< 2 Ahemfo 9 >

1 Na odiyifo Elisa afrɛ adiyifo no mu baako afi adiyifokuw no mu. Ɔka kyerɛɛ no se, “Siesie wo ho, na kɔ Ramot-Gilead. Fa saa toa a ngo wɔ mu yi ka wo ho kɔ.
茲に預言者エリシヤ預言者の徒一人を呼てこれに言ふ汝腰をひきからげ此膏の瓶を手にとりてギレアデのラモテに往け
2 Hwehwɛ Yehosafat babarima Yehu a ɔyɛ Nimsi nena no. Frɛ no fi ne nnamfo mu, na fa no kɔ pia mu,
而して汝かしこに到らばニムシの子なるヨシヤパテの子ヱヒウを其處に尋獲て内に入り彼をその兄弟の中より起しめて奧の間につれゆき
3 na hwie ngo no gu ne tirim. Ka kyerɛ no se, ‘Sɛnea Awurade se ni: Meresra wo ngo, ama woabedi Israel so hene.’ Afei, bue ɔpon no na guan, nsɛe bere!”
膏の瓶をとりその首に灌ぎて言へヱホバかく言たまふ我汝に膏をそそぎてイスラエルの王となすと而して戸を開きて逃されよ止ること勿れ
4 Enti odiyifo kumaa no kɔɔ Ramot-Gilead.
是において預言者の僕なるその少者ギレアデのラモテに往けるが
5 Oduu hɔ no, ohuu Yehu sɛ ɔne asraafo mpanyimfo bi reyɛ nhyiamu. Ɔkae se, “Ɔsahene, mewɔ nkra bi de ma wo.” Yehu bisae se, “Yɛn mu hena?” Obuae se, “Wo a woyɛ ɔsahene no.”
到りて見るに軍勢の長等坐してをりければ將軍よ我汝に告べき事ありと言ふにヱヒウこたへて我儕諸人の中の誰にかと言たれば將軍よ汝にと言ふ
6 Enti Yehu gyaw wɔn a aka no hɔ, kɔɔ fie. Na odiyifo kumaa no hwiee ngo no guu Yehu tirim, kae se, “Sɛnea Awurade, Israel Nyankopɔn, se ni: Mesra wo ngo sɛ di Awurade nkurɔfo Israelfo so hene.
ヱヒウすなはち起て家にいりければ彼その首に膏をそそぎて之に言ふイスラエルの神ヱホバかく言たまふ我汝に膏をそそぎてヱホバの民イスラエルの王となす
7 Ɛsɛ sɛ wosɛe Ahab, wo wura no, fi. Saa ɔkwan no so na mɛfa atua mʼadiyifo a wokunkum wɔn ne Awurade asomfo no nyinaa a Isebel kunkum wɔn no so ka.
汝はその主アハブの家を撃ほろぼすべし其によりて我わが僕なる預言者等の血とヱホバの諸の僕等の血をイゼベルの身に報いん
8 Ɛsɛ sɛ wɔpepa Ahabfifo nyinaa fi hɔ—ɔbarima biara, ɔsomfo ne nea ɔde ne ho nyinaa a wɔwɔ Israel.
アハブの家は全く滅亡べしアハブに屬する男はイスラエルにありて繋がれたる者も繋がれざる者もともに之を絶べし
9 Mɛsɛe Ahab fi, sɛnea mesɛee Nebat babarima Yeroboam ne Ahiya babarima Baasa afi no.
我アハブの家をネバテの子ヤラベアムの家のごとくに爲しアヒヤの子バアシヤの家のごとくになさん
10 Na akraman bɛwe Isebel nam wɔ Yesreel asase so, na obiara rensie no.” Afei, odiyifo kumaa no buee pon no, tuu mmirika guanee.
ヱズレルの地において犬イゼベルを食ふべし亦これを葬るものあらじと而して戸を啓きて逃されり
11 Yehu san kɔɔ ne nkurɔfo mpanyimfo no nkyɛn. Wɔn mu baako bisaa no se, “Dɛn na damfo a ne ti asɛe no rehwehwɛ? Biribiara kɔ yiye ana?” Yehu buae se, “Wo ara wunim sɛnea ɔbarima no keka ne nsɛm fa.”
かくてヱヒウその主の臣僕等の許にいできたりたれば一人之に言ふ平安なるやこの狂る者何のために汝にきたりしやヱヒウこたへて汝等はかの人を知りまたその言ところを知なりと言ふに
12 Wɔn nyinaa kae se, “Woboa. Ka nokware.” Enti Yehu kae se, odiyifo no ayi akyerɛ no se Awurade asra no ngo sɛ ommedi Israel so hene.
彼等言けらく謊なり其を我儕に告よと是においてヱヒウ言けるは彼斯々我につげて言りヱホバかく言たまふ我汝に膏をそそぎてイスラエルの王となすと
13 Wɔde wɔn ntade sesɛw atrapoe no so ntɛm ara, hyɛn torobɛnto, teɛteɛɛ mu se, “Yehu yɛ ɔhene.”
彼等すなはち急ぎて各人その衣服をとりこれを階の上ヱヒウの下に布き喇叭を吹てヱヒウは王たりと言り
14 Enti Yehosafat babarima Yehu a ɔyɛ Nimsi nena pam ɔhene Yoram ti so. Afei, na Yoram de ne ho akɔbɔ asraafo wɔ Ramot-Gilead a na wogyina de tia Aramhene Hasael asraafo no.
ニムシの子なるヨシヤバテの子ヱヒウ斯ヨラムに叛けり(ヨラムはイスラエルを盡くひきゐてギレアデのラモテに於てスリアの王ハザエルを禦ぎたりしが
15 Nanso na wɔapira Yoram wɔ ɔko no mu, ama wasan aba Yesreel sɛ ɔrebɛsa ne ho yare. Enti Yehu ka kyerɛɛ mmarima a wɔka ne ho no se, “Esiane sɛ mopɛ sɛ midi hene no nti, obiara nnguan nkɔ Yesreel nkɔka nea yɛayɛ wɔ hɔ no.”
ヨラム王はそのスリアの王ハザエルと戰ふ時にスリア人に負せられたるところの傷を痊さんとてヱズレルに歸りてをる)ヱヒウ言けるは若なんぢらの心にかなはば一人もこの邑より走いでてこれをヱズレルに言ふ者なからしめよと
16 Na Yehu kɔtenaa teaseɛnam mu, kɔɔ Yesreel kɔhwehwɛɛ ɔhene Yoram a na wapira da hɔ no. Na Yudahene Ahasia nso wɔ hɔ bi.
ヱヒウすなはちヱズレルをさして乗往りヨラムかしこに臥をればなりまたユダの王アハジアはヨラムを訪に下りてをる
17 Ɔwɛmfo a na ɔwɔ Yesreel abantenten so no huu Yehu ne ne nkurɔfo sɛ wɔreba nti, ɔteɛɛ mu guu Yoram so se, “Mihu sɛ asraafo reba. Soma ɔpɔnkɔkafo bi, na ɔnkɔhwɛ sɛ wɔreba no asomdwoe so ana.” Ɔhene Yoram nso teɛɛ mu.
ヱズレルの戌樓に一箇の守望者立をりしがヱヒウの群衆のきたるを見て我群衆を見るといひければヨラム言ふ一人を馬に乗て遣し其に會しめて平安なるやと言しめよと
18 Enti ɔpɔnkɔkafo no kohyiaa Yehu bisaa no se, “Ɔhene pɛ sɛ ohu sɛ moreba no asomdwoe so ana?” Yehu buae se, “Wuhia asomdwoe de ayɛ dɛn? Di mʼakyi!” Ɔwɛmfo no frɛɛ ɔhene se, “Ɔpɔnkɔkafo no ahyia wɔn, nanso ɔmma.”
是において一人馬にて行てこれに會ひ王かく宣まふ平安なるやと言ふにヱヒウ言けるは平安は汝の與るところならんや吾後にまはれと守望者また告て言ふ使者かれらの許に往たるが歸り來ずと
19 Enti ɔhene no somaa ɔpɔnkɔkafo a ɔto so abien. Okoduu wɔn nkyɛn bisae se, “Ɔhene pɛ sɛ ohu sɛ moreba no asomdwoe so ana?” Bio, Yehu bisae se, “Wuhia asomdwoe de ayɛ dɛn Di mʼakyi!”
是をもて再び人を馬にて遣したればその人かれらに到りて王かく宣まふ何か變事あるやと言ふにヱヒウ答て平安は汝の與るところならんや吾後にまはれと言ふ
20 Ɔwɛmfo no teɛɛ mu se, “Ɔpɔnkɔkafo no ahyia wɔn, nanso ɔno nso mma. Ɛbɛyɛ Nimsi babarima Yehu a ɔka ɔpɔnkɔ mmirikatɛntɛ so no.”
守望者また告て言ふ彼も彼等の所にまで到りしが歸り來ずその車を趨するはニムシの子ヱヒウが趨するに似狂ふて趨らせ來る
21 Ɔhene Yoram hyɛe se, “Ntɛm, monyɛ me teaseɛnam no krado mma me.” Na Israelhene Yoram ne Yudahene Ahasia tenatenaa wɔn nteaseɛnam mu kohyiaa Yehu. Wohyiaa no wɔ asase a na ɛyɛ Nabot, Yesreelni dea no so.
是においてヨラム車を整へよと言ひけるが車整ひたればイスラエルの王ヨラムとユダの王アハジアおのおのその車にて出たり即ちかれらヱヒウにむかひて出きたりヱズレル人ナボテの地にて之に會けるが
22 Ɔhene Yoram bisae se, “Wobaa no asomdwoe so ana, Yehu?” Yehu buae se, “Mpɛn dodow a wo na Isebel abosom ne ne bayi atwa yɛn ho ahyia yi, ɛbɛyɛ dɛn na maba no asomdwoe so?”
ヨラム、ヱヒウを見てヱヒウよ平安なるやといひたればヱヒウこたへて汝の母イゼベルの姦淫と魔術と斯多かれば何の平安あらんやと云り
23 Ɛnna ɔhene Yoram twee ne teaseɛnam pɔnkɔ no hama, de dan ɔpɔnkɔ no ani, guanee a ɔreteɛteɛ mu se, “Ɔmammɔfo Ahasia!”
ヨラムすなはち手をめぐらして逃げアハジアにむかひ反逆なりアハジアよと言ふに
24 Na Yehu twee nʼagyan tow wɔɔ Yoram mmati ntam. Agyan no hwirew ne koma mu ma ɔtew hwee wɔ ne teaseɛnam no mu, wui.
ヱヒウ手に弓をひきしぼりてヨラムの肩の間を射たればその矢かれの心をいぬきて出で彼は車の中に偃ししづめり
25 Yehu ka kyerɛɛ ne kunini Bidkar se, “Tow no kyene Nabot, Yesreelni no asase no so. Wokae bere a na yɛtete nteaseɛnam mu, di nʼagya Ahab akyi no? Awurade kae se,
ヱヒウその將ビデカルに言けるは彼をとりてヱズレル人ナボテの地の中に投すてよ其は汝憶ふべし甞て我と汝と二人ともに乗て彼の父アハブに從へる時にヱホバ斯かれの事を預言したまへり
26 ‘Meka ntam, di nsew sɛ, metua no so ka wɔ Nabot agyapade mu ha, sɛnea Awurade se ni,’ sɛ okum Nabot ne ne mmabarima nnɛra a mihuu no. Enti tow no kyene Nabot asase so ha, sɛnea Awurade kae no.”
曰くヱホバ言ふ誠に我昨日ナボテの血とその子等の血を見たりヱホバ言ふ我この地において汝にむくゆることあらんと然ば彼をとりてその地になげすててヱホバの言のごとくにせよ
27 Bere a Yudahene Ahasia huu asɛm a asi no, oguan kɔɔ Bet-Hagan. Yehu taa no teɛteɛɛ mu se, “Munkum ɔno nso bi.” Enti wɔtow Ahasia agyan wɔɔ no wɔ ne teaseɛnam mu wɔ Gur atrapoe a ɛbɛn Yibleam. Otumi kɔe ara koduu Megido, na owui wɔ hɔ.
ユダの王アハジアはこれを視て園の家の途より逃ゆきけるがヱヒウその後を追ひ彼をも車の中に撃ころせと言しかばイブレアムの邊なるグルの坂にてこれを撃たればメギドンまで逃ゆきて其處に死り
28 Ne mpanyimfo de no too teaseɛnam mu, kɔɔ Yerusalem kosiee no wɔ ne mpanyimfo ho wɔ Dawid kurom.
その臣僕等すなはち之を車にのせてエルサレムにたづさへゆきダビデの邑においてかれの墓にその先祖等とおなじくこれを葬れり
29 Na Ahasia dii ade wɔ Yuda no, na Israelhene Yoram nso adi ade mfe dubaako.
アハブの子ヨラムの十一年にアハジアはユダの王となりしなり
30 Bere a ɔhemmea Isebel tee sɛ Yehu aba Yesreel no, ɔkekaa nʼanintɔn, yɛɛ ne ti fɛfɛɛfɛ, tɛw mfɛnsere mu.
斯てヱヒウ、ヱズレルにきたりしかばイゼベル聞てその目を塗り髮をかざりて窓より望みけるが
31 Bere a Yehu wuraa ahemfi pon no mu no, ɔhemmea no teɛɛ mu guu ne so se, “Owudifo, wobaa no asomdwoe so ana? Wote sɛ Simri a okum ne wura no.”
ヱヒウ門に入きたりたればその主を弑せしジムリよ平安なるやと言り
32 Yehu pagyaw nʼani huu no wɔ mfɛnsere no mu teɛɛ mu se, “Hena na ɔwɔ mʼafa!” Na piamfo baanu anaa baasa hwɛɛ no.
ヱヒウすなはち面をあげて窓にむかひ誰か我に與ものあるや誰かあるやと言けるに二三の寺人ヱヒウを望みたれば
33 Yehu teɛɛ mu se, “Montow no nkyene fam.” Enti wɔtow no fii mfɛnsere no mu, maa ne mogya bi bɔ petee ɔfasu no ne nʼapɔnkɔ ho. Na Yehu maa nʼapɔnkɔ tiatiaa nʼamu no so.
彼を投おとせと言りすなはち之を投おとしたればその血牆と馬とにほどばしりつけりヱヒウこれを踏とほれり
34 Na Yehu kɔɔ ahemfi hɔ kodidi, nomee. Akyiri no, ɔkae se, “Monkɔ nkosie ɔbea a wɔadome no yi, efisɛ ɔyɛ ɔhene babea.”
斯て彼内にいりて食飮をなし而して言けるは往てかの詛はれし婦を見これを葬れ彼は王の女子なればなりと
35 Nanso wɔkɔɔ sɛ wɔrekosie no no, ne ti ne nan ne ne nsa nko ara na wohui.
是をもて彼を葬らんとて往て見るにその頭骨と足と掌とありしのみなりければ
36 Bere a wɔbɛbɔɔ Yehu amanneɛ no, ɔkae se, “Eyi ne Awurade asɛm a ɔnam ne somfo Tisbini Elia so kae se, ‘Asasetam bi a ɛda Yesreel no so na akraman bɛwe Isebel nam no.
歸りで彼につぐるに彼言ふ是すなはちヱホバがその僕なるテシベ人エリヤをもて告たまひし言なり云くヱズレルの地において犬イゼベルの肉を食はん
37 Na nʼamu bɛbɔ apete, te sɛ wura wɔ Yesreel pɔw mu a ne saa nti, obiara ntumi nhu no.’”
イゼベルの屍骸はヱズレルの地に於て糞土のごとくに野の表にあるべし是をもて是はイゼベルなりと指て言ふこと能ざらん

< 2 Ahemfo 9 >