< 창세기 6 >
1 사람이 땅 위에 번성하기 시작할 때에 그들에게서 딸들이 나니
Ɛberɛ a nnipa dɔɔso wɔ asase so no, wɔwoo mmammaa.
2 하나님의 아들들이 사람의 딸들의 아름다움을 보고 자기들의 좋아하는 모든 자로 아내를 삼는지라
Onyankopɔn mmammarima no hunuu sɛ nnipa mmammaa no ho yɛ fɛ enti, deɛ obiara pɛ no no, ɔfaa no wareeɛ.
3 여호와께서 가라사대 나의 신(神)이 영원히 사람과 함께하지 아니하리니 이는 그들이 육체가 됨이라 그러나 그들의 날은 일백 이십년이 되리라 하시니라
Afei, Awurade kaa sɛ, “Me honhom rentena nnipa mu nkɔsi daa, ɛfiri sɛ, wɔyɛ ɔhonam; na wɔn nkwa nna bɛyɛ mfeɛ ɔha aduonu.”
4 당시에 땅에 네피림이 있었고 그 후에도 하나님의 아들들이 사람의 딸들을 취하여 자식을 낳았으니 그들이 용사라 고대에 유명한 사람이었더라
Saa ɛberɛ no, na nnipa akwabrane wɔ asase no so. Ɛberɛ a Onyankopɔn mmammarima yi kɔɔ nnipa mmammaa yi ho no, wɔne wɔn wowoeɛ. Saa nnipa yi ne kane tete nnipa atitire a na wɔyɛ akofoɔ a wɔgyee edin no.
5 여호와께서 사람의 죄악이 세상에 관영함과 그 마음의 생각의 모든 계획이 항상 악할 뿐임을 보시고
Awurade Onyankopɔn hunuu sɛ adasamma amumuyɛ adɔɔso wɔ asase so, na nnipa nsusuiɛ nyinaa yɛ bɔne nko ara.
6 땅위에 사람 지으셨음을 한탄하사 마음에 근심하시고
Ɛyɛɛ Awurade Onyankopɔn awerɛhoɔ sɛ ɔbɔɔ wɔn bɛtenaa asase so. Saa bɔne no yɛɛ Awurade Onyankopɔn awerɛhoɔ.
7 가라사대 나의 창조한 사람을 내가 지면에서 쓸어 버리되 사람으로부터 육축과 기는 것과 공중의 새까지 그리하리니 이는 내가 그것을 지었음을 한탄함이니라 하시니라
Awurade kaa sɛ, “Mɛpepa nnipa a mabɔ wɔn no afiri asase so; mmoa ne mmoa a wɔwea asase so ne ewiem nnomaa, ɛfiri sɛ, ɛyɛ me ya sɛ mebɔɔ wɔn.”
Nanso, Noa deɛ, ɔnyaa adom Awurade anim.
9 노아의 사적은 이러하니라 노아는 의인이요 당세에 완전한 자라 그가 하나님과 동행하였으며
Noa awoɔ ntoatoasoɔ nie. Na Noa yɛ onipa teneneeni a ne ho nni asɛm wɔ ne berɛsofoɔ mu. Ɔyɛɛ Onyankopɔn apɛdeɛ.
10 그가 세 아들을 낳았으니 셈과, 함과, 야벳이라
Noa woo mmammarima baasa na wɔn din de Sem, Ham ne Yafet.
11 때에 온 땅이 하나님 앞에 패괴하여 강포가 땅에 충만한지라
Na bɔne ahyɛ asase so ma a amumuyɛsɛm adɔɔso.
12 하나님이 보신즉 땅이 패괴하였으니 이는 땅에서 모든 혈육 있는 자의 행위가 패괴함이었더라
Onyankopɔn hunuu saa bɔne yi nyinaa wɔ asase so, hunuu awurukasɛm ne amumuyɛsɛm, afanan nyinaa nso.
13 하나님이 노아에게 이르시되 모든 혈육있는 자의 강포가 땅에 가득하므로 그 끝날이 내 앞에 이르렀으니 내가 그들을 땅과 함께 멸하리라
Enti, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ, “Esiane sɛ nnipa ama basabasa aba asase so enti, mɛsɛe nnipa ne asase a wɔte so no nyinaa.
14 너는 잣나무로 너를 위하여 방주를 짓되 그 안에 간들을 막고 역청으로 그 안팎에 칠하라
Fa ɔwawa dua yɛ adaka. Yɛ adan wɔ Adaka no mu, na fa ama ka emu ne akyire nyinaa.
15 그 방주의 제도는 이러하니 장이 삼백 규빗, 광이 오십 규빗, 고가 삼십 규빗이며
Sei na ɛsɛ sɛ woyɛ no: ma ne tenten nyɛ anammɔn ahanan aduonum, ne trɛ anammɔn aduɔson enum, na ne ɔsorokɔ nso nyɛ anammɔn aduanan enum.
16 거기 창을 내되 위에서부터 한 규빗에 내고 그 문은 옆으로 내고 상 중 하 삼층으로 할지니라
Bɔ adaka no so. Ma ne ɔsorokɔ nyɛ bɛyɛ sɛ nsateakwaa dunwɔtwe. Fa ɛpono to adaka no nkyɛn, na yɛ nsamsoɔ mmiɛnsa; deɛ ɛdi ɛkan, deɛ ɛda ntam ne deɛ ɛwɔ soro.
17 내가 홍수를 땅에 일으켜 무릇 생명의 기식 있는 육체를 천하에서 멸절하리니 땅에 있는 자가 다 죽으리라
Tie! Mede nsuyire bɛkata asase so nyinaa, na mede asɛe abɔdeɛ a nkwa wɔ mu; biribiara a nkwa wɔ mu no, ne nyinaa bɛwuwu.
18 그러나 너와는 내가 내 언약을 세우리니 너는 네 아들들과 네 아내와 네 자부들과 함께 그 방주로 들어가고
Na wo deɛ, me ne wo bɛyɛ apam; na wo, wo mmammarima, wo yere ne wo mmammarima yerenom nyinaa ne wo bɛba Adaka no mu.
19 혈육 있는 모든 생물을 너는 각기 암, 수 한쌍씩 방주로 이끌어 들여 너와 함께 생명을 보존케 하되
Ɛsɛ sɛ wode abɔdeɛ a nkwa wɔ mu nyinaa, mmienu mmienu a, ɛyɛ onini ne ɔbereɛ a, wo ne wɔn bɛtena adaka no mu nsuyire berɛ no a, wɔnwuwuo.
20 새가 그 종류대로, 육축이 그 종류대로, 땅에 기는 모든 것이 그 종류대로, 각기 둘씩 네게로 나아오리니 그 생명을 보존케하라
Nnomaa ahodoɔ biara mmienu, mmoa biara mmienu, ne abɔdeɛ biara a ɛwea asase so mmienu bɛba wo nkyɛn, na woahwɛ wɔn, na wɔanwuwu.
21 너는 먹을 모든 식물을 네게로 가져다가 저축하라 이것이 너와 그들의 식물이 되리라
Afei, fa nnuane ahodoɔ a, wɔdie na kora. Ɛno na ɛbɛyɛ wo ne wɔn nnuane a mobɛdi.”
22 노아가 그와 같이 하되 하나님이 자기에게 명하신 대로 다 준행하였더라!
Noa yɛɛ biribiara pɛpɛɛpɛ, sɛdeɛ Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no.