< 1 Samuel 19 >

1 Then Saul instructed his son Jonathan and all his officials to kill David. But Jonathan really liked David,
Saulo hyɛɛ nʼasomfo ne ne babarima Yonatan sɛ wonkum Dawid. Nanso esiane sɛ na Yonatan adamfo pa ara ne Dawid nti,
2 so he warned him, “My father Saul is trying to kill you. So be careful tomorrow morning—find a place to hide and stay hidden.
Yonatan kaa adwene a nʼagya ayɛ afa ne ho no kyerɛɛ no tuu no fo se, “Ɔkyena anɔpa, pɛ wuram baabi kɔbɔ wo ho aguaa, efisɛ mʼagya rehwehwɛ wo akum wo.
3 I'll go out with my father and stand in the field near to where you are hiding. I'll talk to him about you and see what I can find out, then I'll let you know.”
Mɛka akyerɛ mʼagya, na ɔne me aba hɔ na mɛka wo ho asɛm nyinaa akyerɛ no. Na biribiara a mehu wɔ hɔ no nso, mɛbɔ wo amanneɛ.”
4 Then Jonathan spoke positively about David to his father Saul, and told him, “The king should not do anything bad to his servant David because he's not done anything bad to you—he has always served you well.
Ade kyee anɔpa no, Yonatan ne nʼagya dii nkɔmmɔ faa Dawid ho. Yonatan kaa ne ho nsɛm pa pii. Yonatan srɛɛ nʼagya se, “Mesrɛ wo, nyɛ bɔne biara ntia Dawid. Ɔnyɛɛ biribiara a ɛbɛhaw wo. Daa, ɔfa ɔkwan biara a obetumi so boa wo.
5 He took his life in his hands when he killed the Philistine, and the Lord brought about great salvation for the whole of Israel. You saw it and you were delighted, so why would you sin and spill innocent blood by killing David without having any reason?”
Wo werɛ afi bere a ɔde ne nkwa too ne nsam, kokum Filistini no, na ɛnam so maa Awurade de nkonimdi kɛse brɛɛ Israel no? Saa bere no, akyinnye biara nni ho sɛ, wʼani gyei. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wukum onipa a ne ho nni asɛm sɛ Dawid? Nkyerɛase pa biara nni mu koraa.”
6 Saul accepted what Jonathan had to say, and promised with an oath: “I swear on the life of the Lord, he won't be put to death.”
Enti Saulo tiee Yonatan, na ɔkaa ho ntam dii nsew se, “Sɛ Awurade te ase yi, wɔrenkum Dawid.”
7 Later Jonathan called David and told him all that had been said. Then he took him to Saul, and David worked for Saul as he had before.
Akyiri no, Yonatan frɛɛ Dawid kaa asɛm a asi no kyerɛɛ no. Enti ɔfaa Dawid de no kohuu Saulo, na biribiara totɔɔ yiye, sɛnea kan no na ɛte no ara pɛ.
8 War broke out once again, and David went to fight the Philistines. He attacked them so forcefully that they ran away in defeat.
Ankyɛ biara na ɔko bi sii, maa Dawid dii nʼakofo anim kɔko tiaa Filistifo. Ɔde anibere toaa wɔn, maa wɔn nyinaa guanee.
9 A while later an evil spirit from the Lord came on Saul while he was sitting in his house with his spear in his hand. As David played the lyre,
Nanso da bi, Saulo te fi ara no, honhommɔne a efi Awurade bɛhyɛɛ ne mu prɛko pɛ bio. Bere a Dawid rebɔ ne sanku ama ɔhene no,
10 Saul tried to pin David to the wall with the spear. David managed to dodge the spear which embedded itself in the wall. Then David escaped and ran away into the night.
Saulo tow ne peaw kyerɛɛ Dawid so, pɛɛ sɛ okum no. Nanso Dawid twee ne ho, totɔɔ esum mu guan maa peaw no kaa ɔfasu no mu.
11 Saul sent some messengers to David's house to keep watch and kill him in the morning. But Michal, David's wife, warned him, “If you don't get away tonight, tomorrow you'll be killed.”
Saulo somaa mmarima kɔɔ Dawid fi kɔwɛn hɔ sɛ, opue anɔpa a wonkum no. Nanso Dawid yere Mikal bɔɔ no kɔkɔ se, “Sɛ woanguan ampɛ wo nkwa anadwo yi a, ɔkyena, wobekum wo.”
12 Michal lowered David down from a window, and he ran off, managing to escape.
Enti Mikal de Dawid faa mfɛnsere mu ma oguanee.
13 Then she took a home idol and laid it in the bed, put a goat hair wig on its head, and covered it with bedclothes.
Na Mikal faa ohoni bi de no too mpa so de atade kataa ho, na ne ti hɔ no nso, ɔde abirekyi ho nwi katae.
14 When Saul sent the messengers to arrest David, Michal told them, “He's sick.”
Bere a Saulo somaa mmarima sɛ wɔnkɔkyere Dawid no, Mikal ka kyerɛɛ wɔn se, “Ɔyare a ontumi nsɔre mfi mpa so.”
15 Saul sent the messengers back to see David, saying, “Bring him to me in the bed so I can kill him.”
Saulo san somaa mmarima no bio se, “Monkɔfa no mfi ne mpa so mmra, sɛnea metumi akum no.”
16 But when the messengers went into the bedroom, there was the idol in the bed with the goat hair wig on its head.
Nanso mmarima no wuraa ɔdan no mu no, na ohoni na ɔda mpa no so a abirekyi ho nwi na ɛkata so.
17 “Why did you trick me like this—helping my enemy get away so he could escape?” Saul asked Michal. “He told me, ‘Get out of my way! I don't want to have to kill you!’” Michal replied.
Saulo bisaa Mikal se, “Adɛn nti na woadaadaa me, ama me tamfo aguan?” Mikal buaa no se, “Na ɛsɛ sɛ meyɛ saa efisɛ ɔka kyerɛɛ me se, ‘Mammoa no a, obekum me.’”
18 This is how David got away and escaped. He went to Samuel at Ramah and explained to him everything that Saul had done to him. Then he and Samuel went to stay in Naioth.
Bere a Dawid guanee no, ɔkɔɔ Samuel nkyɛn wɔ Rama kɔkaa nea Saulo ayɛ no no nyinaa kyerɛɛ no. Enti Samuel de Dawid kɔtenaa Naiot.
19 When Saul got to hear that David was at Naioth in Ramah,
Bere a Saulo tee sɛ Dawid te Naiot a ɛwɔ Rama no,
20 he sent messengers to arrest him. But when they saw a group of prophets prophesying with Samuel leading out, the Spirit of God came on Saul's messengers and they started prophesying too.
ɔsomaa asraafo sɛ wɔnkɔkyere no mmra. Nanso woduu a wohuu Samuel ne adiyifo bi sɛ wɔrehyɛ nkɔm no, Onyankopɔn honhom baa Saulo mmarima no so, maa wɔn nso hyɛɛ nkɔm.
21 Saul was told what had happened, so he sent more messengers, and they started prophesying as well.
Saulo tee asɛm a aba no, ɔsan somaa asraafo foforo, nanso wɔn nso kɔhyɛɛ nkɔm! Asɛm koro no ara sii ne mprɛnsa so.
22 For the third time Saul sent messengers, and they also started prophesying.
Akyiri yi koraa, Saulo no ankasa kɔɔ Rama, koduu abura kɛse bi a ɛwɔ Seku ho. Obisae se, “Samuel ne Dawid wɔ he?” Obi ka kyerɛɛ no se, “Wɔn baanu wɔ Naiot a ɛwɔ Rama hɔ.”
23 In the end Saul went himself to Ramah and arrived at the large cistern at Secu. “Where are Samuel and David?” he asked. “At Naioth in Ramah,” someone told him. So Saul went on to Naioth at Ramah, but the Spirit of God even came on him, and he was prophesying as he walked along until he arrived in Naioth.
Na ɔrekɔ Naiot no, ɔkwan no so na Onyankopɔn honhom baa Saulo so, na ɔno nso fii ase hyɛɛ nkɔm.
24 Then Saul also took off his clothes and he too prophesied in Samuel's presence. Then he fell down and lay there naked all that day and all that night. That's why it is said, “Is Saul one of the prophets too?”
Osunsuan nʼatade mu, de ne ho too fam, daa hɔ da mu ne anadwo mu nyinaa, hyɛɛ nkɔm wɔ Samuel anim. Nnipa a wɔrehwɛ no no teɛteɛɛ mu se, “Asɛm ni? Enti daa yi Saulo nso yɛ odiyifo?”

< 1 Samuel 19 >