two sons of Eli, Hophni and Phinehas, priests to the LORD, were there.
4 Da biara a Elkana bɛba abɛbɔ afɔre no, ɔde nam no mu nkyɛmu bi ma ne yere Penina ne ne mma no mu biara.
When the day came that Elkanah sacrificed, he gave portions to Peninnah his wife and to all her sons and her daughters;
5 Nanso Hana de, na ne kyɛfa yɛ sononko, efisɛ na ɔdɔ no yiye.
but he gave a double portion to Hannah, for he loved Hannah, but the LORD had shut up her womb.
6 Nanso na Awurade ato nʼawode mu nti, na Penina di ne ho fɛw.
Her rival provoked her severely, to irritate her, because the LORD had shut up her womb.
7 Na saa asɛm yi kɔɔ so afe biara. Bere biara a wɔbɛkɔ Awurade fi no, Penina bɔ Hana akutia. Na eyi ma Hana su na onnidi mpo.
So year by year, when she went up to the LORD’s house, her rival provoked her. Therefore she wept, and didn’t eat.
8 Ɛba saa a, ne kunu Elkana bisa no se, “Hana, adɛn na woresu? Adɛn nti na wunnidi? Adɛn nti na wo werɛ ahow? So mensom bo mma wo nsen sɛ anka wowɔ mmabarima du mpo?”
Elkanah her husband said to her, “Hannah, why do you weep? Why don’t you eat? Why is your heart grieved? Am I not better to you than ten sons?”
9 Da koro bi a na wɔwɔ Silo no, Hana fii adi anwummere bi a wɔadidi awie sɛ ɔrekɔ Awurade fi akɔbɔ mpae. Na ɔsɔfo Eli te baabi a ɔtena daa wɔ Awurade fi pon ano hɔ.
So Hannah rose up after they had finished eating and drinking in Shiloh. Now Eli the priest was sitting on his seat by the doorpost of the LORD’s temple.
10 Hana fi awerɛhow a ano yɛ den mu sui, bere a na ɔrebɔ Awurade mpae.
She was in bitterness of soul, and prayed to the LORD, weeping bitterly.
11 Na ɔhyɛɛ bɔ se, “Ao Asafo Awurade, sɛ wobɛhwɛ wo somfo awerɛhowdi so, na woatie me mpaebɔ ama me ɔbabarima a, ɛno de mede no bɛsan ama wo. Ne nna a obedi nyinaa ɔbɛyɛ wo de. Nea ɛbɛyɛ adansedi sɛ wɔde no ama Awurade ne sɛ wɔremfa oyiwan nka ne ti da.”
She vowed a vow, and said, “LORD of Hosts, if you will indeed look at the affliction of your servant and remember me, and not forget your servant, but will give to your servant a boy, then I will give him to the LORD all the days of his life, and no razor shall come on his head.”
12 Ogu so rebɔ mpae no, na Eli hwɛ no.
As she continued praying before the LORD, Eli saw her mouth.
13 Ohuu sɛ ɔrebesebese nʼano, nanso ɔnte nne biara no, Eli susuw sɛ wanom nsa.
Now Hannah spoke in her heart. Only her lips moved, but her voice was not heard. Therefore Eli thought she was drunk.
14 Obisaa no se, “Ɛsɛ sɛ woba ha bere a woabow nsa ana? Ma wʼani nna hɔ!”
Eli said to her, “How long will you be drunk? Get rid of your wine!”
15 Na Hana buae se, “Dabi, me wura, memmow nsa, na mmom, me werɛ na ahow nti na mereka mʼahiasɛm akyerɛ Awurade.
Hannah answered, “No, my lord, I am a woman of a sorrowful spirit. I have not been drinking wine or strong drink, but I poured out my soul before the LORD.
16 Mesrɛ wo, mfa no sɛ meyɛ ɔbea omumɔyɛfo. Na anibere ne awerɛhow so na merebɔ mpae.”
Don’t consider your servant a wicked woman; for I have been speaking out of the abundance of my complaint and my provocation.”
17 Eli buae se, “Fa asomdwoe kɔ! Israel Nyankopɔn nyɛ wʼabisade mma wo.”
Then Eli answered, “Go in peace; and may the God of Israel grant your petition that you have asked of him.”
18 Hana teɛ mu se, “Ma wʼafenaa nya wʼanim anuonyam a, awura” Ɔsan kɔ kodidii, na wanni awerɛhow bio.
She said, “Let your servant find favor in your sight.” So the woman went her way and ate; and her facial expression wasn’t sad any more.
19 Ade kyee anɔpahema no, ofi no mu nnipa sɔre kɔsom Awurade bio. Afei, wɔsan kɔɔ Rama. Bere a Elkana de ne ho kaa Hana no, Awurade kaee Hana adebisa no,
They rose up in the morning early and worshiped the LORD, then returned and came to their house to Ramah. Then Elkanah knew Hannah his wife; and the LORD remembered her.
20 na anni da bi, ɔwoo ɔbabarima. Ɔtoo no din Samuel na ɔkae se, “Mibisaa no fii Awurade nkyɛn.”
When the time had come, Hannah conceived, and bore a son; and she named him Samuel, saying, “Because I have asked him of the LORD.”
21 Afe akyi no, Elkana, Penina, ne wɔn mma kɔɔ sɛ wɔrekɔbɔ afirihyia afɔre ama Awurade.
The man Elkanah, and all his house, went up to offer to the LORD the yearly sacrifice and his vow.
22 Hana ankɔ bi. Ɔka kyerɛɛ ne kunu se, “Sɛ abofra no twa nufu a, mede no bɛkɔ Awurade fi na makogyaw no wɔ hɔ ama Awurade afebɔɔ.”
But Hannah didn’t go up, for she said to her husband, “Not until the child is weaned; then I will bring him, that he may appear before the LORD, and stay there forever.”
23 Elkana kae se, “Nea wugye di sɛ eye ma wo biara no, yɛ. Tena ha ansa; na Awurade mmoa wo mma wunni wo bɔhyɛ so.” Enti ɔbea no tenaa fie hwɛɛ ne babarima no.
Elkanah her husband said to her, “Do what seems good to you. Wait until you have weaned him; only may the LORD establish his word.” So the woman waited and nursed her son until she weaned him.
24 Otwaa no nufu wiei no, ɔde no kɔɔ Awurade asɔre fi wɔ Silo. Wɔde nantwinini a wadi mfe abiɛsa ne esiam lita dunsia ne bobesa kakra bae.
When she had weaned him, she took him up with her, with three bulls, and one efah of meal, and a container of wine, and brought him to the LORD’s house in Shiloh. The child was young.
25 Wɔde nantwinini no bɔɔ afɔre wiee no, wɔde abofra no brɛɛ Eli.
They killed the bull, and brought the child to Eli.
26 Hana kae se, “Owura mesrɛ wo. Sɛ wote ase yi, mene ɔbea a obegyinaa wo ho bɔɔ Awurade mpae no.
She said, “Oh, my lord, as your soul lives, my lord, I am the woman who stood by you here, praying to the LORD.
27 Mebɔɔ saa abofra yi ho mpae, na Awurade ayɛ mʼabisade ama me.
I prayed for this child, and the LORD has given me my petition which I asked of him.
28 Enti mprempren, mede abofra yi rema Awurade. Ne nkwa nna nyinaa, ɔbɛyɛ Awurade dea.” Na ɔsom Awurade wɔ hɔ.
Therefore I have also given him to the LORD. As long as he lives he is given to the LORD.” He worshiped the LORD there.

< 1 Samuel 1 >