< John 9 >

1 As He passed by, He saw a man who had been blind from his birth.
Yesu nam no, ohuu aberante bi a wɔwoo no onifuraefo,
2 So His disciples asked Him, "Rabbi, who sinned--this man or his parents--that he was born blind?"
Nʼasuafo no bisaa no se, “Kyerɛkyerɛfo, hena na ɔyɛɛ bɔne, saa onifuraefo yi awofo anaa ɔno ankasa, nti na ɛma wɔwoo no onifuraefo yi?”
3 "Neither he nor his parents sinned," answered Jesus, "but he was born blind in order that God's mercy might be openly shown in him.
Yesu buae se, “Ɛnyɛ nʼawofo anaa nʼankasa bɔne nti na nʼani afura. Na mmom nʼani afura sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn tumi bɛyɛ ne ho adwuma.
4 We must do the works of Him who sent me while there is daylight. Night is coming on, when no one can work.
Esiane sɛ adesae nkyɛ ba no nti ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea ɔsomaa me no adwuma a ɔde ahyɛ yɛn nsa no. Sɛ ade sa a obiara ntumi nyɛ adwuma.
5 When I am in the world, I am the Light of the world."
Bere a mewɔ wiase yi de, mene wiase hann no.”
6 After thus speaking, He spat on the ground, and then, kneading the dust and spittle into clay, He smeared the clay over the man's eyes and said to him,
Ɔkaa saa no ɔtee ntasu guu fam de fɔtɔw dɔte na ɔde dɔte no sraa onifuraefo no ani so.
7 "Go and wash in the pool of Siloam" --the name means 'Sent.' So he went and washed his eyes, and returned able to see.
Na ɔka kyerɛɛ no se, “Kɔ ɔtare Siloa no mu, na kɔhohoro wʼanim.” Onifuraefo yi kɔ kɔhohoroo nʼanim san bae a, afei de ohu ade.
8 His neighbours, therefore, and the other people to whom he had been a familiar object because he was a beggar, began asking, "Is not this the man who used to sit and beg?"
Onifuraefo no afipamfo a wohuu no sɛ ɔte kwan ho srɛsrɛ ade no huu no no, wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Ɛnyɛ aberante a na ɔsrɛsrɛ ade no ni?”
9 "Yes it is," replied some of them. "No it is not," said others, "but he is like him." His own statement was, "I am the man."
Ebinom kae se, “Ɛyɛ ɔno,” na afoforo nso kae se, “Dabi, ɛnyɛ ɔno na mmom sɛ na ɔsɛ no.” Aberante yi kae se, “Ɛyɛ me.”
10 "How then were your eyes opened?" they asked.
Nnipa no bisaa no se, “Ɛyɛɛ dɛn na afei wuhu ade yi?”
11 "He whose name is Jesus," he answered, "made clay and smeared my eyes with it, and then told me to go to Siloam and wash. So I went and washed and obtained sight."
Obuaa wɔn se, “Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yesu no fɔtɔw dɔte na ɔde sraa mʼani so na ɔka kyerɛɛ me se, ‘Kɔ ɔtare Siloa mu na kɔhohoro wʼanim’. Mekɔ kɔhohoroo mʼanim wiee ara pɛ na mihuu ade.”
12 "Where is he?" they inquired, but the man did not know.
Wɔsan bisaa no bio se, “Saa Yesu no wɔ he?” Obuaa wɔn se, “Minnim.”
13 They brought him to the Pharisees--the man who had been blind.
Wɔde aberante a na nʼani afura no brɛɛ Farisifo no.
14 Now the day on which Jesus made the clay and opened the man's eyes was the Sabbath.
Da a Yesu saa onifuraefo no yare no yɛ homeda.
15 So the Pharisees renewed their questioning as to how he had obtained his sight. "He put clay on my eyes," he replied, "and I washed, and now I can see."
Farisifo no nso bisaa aberante no sɛnea ɛyɛe a afei de ohuu ade. Aberante no kaa sɛnea Yesu de dɔte a wafɔtɔw sraa nʼani so na ɔkɔhohoro ma ohuu ade no kyerɛɛ wɔn.
16 This led some of the Pharisees to say, "That man has not come from God, for he does not keep the Sabbath." "How is it possible for a bad man to do such miracles?" argued others.
Farisifo no mu bi kae se, “Onipa a ɔyɛɛ saa ade yi mfi Onyankopɔn hɔ, efisɛ onni homeda mmara no so.” Afoforo nso kae se, “Ɛbɛyɛ dɛn na ɔdebɔneyɛni a ɔte sɛɛ yi betumi ayɛ saa anwonwadwuma yi?” Saa akyinnye yi maa mpaapaemu baa wɔn mu.
17 And there was a division among them. So again they asked the once blind man, "What is your account of him? --for he opened your eyes." "He is a Prophet," he replied.
Afei Farisifo yi san bisaa aberante no se, “Wo na wuse ɔma wuhuu ade, dɛn asɛm na woka fa ne ho?” Aberante yi buae se, “Migye di sɛ ɔyɛ odiyifo a ofi Onyankopɔn nkyɛn.”
18 The Jews, however, did not believe the statement concerning him--that he had been blind and had obtained his sight--until they called his parents and asked them,
Yudafo no annye anni ara da sɛ, na saa aberante no yɛ onifuraefo a afei de ohu ade, kosi sɛ wɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ nʼawofo bae,
19 "Is this your son, who you say was born blind? How is it then that he can now see?"
ma wobisaa wɔn se, “Mo ba ni ana? Mokyerɛ sɛ mowoo no no, na ɔyɛ onifuraefo ana? Ɛyɛɛ dɛn na afei de ohu ade yi?”
20 "We know," replied the parents, "that this is our son and that he was born blind;
Nʼawofo no buae se, “Yegye to mu sɛ ɔyɛ yɛn ba, na yɛwoo no no nso, na ɔyɛ onifuraefo.
21 but how it is that he can now see or who has opened his eyes we do not know. Ask him himself; he is of full age; he himself will give his own account of it."
Nanso yennim nea enti a afei de ohu ade yi. Saa ara nso na yennim onipa ko a ɔma ohuu ade no. Ɔno ara ni, nʼani nso afi a obetumi akasa ama ne ho nti mummisa no.”
22 Such was their answer, because they were afraid of the Jews; for the Jews had already settled among themselves that if any one should acknowledge Jesus as the Christ, he should be excluded from the synagogue.
Nea ɛmaa nʼawofo no kaa saa ne sɛ, na wosuro Yudafo mpanyimfo no a wɔaka se, obiara a ɔbɛka se Yesu ne Agyenkwa no no, wɔbɛpam no afi asɔredan no mu hɔ no.
23 That was why his parents said, "He is of full age: ask him himself."
Eyi nti na nʼawofo no kae se, “Nʼani afi a obetumi akasa ama ne ho enti mummisa no” no.
24 A second time therefore they called the man who had been blind, and said, "Give God the praise: we know that that man is a sinner."
Wɔsan frɛɛ aberante a na ɔyɛ onifuraefo no ka kyerɛɛ no se, “Hyɛ bɔ wɔ Onyankopɔn din mu se, asɛm a yɛrebebisa wo yi wubedi nokware. Yenim sɛ saa ɔbarima yi yɛ ɔdebɔneyɛni.”
25 "Whether he is a sinner or not, I do not know," he replied; "one thing I know--that I was once blind and that now I can see."
Aberante no buaa wɔn se, “Me de, sɛ ɔyɛ ɔdebɔneyɛni o, sɛ nso ɔyɛ onipa pa o, ɛno de, minnim. Nea minim ara ne sɛ kan no na meyɛ onifuraefo na afei de mihu ade.”
26 "What did he do to you?" they asked; "how did he open your eyes?"
Wobisaa no bio se, “Dɛn na ɔyɛɛ wo ma wuhuu ade?”
27 "I have told you already," he replied, "and you did not listen to me. Why do you want to hear it again? Do you also mean to be disciples of his?"
Aberante no de abufuw buaa wɔn se, “Maka nokware no akyerɛ mo, nanso moantie. Dɛn bio na mopɛ sɛ meka kyerɛ mo? Anaasɛ mo nso mopɛ sɛ mobɛyɛ nʼasuafo?”
28 Then they railed at him, and said, "You are that man's disciple, but we are disciples of Moses.
Mpanyimfo no yeyaw no san kae se, “Wo mmom na woyɛ saa akoa no suani; na yɛn de, yɛyɛ Mose asuafo.
29 We know that God spoke to Moses; but as for this fellow we do not know where he comes from."
Yenim pefee sɛ Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Mose nanso saa Yesu yi de, yennim faako a ofi mpo!”
30 "Why, this is marvellous!" the man replied; "you do not know where he comes from, and yet he has opened my eyes!
Aberante yi ka kyerɛɛ mpanyimfo no se, “Ɛyɛ me nwonwa yiye sɛ obi a otumi ma onifuraefo hu ade no mutumi ka se munnim faako a ofi.
31 We know that God does not listen to bad people, but that if any one is a God-fearing man and obeys Him, to him He listens.
Yenim sɛ Onyankopɔn ntie nnebɔneyɛfo asɛm; na mmom otie nnipa a wodi no ni na wɔyɛ nʼapɛde no.
32 From the beginning of the world such a thing was never heard of as that any one should open the eyes of a man blind from his birth. (aiōn g165)
Efi adebɔ mfiase, yɛntee da sɛ obi ama onifuraefo ahu ade; (aiōn g165)
33 Had that man not come from God, he could have done nothing."
sɛ ɔbarima yi mfi Onyankopɔn hɔ a anka ɔrentumi nyɛ anwonwade a ɛte sɛɛ.”
34 "You," they replied, "were wholly begotten and born in sin, and do you teach us?" And they put him out of the synagogue.
Mpanyimfo no nso de abufuw buaa no se, “Ɔdebɔneyɛni te sɛ wo na wopɛ sɛ wokyerɛkyerɛ yɛn?” Wosunsum no fii asɔredan no mu hɔ.
35 Jesus heard that they had done this. So having found him, He asked him, "Do you believe in the Son of God?"
Yesu tee sɛ wɔasunsum aberante no afi asɔredan no mu hɔ no, ɔhwehwɛɛ no bisaa no se, “Wugye Onipa Ba no di ana?”
36 "Who is He, Sir?" replied the man. "Tell me, so that I may believe in Him."
Aberante no buaa no se, “Me wura, kyerɛ me saa Onipa Ba no sɛnea ɛbɛyɛ a megye no adi!”
37 "You have seen Him," said Jesus; "and not only so: He is now speaking to you."
Yesu ka kyerɛɛ no se, “Woahu no dedaw; ɔno na ɔne wo rekasa yi.”
38 "I believe, Sir," he said. And he threw himself at His feet.
Aberante no de anigye kae se, “Awurade, migye di.” Afei ɔkotow Yesu.
39 "I came into this world," said Jesus, "to judge men, that those who do not see may see, and that those who do see may become blind."
Yesu kae se, “Mebaa wiase ha sɛ merebebu atɛn, na mama wɔn a wɔyɛ anifuraefo no ahu ade, na makyerɛ wɔn a wogye di sɛ wohu ade no sɛ, wɔyɛ anifuraefo.”
40 These words were heard by those of the Pharisees who were present, and they asked Him, "Are we also blind?"
Farisifo a na wogyinagyina hɔ no bisaa no se, “Wopɛ sɛ wokyerɛ sɛ yɛyɛ anifuraefo ana?”
41 "If you were blind," answered Jesus, "you would have no sin; but as a matter of fact you boast that you see. So your sin remains!"
Yesu buaa wɔn se. “Sɛ mugye to mu sɛ moyɛ anifuraefo a, ɛno de anka munnni nea maka no ho fɔ. Esiane sɛ mugye to mu sɛ muhu ade nti motena afɔbu mu.”

< John 9 >