< Исход 12 >
1 Рече же Господь к Моисею и Аарону в земли Египетстей, глаголя:
Ɛberɛ a na Mose ne Aaron da so wɔ Misraim asase so no, Awurade ka kyerɛɛ wɔn sɛ,
2 месяц сей вам начало месяцей, первый будет вам в месяцех лета:
“Ɛfiri ɛnnɛ rekorɔ, bosome yi bɛyɛ bosome a ɛdi ɛkan wɔ Yudafoɔ asranna so.
3 рцы ко всему сонму сынов Израилевых, глаголя: в десятый месяца сего да возмет кийждо овча по домом отечеств, кийждо овча по дому:
Ka kyerɛ Israelfoɔ nyinaa sɛ, saa bosome yi ɛda a ɛtɔ so edu no, ɛsɛ sɛ ɔbarima biara pɛ odwammaa baako de ma nʼabusua. Ɛsɛ sɛ efie biara nya odwammaa no baako.
4 аще же мало их есть в дому, яко не доволным быти на овча, да возмет с собою соседа ближняго своего по числу душ: кийждо доволное себе сочтет на овча:
Sɛ abusua bi mu nnipa sua a wɔrentumi nwe odwammaa no a, wɔtumi ne abusua bi a ɛbɛn wɔn wɔ mpasua no so a wɔn nso sua kyɛ odwammaa no. Aboa no kyɛ wɔ saa ɛkwan no so no gyina abusua no kɛseɛ ne ɛnam dodoɔ a wɔbɛtumi awe so.
5 овча совершенно, мужеск пол, непорочно и единолетно будет вам, от агнец и от козлищ приимете:
Ɛsɛ sɛ aboa no yɛ deɛ wadi afe. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ odwan anaa abirekyie a ɔnnii dɛm.
6 и будет вам соблюдено даже до четвертагонадесять дне месяца сего: и заколют то все множество собора сынов Израилевых к вечеру,
Monhwɛ saa mmoa a moayiyi wɔn yi yie nkɔsi ɔbosome a ɛdii ɛkan no ɛda a ɛtɔ so dunan no anwummerɛ. Afei Israel asafo nyinaa nkunkum wɔn nnwammaa no dasuo mu.
7 и приимут от крове и помажут на обою подвою и на прагах в домех, в нихже снедят тое,
Wɔmfa wɔn mogya nsra efie biara aponnwa ho. Odwammaa a wɔbɛwe no wɔ fie hɔ no mogya na wɔmfa nyɛ saa ahyɛdeɛ yi.
8 и снедят мяса в нощи той печена огнем и опресноки с горьким зелием снедят:
Anadwo, obiara bɛwe aboa no a wɔatoto no nam no bi. Wɔmfa burodo a ɛnkaeɛ ne awɔnwono nni.
9 не снесте от них сурово, ниже варено в воде, но печеное огнем, главу с ногами и со утробою:
Wɔnnnoa ɛnam no na wɔnnwe no mono nso, na mmom, wɔntoto aboa mu no nyinaa, a ne ti ne nan ne nʼayamdeɛ nyinaa ka ho.
10 не оставите от него до утрия и кости не сокрушите от него, останки же от него до утра огнем сожжете:
Sɛ moantumi anwe ne nyinaa anadwo no a, deɛ ɛbɛka no, sɛ adeɛ kye so a, monnwe na mmom monhye no.
11 сице же снесте е: чресла ваша препоясана, и сапози ваши на ногах ваших, и жезлы ваши в руках ваших, и снесте е со тщанием: Пасха есть Господня:
Sɛdeɛ monwe ɛnam no nie: monwe wɔ ɛberɛ a mo ntadeɛ a mode tu ɛkwan hyehyɛ mo. Monsiesie mo ho mma ɛkwan tenten twa. Monhyɛ mo asopatere na momfa mo mpoma nkurakura. Monwe no ɔherɛ so. Saa adeyɛ yi, wɔbɛfrɛ no Awurade Twam Afahyɛ.
12 и пройду землю Египетскую сея нощи, и убию всякаго первенца в земли Египетстей, от человека до скота, и во всех бозех Египетских сотворю отмщение: Аз Господь:
“Na mɛtwam afa Misraim asase so anadwo yi na mmammarima a wɔyɛ mmakan ne mmoa mmakan a wɔwɔ Misraim asase so nyinaa, mɛkum wɔn, na mabu anyame a wɔwɔ Misraim nyinaa atɛn, ɛfiri sɛ, mene Awurade!
13 и будет кровь вам в знамение на домех, в нихже вы будете тамо, и узрю кровь и покрыю вы, и не будет в вас язвы, еже погибнути, егда поражу землю Египетскую:
Mogya a mode bɛyɛ aponnwa no ho no bɛyɛ agyinahyɛdeɛ enti, sɛ mehunu mogya no a, mɛtwam akɔ, na sɛ merekum Misraim mmakan a, merenkum mo deɛ bi.
14 и будет вам день сей в память, и празднуйте той праздник Господу во вся роды вашя: законно вечно празднуйте его:
“Yei yɛ ɛda a ɛsɛ sɛ mokaeɛ. Afe biara, ɛfiri awontoatoasoɔ kɔsi awontoatoasoɔ ɛsɛ sɛ mohyɛ ɛfa no sɛ afahyɛ sononko ma Awurade. Yei yɛ mmara a ɛbɛtena hɔ ɛda biara.
15 седмь дний опресноки ядите, от перваго же дне измите квас из домов ваших: всяк, иже снесть кисло, погибнет душа та от Израиля, от дне перваго даже до дне седмаго:
Nnanson no mu, monni burodo a wɔmfaa mmɔreka mfraeɛ nko ara. Afahyɛ no ɛda a ɛdi ɛkan no, monyiyi mmɔreka biara mfiri mo afie mu. Obiara a saa ɛberɛ yi mu ɔbɛbu saa afahyɛ yi mmara yi so no, wɔbɛtwa no asuo afiri Israelman mu.
16 и первый день наречется свят, и седмый день нарочит свят да будет вам: всякаго дела работна да не сотворите в них, разве елика (снести) сотворятся всякой души, сия точию да сотворятся вам:
Afahyɛ no ɛda a ɛdi ɛkan ne ne nnanson soɔ no, nnipa no nyinaa bɛdi ɛda no sɛ ɛda a wɔayi asi hɔ ama nhyiamu kronkron. Na nna no mu, aduanenoa akyiri no, obiara nnyɛ adwuma foforɔ biara.
17 и сохраните заповедь сию: в сей бо день изведу силу вашу от земли Египетския: и сотворите день сей в роды вашя, законно вечно:
“Sɛ modi Apiti Afahyɛ yi a, ɛbɛma mo akae daa sɛ, saa ɛda no na meyii mo firii Misraim asase so. Enti, ɛsɛ sɛ afe biara, modi saa dapɔnna yi firi awo ntoatoasoɔ so kɔsi awo ntoatoasoɔ so.
18 начинающе в четвертыйнадесять день перваго месяца, с вечера да снесте опресноки, до двадесять перваго дне месяца, до вечера:
Ɔbosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛtɔ so dunan no anwummerɛ kɔsi nʼadaduonu ɛda baako so no, burodo a mmɔreka mfra mu nko ara na monni.
19 седмь дний квас да не явится в домех ваших: всяк, иже аще снесть квасно, погубится душа та от сонма сынов Израилевых и в пришелцех и в жителех тоя земли:
Saa nnanson no mu, ɛnsɛ sɛ wɔhunu mmɔreka kakra bi koraa wɔ mo afie mu. Enti, obiara a ɔbɛdi aduane a mmɔreka wɔ mu no, wɔbɛyi no afiri Israel asafo kuo no mu. Saa mmara yi ka amamfrafoɔ a wɔne mo te ne wɔn a wɔwoo wɔn wɔ asase yi so nyinaa.
20 всякаго кваснаго да не ясте, во всех же домех ваших да ясте опресноки.
Mesane meti mu bio sɛ, saa nna no mu monnni biribiara a wɔde mmɔreka afra mu; monni burodo a mmɔreka mfra mu.”
21 Созва же Моисей вся старцы сынов Израилевых и рече им: шедше поимите себе овча по сродством вашым и пожрите пасху:
Afei, Mose frɛɛ Israel mpanimfoɔ nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔkyekyere odwammaa anaa abirekyie ba mma abusua biara, na monkum no sɛ Twam Afahyɛ aboa.
22 возмите же кисть иссопа, и омочивше в кровь, яже близ дверий, помажите праги, и на обою подвою, от крове, яже есть близ дверий: вы же да не изыдете кийждо из дверий дому своего до заутрия:
Montwa odwan no mogya ngu kyɛnsee bi mu. Momfa hisope mmɔ mogya no mu na momfa mpete aponnwatifi ne aponnwa mmienu a aka no ho sɛdeɛ mogya no bɛda ho. Mowie a, mo mu biara mmfiri nkɔ abɔntene saa anadwo no.
23 и мимо пройдет Господь избити Египтяны, и узрит кровь на празе и на обою подвою, и минет Господь двери, и не попустит погубляющему внити в домы вашя убивати:
Awurade bɛtwam afa asase yi so akunkum Misraimfoɔ. Na sɛ ɔhunu sɛ mogya wɔ aponnwatifi no ne aponnwa mmienu no ho a, ɔbɛtwa saa efie no ho akɔ a ɔremma ɔsɛefoɔ no nwura hɔ nkunkum mo mmakan.
24 и сохраните слово сие законно себе и сыном вашым до века:
“Na monkae sɛ yei yɛ mmara a ɛwɔ hɔ daa ma mo ne mo asefoɔ.
25 аще же внидете в землю, юже даст Господь вам, якоже глагола, сохраните служение сие,
Na sɛ moba asase a Awurade de bɛma mo sɛdeɛ ɔhyɛɛ mo ho bɔ no so a, mobɛkɔ so adi afahyɛ no.
26 и будет егда возглаголют вам сынове ваши: что есть служение сие?
Na sɛ mo mma bisa mo sɛ, ‘Yeinom nyinaa ase ne sɛn; saa afahyɛ yi fa ɛdeɛn ho a,
27 И рцыте им: жертва пасха сия Господу, Иже покры домы сынов Израилевых во Египте, егда поби Египтяны, домы же нашя избави. И преклоншеся людие поклонишася.
mobɛbua wɔn sɛ, ɛyɛ Twam Afahyɛ afɔdeɛ ma Awurade. Ɔtwaa Israelfoɔ afie ho wɔ Misraim. Ɛwom sɛ ɔkunkumm Misraimfoɔ deɛ, nanso ɔgyaa yɛn mmusua.’” Ɛberɛ a Mose kasa wieeɛ no, nnipa no nyinaa koto sɔreeɛ.
28 И отшедше сотвориша сынове Израилевы, якоже заповеда Господь Моисею и Аарону, тако сотвориша.
Na Israelfoɔ no dii Mose ne Aaron ahyɛdeɛ no so.
29 Бысть же в полунощи, и Господь порази всякаго первенца в земли Египетстей, от первенца фараонова седящаго на престоле, до первенца пленницы, яже в рове, и до первенца всякаго скотска.
Ɛda no ara anadwo dasuo mu Awurade kunkumm mmarimaa a wɔyɛ abakan a wɔwɔ Misraim asase so nyinaa, ɛfiri Farao babarima panin so kɔsi odeduani babarima panin ne anantwie nso mmakan nyinaa.
30 Воста же фараон нощию, и вси раби его, и вси Египтяне, и бысть вопль велик по всей земли Египетстей, ибо не бысть дом, в немже не бе мертвеца.
Afei, Farao ne ne mpanimfoɔ ne nnipa a wɔwɔ Misraim nyinaa sɔree anadwo no. Misraiman no nyinaa twaa agyaadwoɔ, ɛfiri sɛ, efie biara nni hɔ a onipa anwu wɔ mu.
31 И призва фараон Моисеа и Аарона в нощи и рече им: востаните и отидите от людий моих, и вы, и сынове Израилевы: идите и послужите Господу Богу вашему, якоже глаголете:
Enti, Farao frɛɛ Mose ne Aaron anadwo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mesrɛ mo, mo nyinaa montu mfiri ha. Monkɔsom Awurade sɛdeɛ mokaeɛ no.
32 и овцы и говяда вашя поимше идите, благословите же и мене.
Momfa mo nnwan ne mo anantwie na monkɔ. Nanso monhyira me ansa na moakɔ.”
33 И нуждаху Египтяне людий со тщанием изринути их от земли: рекоша бо, яко вси мы измрем.
Misraimfoɔ no nyinaa ani beree Israelfoɔ no so pampam wɔn sɛ wɔmfiri asase no so ntɛm, ɛfiri sɛ, wɔkaa sɛ, “Yɛbɛwuwu.”
34 Взяша же людие муку свою прежде вскисения теста своего, и ввязавше в ризы, (возложиша) на рамы своя.
Israelfoɔ no faa wɔn mmɔre a wɔafɔtɔ a mmɔreka mfra mu, na wɔde wɔn ntadeɛ kyekyeree wɔn mmɔrefɔtɔ nnaka de sisii wɔn mmati so.
35 Сынове же Израилевы сотвориша, якоже заповеда им Моисей: и испросиша от Египтян сосуды сребряны и златы, и ризы:
Na Israelfoɔ no asrɛsrɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ adwinneɛ ne ntadeɛ afiri Misraimfoɔ no nkyɛn sɛdeɛ Mose kaa sɛ wɔnyɛ no.
36 и даде Господь благодать людем Своим пред Египтяны: и даша им, и обраша Египтян.
Awurade maa Misraimfoɔ no hunuu Israelfoɔ no mmɔbɔ enti wɔmaa wɔn wɔn abisadeɛ nyinaa. Ɛnam saa yɛ so maa Israelfoɔ no twee Misraimfoɔ ahonyadeɛ nyinaa kɔeɛ.
37 Воздвигошася же сынове Израилевы от Рамессы в Сокхоф до шести сот тысящ пеших мужей, кроме домочадства:
Anadwo no ara, Israelfoɔ no siim firii Rameses kɔɔ Sukot. Na wɔn dodoɔ yɛ nnipa mpem ahansia a wɔnam fam, a mmaa ne mmɔfra de wɔankan wɔn anka ho.
38 и пришелцы мнози изыдоша с ними, и овцы, и волы, и скоти мнози зело.
Nnipa ahodoɔ pii bi a wɔnyɛ Israelfoɔ kaa wɔn ho kɔeɛ. Wɔde wɔn nnwan ne wɔn anantwie nyinaa kaa wɔn ho.
39 И испекоша тесто, еже изнесоша из Египта, опресноки не кислы, не вскисоша бо: ибо изгнаша их Египтяне, и не возмогоша помедлити, ниже брашна сотвориша себе на путь.
Wɔduruu baabi a wɔpɛ sɛ wɔdidi no, wɔde mmɔre a wɔamfa mmɔreka amfra a wɔde kɔeɛ no bi too burodo diiɛ. Na mmɔreka nni mu, ɛfiri sɛ, Misraimfoɔ no pamoo wɔn. Ɛno enti wɔannya mu ɛkwan anyɛ aduane a wɔbɛdi wɔ ɛkwan so.
40 Обитания же сынов Израилевых, иже обиташа в земли Египетстей и в земли Ханаани сии и отцы их, лет четыреста тридесять.
Israelfoɔ no tenaa Misraim mfeɛ ahanan ne aduasa.
41 И бысть по четырех стех и тридесяти летех, изыде вся сила Господня от земли Египетския в нощи.
Na ɛda a wɔdii mfeɛ ahanan ne aduasa no pɛ na Awurade nkurɔfoɔ nyinaa firii asase no so.
42 Стражба есть Господу, еже извести их от земли Египетския: оная нощь самая стражба Господу, яко всем сыном Израилевым быти в роды их.
Saa anadwo no ne ɛberɛ a Awurade yi too hɔ de gyee ne nkurɔfoɔ firii Misraim asase so. Enti, saa anadwo korɔ no ara na Israelfoɔ no yi de too hɔ sɛ ɛda a Onyankopɔn gyee wɔn no afirinhyia ɛda.
43 И рече Господь к Моисею и Аарону: сей закон Пасхи: всяк иноплеменник да не яст от нея,
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ, “Twam Afahyɛ no ho mmara ni: “Ahɔhoɔ biara nnwe odwammaa no ɛnam no bi.
44 и всякаго раба или купленаго обрежеши его, и тогда да яст от нея:
Nanso, ɔsomfoɔ biara a wɔtee sika tɔɔ no no, sɛ wɔatwa no twetia deɛ a, ɔtumi we bi.
45 пришлец или наемник да не яст от нея:
Ɔpaani anaa ɔhɔhoɔ biara nnwe bi.
46 в дому единем да снестся: не оставите от мяс на утрие, и не изнесите мяс вон из дому, и кости не сокрушите от него:
“Ɛsɛ sɛ wɔwe Twam Afahyɛ aboa biara wɔ efie baako mu. Ɛsɛ sɛ wɔwe ɛnam no wɔ fie. Ɛnsɛ sɛ wɔwe ɛnam no fa biara wɔ abɔntene. Ɛnsɛ sɛ mobɔ dompe mu.
47 весь сонм сынов Израилевых сотворит сие:
Ɛsɛ sɛ Israelfoɔ nyinaa di saa nkaeɛda yi berɛ korɔ mu.
48 аще же кто приидет пришлец к вам сотворити Пасху Господню, обрежеши его всяк мужеский пол, и тогда приступит сотворити ю, и будет аки житель земли тоя: всяк же необрезаный да не яст от нея:
“Ahɔhoɔ a mo ne wɔn te no nso, sɛ wɔpɛ sɛ wɔdi Twam Afahyɛ no bi a, ɛsɛ sɛ mmarima a wɔwɔ wɔn mu no nyinaa twa twetia ansa na wɔaba ne mo abɛdi. Na sɛ ɛyɛ saa a, wɔbɛyɛ deɛ wɔwoo wɔn too mu mu.
49 закон един да будет тоя земли жителю и пришелцу пришедшему в вас.
Saa mmara yi ka Israelfoɔ ne ahɔhoɔ a wɔne mo te no nso.”
50 И сотвориша сынове Израилевы, якоже заповеда Господь Моисею и Аарону, тако сотвориша.
Enti, Israelfoɔ no nyinaa dii Awurade mmara no so sɛdeɛ ɔhyɛɛ Mose ne Aaron no.
51 И бысть в день он, изведе Господь сыны Израилевы от земли Египетския с силою их.
Ɛda no ara na Awurade yii Israelfoɔ no firii Misraim asase so.