< מִשְׁלֵי 2 >
בני אם תקח אמרי ומצותי תצפן אתך׃ | 1 |
Me ba, sɛ wutie me nsɛm, na woma me mmaransɛm tena wo mu a,
להקשיב לחכמה אזנך תטה לבך לתבונה׃ | 2 |
sɛ wowɛn wʼaso ma nyansa na wode wo koma ma ntease,
כי אם לבינה תקרא לתבונה תתן קולך׃ | 3 |
na woma wo nne so frɛ nhumu na wusu frɛ ntease,
אם תבקשנה ככסף וכמטמונים תחפשנה׃ | 4 |
na sɛ wohwehwɛ no te sɛnea wohwehwɛ dwetɛ na wohwehwɛ no sɛnea worepɛ ademude a ahintaw a,
אז תבין יראת יהוה ודעת אלהים תמצא׃ | 5 |
ɛno na wobɛte Awurade suro ase na woahu Onyankopɔn ho nimdeɛ.
כי יהוה יתן חכמה מפיו דעת ותבונה׃ | 6 |
Awurade ma nimdeɛ, na nʼanom na nyansa ne ntease fi ba.
וצפן לישרים תושיה מגן להלכי תם׃ | 7 |
Ɔkora nkonimdi ma wɔn a wɔteɛ, ɔyɛ kyɛm ma wɔn a wɔn akwan yɛ pɛ,
לנצר ארחות משפט ודרך חסידו ישמר׃ | 8 |
ɔwɛn nea ɔyɛ pɛ kwan, na ɔbɔ wɔn a wodi no nokware no akwan ho ban.
אז תבין צדק ומשפט ומישרים כל מעגל טוב׃ | 9 |
Ɛno na wobɛte nea eye ne nea ɛyɛ pɛ, ne nea ɛfata, ɔkwan biara a eye ase.
כי תבוא חכמה בלבך ודעת לנפשך ינעם׃ | 10 |
Afei nyansa bewura wo koma mu, na nimdeɛ ayɛ ahomeka ama wo kra.
מזמה תשמר עליך תבונה תנצרכה׃ | 11 |
Adwene bɛbɔ wo ho ban na ntease ahwɛ wo so.
להצילך מדרך רע מאיש מדבר תהפכות׃ | 12 |
Nyansa beyi wo afi amumɔyɛfo akwan mu, ebeyi wo afi nnipa a wɔn nsɛm yɛ basabasa nsam,
העזבים ארחות ישר ללכת בדרכי חשך׃ | 13 |
wɔn a wɔaman afi akwan pa so akɔnantew sum akwan so no,
השמחים לעשות רע יגילו בתהפכות רע׃ | 14 |
wɔn a wɔn ani gye bɔneyɛ ho, na wodi ahurusi wɔ bɔne mu basabasayɛ ho,
אשר ארחתיהם עקשים ונלוזים במעגלותם׃ | 15 |
wɔn a wɔn akwan yɛ kɔntɔnkye na wɔyɛ abonsam wɔ wɔn akwan mu.
להצילך מאשה זרה מנכריה אמריה החליקה׃ | 16 |
Nimdeɛ begye wo afi ɔbea waresɛefo no nsam, afi ɔbea warefo huhuni a ɔka nnaadaasɛm ho,
העזבת אלוף נעוריה ואת ברית אלהיה שכחה׃ | 17 |
nea wagyaa ne mmabaabere mu kunu na wapo apam a ɔyɛɛ wɔ Onyankopɔn anim no.
כי שחה אל מות ביתה ואל רפאים מעגלתיה׃ | 18 |
Ne fi yɛ ɔkwan a ɛkɔ owu mu na nʼakwan kɔ awufo honhom nkyɛn.
כל באיה לא ישובון ולא ישיגו ארחות חיים׃ | 19 |
Obiara a ɔkɔ ne nkyɛn no nsan mma anaasɛ ɔrensi nkwa akwan so.
למען תלך בדרך טובים וארחות צדיקים תשמר׃ | 20 |
Enti wubedi nnipa pa anammɔn akyi na woanantew atreneefo akwan so.
כי ישרים ישכנו ארץ ותמימים יותרו בה׃ | 21 |
Efisɛ wɔn a wɔteɛ bɛtena asase no so, na wɔn a asɛm nni wɔn ho no na wɔbɛka hɔ;
ורשעים מארץ יכרתו ובוגדים יסחו ממנה׃ | 22 |
na wobetwa amumɔyɛfo afi asase no so, na wɔatɔre atorofo ase.