< איוב 25 >

ויען בלדד השחי ויאמר׃ 1
Na Suhini Bildad buaa sɛ,
המשל ופחד עמו עשה שלום במרומיו׃ 2
“Tumi ne suro wɔ Onyankopɔn; ɔno na ɔhyehyɛ pɛpɛyɛ wɔ ɔsorosoro.
היש מספר לגדודיו ועל מי לא יקום אורהו׃ 3
Wɔbɛtumi akan nʼakodɔm anaa? Hwan na ne hann nto ngu ne soɔ?
ומה יצדק אנוש עם אל ומה יזכה ילוד אשה׃ 4
Ɔdasani bɛtene Onyankopɔn anim sɛn, na ɛbɛyɛ dɛn na deɛ ɔbaa awo no ho bɛteɛ?
הן עד ירח ולא יאהיל וכוכבים לא זכו בעיניו׃ 5
Mpo sɛ ɔsrane nhyerɛn na nsoromma ho nte wɔ nʼani so a,
אף כי אנוש רמה ובן אדם תולעה׃ 6
na nkantom onipa a ɔte sɛ nsaama, onipa ba a ɔyɛ ɔsonsono kɛkɛ!”

< איוב 25 >