< איוב 17 >

רוחי חבלה ימי נזעכו קברים לי׃ 1
Me sunsum atɔ piti, me nna so atwa, na damena retwɛn me.
אם לא התלים עמדי ובהמרותם תלן עיני׃ 2
Ampa ara fɛdifoɔ atwa me ho ahyia; ɛsɛ sɛ mehwɛ wɔn atutupɛ.
שימה נא ערבני עמך מי הוא לידי יתקע׃ 3
“Ao Onyankopɔn, hyɛ me ɛbɔ a wopɛ. Hwan bio na ɔbɛma me banbɔ?
כי לבם צפנת משכל על כן לא תרמם׃ 4
Woato wɔn adwene mu a wɔnte asɛm ase; enti woremma wɔnni nkonim.
לחלק יגיד רעים ועיני בניו תכלנה׃ 5
Sɛ obi sopa ne nnamfonom de nya akatua a, ne mma ani bɛfira.
והצגני למשל עמים ותפת לפנים אהיה׃ 6
“Onyankopɔn de me ayɛ asɛm a ɛda obiara ano, obi a wɔte ntasuo gu nʼani so.
ותכה מכעש עיני ויצרי כצל כלם׃ 7
Awerɛhoɔ ama mʼani ayɛ samoo me bɔberɛ nyinaa yɛ sunsumma.
ישמו ישרים על זאת ונקי על חנף יתערר׃ 8
Ateneneefoɔ hunu me a, ɛyɛ wɔn nwanwa. Wɔn a wɔdi bem no bɛsɔre atia wɔn a wɔnni nyamesu.
ויאחז צדיק דרכו וטהר ידים יסיף אמץ׃ 9
Ateneneefoɔ bɛkɔ wɔn anim, na wɔn a wɔn nsa ho teɛ bɛkɔ so anya ahoɔden.
ואולם כלם תשבו ובאו נא ולא אמצא בכם חכם׃ 10
“Mo nyinaa mo nsane mmra mmɛsɔ me nhwɛ! Na merennya onyansafoɔ wɔ mo mu.
ימי עברו זמתי נתקו מורשי לבבי׃ 11
Me nna atwam, me nhyehyɛeɛ apansam, saa ara na mʼakoma apɛdeɛ nso ayɛ.
לילה ליום ישימו אור קרוב מפני חשך׃ 12
Saa nnipa yi ma anadwo dane awia; esum mu koraa no, wɔka sɛ, ‘Hann abɛn,’
אם אקוה שאול ביתי בחשך רפדתי יצועי׃ (Sheol h7585) 13
Sɛ efie baako pɛ a mʼani da so ne damena, sɛ mesɛ me kɛtɛ wɔ esum mu, (Sheol h7585)
לשחת קראתי אבי אתה אמי ואחתי לרמה׃ 14
sɛ meka kyerɛ porɔeɛ sɛ, ‘Woyɛ mʼagya,’ na me kyerɛ ɔsonsono sɛ, ‘Me maame’ anaa ‘Me nuabaa’ a,
ואיה אפו תקותי ותקותי מי ישורנה׃ 15
na afei mʼanidasoɔ wɔ he? Hwan na ɔbɛtumi anya anidasoɔ bi ama me?
בדי שאל תרדנה אם יחד על עפר נחת׃ (Sheol h7585) 16
Ɛbɛsiane akɔ owuo ɛpono ano anaa? Yɛn nyinaa bɛsiane akɔ mfuturo mu anaa?” (Sheol h7585)

< איוב 17 >