< תהילים 59 >

למנצח אל-תשחת לדוד מכתם בשלח שאול וישמרו את-הבית להמיתו ב הצילני מאיבי אלהי ממתקוממי תשגבני 1
Wɔto no sɛnea wɔto “Nsɛe No” sanku nne so. Dawid “miktam” dwom. Ɔtoo no bere a Saulo soma kɔwɛn Dawid fi sɛ wonkokum no no. Ao, Onyankopɔn, gye me fi mʼatamfo nsam; bɔ me ho ban fi wɔn a wɔtaa me no ho.
הצילני מפעלי און ומאנשי דמים הושיעני 2
Gye me fi amumɔyɛfo nsam. Gye me nkwa fi mogyapɛfo nsam.
כי הנה ארבו לנפשי-- יגורו עלי עזים לא-פשעי ולא-חטאתי יהוה 3
Hwɛ sɛnea wɔatɛw rehwehwɛ me akum me! Nnipa a wɔn ho yɛ hu bɔ pɔw bɔne tia me a emfi me mfomso anaa bɔne bi, Awurade.
בלי-עון ירצון ויכוננו עורה לקראתי וראה 4
Menyɛɛ mfomso bi, nanso wɔayɛ krado sɛ wɔbɛtow ahyɛ me so. Sɔre begye me; hwɛ mʼamanehunu!
ואתה יהוה-אלהים צבאות אלהי ישראל-- הקיצה לפקד כל-הגוים אל-תחן כל-בגדי און סלה 5
Wo, Awurade Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn, ma wo ho so na twe amanaman no nyinaa aso; nhu amumɔyɛfo nkontompofo no mmɔbɔ.
ישובו לערב יהמו ככלב ויסובבו עיר 6
Wɔsan ba anwummere, wɔbobɔ mu sɛ akraman, na wokyinkyin kuropɔn no mu.
הנה יביעון בפיהם--חרבות בשפתותיהם כי-מי שמע 7
Hwɛ nea wɔfe fi wɔn anom, wɔn anofafa mu nsɛm ano yɛ nnam sɛ mfoa, na wosusuw se: “Hena na ɔbɛte yɛn nka?”
ואתה יהוה תשחק-למו תלעג לכל-גוים 8
Nanso wo Awurade, woserew wɔn; wudi saa aman no nyinaa ho fɛw.
עזו אליך אשמרה כי-אלהים משגבי 9
Wone mʼAhoɔden, mehwɛ wo kwan; wo, Onyankopɔn, ne mʼabandennen,
אלהי חסדו (חסדי) יקדמני אלהים יראני בשררי 10
me Nyankopɔn a metumi atweri no. Onyankopɔn bedi mʼanim na ɔbɛma mahwɛ wɔn a wɔbɔ me ahohora no haw.
אל-תהרגם פן ישכחו עמי--הניעמו בחילך והורידמו מגננו אדני 11
Nanso nkum wɔn, Awurade, yɛn nkatabo, na me nkurɔfo werɛ amfi wɔn. Wo tumi mu no tutu wɔn ase, na brɛ wɔn ase.
חטאת-פימו דבר-שפתימו וילכדו בגאונם ומאלה ומכחש יספרו 12
Bɔne a efi wɔn anom, ne wɔn ano nsɛm nti ma wɔn ahomaso nkyekyere wɔn. Abususɛm a wɔka ne atoro a wotwa nti,
כלה בחמה כלה ואינמו וידעו--כי-אלהים משל ביעקב לאפסי הארץ סלה 13
sɛe wɔn wɔ abufuwhyew mu, kosi sɛ wɔn ase bɛtɔre. Afei ɛbɛma asase so mmaa nyinaa ahu sɛ Onyankopɔn di Yakob so.
וישבו לערב יהמו ככלב ויסובבו עיר 14
Wɔsan ba anwummere, wɔbobɔ mu sɛ akraman, na wokyinkyin kuropɔn no mu.
המה ינועון (יניעון) לאכל-- אם-לא ישבעו וילינו 15
Wokyinkyin pɛ aduan na sɛ wɔammee a, wosu bobɔ mu.
ואני אשיר עזך-- וארנן לבקר חסדך כי-היית משגב לי ומנוס ביום צר-לי 16
Nanso mɛto wʼahoɔden ho dwom, mɛto wʼadɔe ho dwom anɔpa; efisɛ woyɛ mʼabandennen, me guankɔbea wɔ ahohia mmere mu.
עזי אליך אזמרה כי-אלהים משגבי אלהי חסדי 17
Ao mʼAhoɔden, mɛto ayeyi dwom ama wo; wo, Onyankopɔn, ne mʼabandennen, me Nyankopɔn a ɔyɛ ɔdɔ. Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto no sɛnea wɔto “Susan Edut.”

< תהילים 59 >