< תהילים 1 >
אשרי האיש אשר לא הלך בעצת רשעים ובדרך חטאים לא עמד ובמושב לצים לא ישב׃ | 1 |
Nhyira ne onipa a ontie amumɔyɛfo afotu na onni nnebɔneyɛfo nhwɛso akyi na ɔntena fɛwdifo tenabea.
כי אם בתורת יהוה חפצו ובתורתו יהגה יומם ולילה׃ | 2 |
Na mmom, Awurade mmara sɔ nʼani, na osusuw ho awia ne anadwo.
והיה כעץ שתול על פלגי מים אשר פריו יתן בעתו ועלהו לא יבול וכל אשר יעשה יצליח׃ | 3 |
Ɔte sɛ dua a wɔatɛw wɔ asuten ho, na ɛsow nʼaba ne bere mu a nʼahaban no nguan da. Nea ɔyɛ biara yɛ yiye.
לא כן הרשעים כי אם כמץ אשר תדפנו רוח׃ | 4 |
Nanso nnebɔneyɛfo nte saa; wɔte sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ gu.
על כן לא יקמו רשעים במשפט וחטאים בעדת צדיקים׃ | 5 |
Enti amumɔyɛfo rentumi nnyina atemmu no ano, na nnebɔneyɛfo nso rentena atreneefo asafo mu.
כי יודע יהוה דרך צדיקים ודרך רשעים תאבד׃ | 6 |
Efisɛ Awurade kyerɛ ɔtreneeni kwan nanso amumɔyɛfo kwan de, ɛbɛyera.