< 창세기 5 >

1 아담 자손의 계보가 이러하니라 하나님이 사람을 창조하실 때에 하나님의 형상대로 지으시되
Sɛdeɛ Adam asefoɔ nnidisoɔ teɛ nie. Ɛberɛ a Onyankopɔn nwonoo onipa no, ɔnwonoo no sɛ ɔno ara ne sɛso.
2 남자와 여자를 창조하셨고 그들이 창조되던 날에 하나님이 그들에게 복을 주시고 그들의 이름을 사람이라 일컬으셨더라
Ɔbɔɔ ɔbaa ne ɔbarima, na ɔhyiraa wɔn. Ɔbɔɔ wɔn wieeɛ no, ɔtoo wɔn edin onipa.
3 아담이 일백 삼십세에 자기 모양 곧 자기 형상과 같은 아들을 낳아 이름을 셋이라 하였고
Adam dii mfeɛ ɔha aduasa no, ɔwoo ɔbabarima sɛ ɔno ara ne bɔbea ne ne sɛso. Ɔtoo no edin Set.
4 아담이 셋을 낳은 후 팔백년을 지내며 자녀를 낳았으며
Ɔwoo Set no, Adam tenaa ase mfeɛ aha nwɔtwe a, ɔwowoo mmammarima ne mmammaa kaa ho.
5 그가 구백 삼십세를 향수하고 죽었더라
Sɛ wɔka Adam mfeɛ nyinaa bom a, ɔdii mfeɛ aha nkron aduasa, ansa na ɔrewu.
6 셋은 일백 오세에 에노스를 낳았고
Set dii mfeɛ ɔha ne enum no, ɔwoo Enos.
7 에노스를 낳은 후 팔백 칠년을 지내며 자녀를 낳았으며
Set woo Enos akyiri no, ɔtenaa ase, dii mfeɛ aha nwɔtwe ne nson, wowoo mmammarima ne mmammaa kaa ho.
8 그가 구백 십이세를 향수하고 죽었더라
Sɛ wɔka Set mfeɛ dodoɔ bom a, ɔdii mfeɛ aha nkron ne dumienu, ansa na ɔrewu.
9 에노스는 구십세에 게난을 낳았고
Enos dii mfeɛ aduɔkron no, ɔwoo Kenan.
10 게난을 낳은 후 팔백 십 오년을 지내며 자녀를 낳았으며
Enos woo Kenan akyiri no, ɔtenaa ase mfeɛ aha nwɔtwe ne dunum, wowoo mmammarima ne mmammaa kaa ho.
11 그가 구백 오세를 향수하고 죽었더라
Sɛ wɔka Enos mfeɛ dodoɔ bom a, ɔdii mfeɛ aha nkron ne enum, ansa na ɔrewu.
12 게난은 칠십세에 마할랄렐을 낳았고
Kenan dii mfeɛ aduɔson no, ɔwoo Mahalalel.
13 마할랄렐을 낳은 후 팔백 사십년을 지내며 자녀를 낳았으며
Kenan woo Mahalalel akyiri no, ɔtenaa ase mfeɛ aha nwɔtwe aduanan, wowoo mmammarima ne mmammaa kaa ho.
14 그가 구백 십세를 향수하고 죽었더라
Sɛ wɔka Kenan mfeɛ dodoɔ bom a, ɔdii mfeɛ aha nkron ne edu, ansa na ɔrewu.
15 마할랄렐은 육십 오세에 야렛을 낳았고
Mahalalel dii mfeɛ aduosia enum no, ɔwoo Yared.
16 야렛을 낳은 후 팔백 삼십년을 지내며 자녀를 낳았으며
Mahalalel woo Yared akyiri no, ɔtenaa ase, dii mfeɛ aha nwɔtwe aduasa, wowoo mmammarima ne mmammaa kaa ho.
17 그가 팔백 구십 오세를 향수하고 죽었더라
Sɛ wɔka Mahalalel mfeɛ dodoɔ bom a, ɔdii mfeɛ aha nwɔtwe aduɔkron enum, ansa na ɔrewu.
18 야렛은 일백 육십 이세에 에녹을 낳았고
Yared dii mfeɛ ɔha aduosia mmienu no, ɔwoo Henok.
19 에녹을 낳은 후 팔백년을 지내며 자녀를 낳았으며
Yared woo Henok akyiri no, ɔtenaa ase mfeɛ aha nwɔtwe, wowoo mmammarima ne mmammaa kaa ho.
20 그가 구백 육십 이세를 향수하고 죽었더라
Sɛ wɔka Yared mfeɛ dodoɔ bom a, ɔdii mfeɛ aha nkron aduosia mmienu, ansa na ɔrewu.
21 에녹은 육십 오세에 므두셀라를 낳았고
Henok dii mfeɛ aduosia enum no, ɔwoo Metusela.
22 므두셀라를 낳은 후 삼백년을 하나님과 동행하며 자녀를 낳았으며
Henok woo Metusela akyiri no, Henok de ne ho bataa Awurade ho mfeɛ ahasa, na ɔwowoo mmammarima ne mmammaa kaa ho.
23 그가 삼백 육십 오세를 향수하였더라
Sɛ wɔka Henok mfeɛ dodoɔ bom a, ɔdii mfeɛ ahasa aduosia enum.
24 에녹이 하나님과 동행하더니 하나님이 그를 데려 가시므로 세상에 있지 아니하였더라
Henok de ne ho bataa Onyankopɔn; afei, obi anhunu no bio, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn faa no kɔeɛ.
25 므두셀라는 일백 팔십 칠세에 라멕을 낳았고
Metusela dii mfeɛ ɔha aduɔwɔtwe nson no, ɔwoo Lamek.
26 라멕을 낳은 후 칠백 팔십 이년을 지내며 자녀를 낳았으며
Metusela woo Lamek akyiri no, ɔtenaa ase mfeɛ ahanson aduɔwɔtwe mmienu, wowoo mmammarima ne mmammaa kaa ho.
27 그는 구백 육십 구세를 향수하고 죽었더라
Sɛ wɔka Metusela mfeɛ dodoɔ bom a, ɔdii mfeɛ aha nkron aduosia nkron, ansa na ɔrewu.
28 라멕은 일백 팔십 이세에 아들을 낳고
Lamek dii mfeɛ ɔha ne aduɔwɔtwe mmienu no, ɔwoo ɔbabarima.
29 이름을 노아라 하여 가로되 `여호와께서 땅을 저주하시므로 수고로이 일하는 우리를 이 아들이 안위하리라' 하였더라
Ɔtoo no edin Noa, na ɔkaa sɛ, ɔno na ɔbɛma yɛanya ahomegyeɛ afiri kuayɛ mu adwumaden wɔ asase a Awurade adome no so.
30 라멕이 노아를 낳은 후 오백 구십 오년을 지내며 자녀를 낳았으며
Lamek woo Noa akyiri no, ɔtenaa ase mfeɛ ahanum aduɔkron enum, wowoo mmammarima ne mmammaa kaa ho.
31 그는 칠백 칠십 칠세를 향수하고 죽었더라
Sɛ wɔka Lamek mfeɛ dodoɔ bom a, ɔdii mfeɛ ahanson aduɔson nson, ansa na ɔrewu.
32 노아가 오백세 된 후에 셈과, 함과, 야벳을 낳았더라
Noa dii mfeɛ ahanum no, ɔwoo mmammarima baasa a, wɔfrɛ wɔn Sem, Ham ne Yafet.

< 창세기 5 >