< 2 Samuel 1 >

1 After the death of Saul, David returned from attacking the Amalekites. He stayed in Ziklag for two days.
Saulo wu akyi no, Dawid san fii nkonim a odii Amalekfo so no mu bɛtenaa Siklag nnaanu.
2 Then on the third day a man arrived from Saul's camp. His clothes were torn and he had dust on his head. When he approached David, he bowed before him, and fell to the ground in respect.
Ne nnansa so no, ɔbarima bi fi Saulo nsraban mu a watetew ne ntade mu, atu mfutuma agu ne ti mu, de rekyerɛ sɛ ɔretwa adwo bae. Oduu Dawid nkyɛn no, ɔdan ne ho hwee fam nidi mu.
3 “Where have you come from?” David asked him. “I got away from the Israelite camp,” he replied.
Dawid bisaa no se, “Ɛhe na wufi?” Obuae se, “Maguan afi Israel nsraban mu.”
4 “Tell me what happened,” David asked. “The army ran away from the battle,” the man replied. “Many of them died, and Saul and his son Jonathan also died.”
Dawid bisaa no se, “Na ɛyɛɛ dɛn? Ɔko no kosii dɛn?” Ɔkae se, “Mmarima no guan fii akono. Bebree totɔe. Na Saulo ne ne babarima Yonatan nso atotɔ.”
5 “How do you know Saul and Jonathan died?” David asked the man giving the report.
Enti Dawid bisaa aberante a ɔbɛbɔɔ no saa amanneɛ no se, “Ɛyɛɛ dɛn na wuhuu sɛ Saulo ne ne babarima Yonatan awuwu?”
6 “I just happened to be there on Mount Gilboa,” he replied. “I saw Saul, leaning on his spear, with the enemy chariots and the charioteers advancing on him.
Aberante no buae se, “Mikofii Gilboa bepɔw so, na mekɔtoo sɛ Saulo sɛn ne peaw so a atamfo no nteaseɛnam ne nʼapɔnkɔsotefo mmɛn no ara.
7 He turned around and saw me. He called out and I replied, ‘I'm here to help!’
Ɔdan ne ho a ohuu me no, ɔteɛɛ mu frɛɛ me se memmra. Mibisaa no se, ‘Menyɛ dɛn?’
8 He asked me, ‘Who are you?’ I told him, ‘I'm an Amalekite.’
“Obisaa me se, ‘Wo ne hena?’ “Mibuaa no se, ‘Meyɛ Amalekni.’
9 Then he told me, ‘Please come over here and kill me! I'm in terrible agony but life is still hanging on.’
“Na ɔsrɛɛ me se, ‘Begyina me so na kum me, na me ho yeraw me yiye, na mepɛ sɛ me wu.’
10 So I went over him and killed him, because I knew that wounded as he was he couldn't last long. I took the crown from his head and his bracelet from his arm, and I've brought them here to you, my lord.”
“Enti migyinaa ne so kum no, efisɛ na minim sɛ tebea a ɔwɔ mu no, ɔrennya nkwa. Na mituu nʼahenkyɛw a ɛhyɛ no no ne nʼabasa so atweaban no sɛ mede rebrɛ wo, me wura.”
11 David grabbed hold of his clothes and ripped them, as did his men.
Dawid ne ne mmarima no tee asɛm no, wɔde awerɛhow sunsuan wɔn ntade mu.
12 They mourned and cried and fasted until the evening for Saul and his son Jonathan, and for the army of the Lord, the Israelites, that had been killed by the sword.
Wotwaa ho agyaadwo, sui, bua daa da mu no nyinaa wɔ Saulo ne ne babarima Yonatan wu ne Awurade asraafo ne Israelman sɛ wɔn mu pii wuwuu saa da no.
13 David asked man who brought him the report, “Where are you from?” “I'm the son of a foreigner,” he replied “I'm an Amalekite.”
Na Dawid bisaa aberante a ɔbɛbɔɔ wɔn saa amanneɛ no se, “Wufi he?” Na obuae se, “Meyɛ ɔhɔho Amalekni a mete mo asase so.”
14 “Why weren't you worried about killing the Lord's anointed one?” David asked.
Dawid bisaa no se, “Na wunsuro sɛ wukum obi a Awurade asra no no?”
15 David called over one of his men and said, “Go ahead, kill him!” So the man cut the Amalekite down and killed him.
Dawid ka kyerɛɛ ne mmarima no mu baako se, “Kum no!” Enti ɔbarima no twee nʼafoa de wɔɔ Amalekni no, kum no.
16 David had told the Amalekite, “Your death is your own fault because you testified against yourself when you said, ‘I killed the Lord's anointed one.’”
Na Dawid kae se, “Wʼano ayi mmusu ama wo ama woawu, efisɛ wo ara na wokae se woakum obi a Awurade asra no no.”
17 Then David sang this lament for Saul and his son Jonathan.
Na Dawid too kwadwom maa Saulo ne Yonatan.
18 He ordered it to be taught to the people of Judah. It is called “the Bow” and is recorded in the Book of the Just:
Na ɔhyɛɛ sɛ wɔnkyerɛ nnipa a wɔwɔ Yuda nyinaa to. Wɔtoo no din sɛ agyan dwom a wɔakyerɛw wɔ Yasar Nhoma mu.
19 “Israel, the glorious one lies dead on your mountains. How the mighty have fallen!
“Wʼanuonyam ne wʼahosɛpɛw, Israel, awu da mmepɔw so! Akofo akɛse atotɔ!
20 Don't announce it in the town of Gath, don't proclaim it in the streets of Ashkelon, so that the Philistine women won't rejoice, so that the heathen women won't celebrate.
“Monnka asɛm yi wɔ Gat, na Filistifo abɔ ose! Monnka wɔ Askelon mmɔnten so, na abosonsomfo anserew ahosɛpɛw mu.
21 Mountains of Gilboa, may no dew or rain fall on you! May you have no fields that produce offerings of grain. For it was there that the shield of the mighty was defiled; Saul's shield, no longer cared for with olive oil.
“Gilboa mmepɔw, mma obosu anaa osu ntɔ ngu wo so anaa wo nsian so. Efisɛ ɛhɔ na woguu ɔkofo kɛse no akokyɛm ho fi; wɔremfa ngo nsra Saulo nkatabo ho bio.
22 Jonathan with his bow did not retreat from attacking the enemy; Saul with his sword did not return empty-handed from shedding blood.
“Saulo ne Yonatan kunkum wɔn atamfo ahoɔdenfo! Wɔamfi akono amma no nsapan.
23 During their lives, Saul and Jonathan were much loved and very pleasant, and death did not divide them. They were faster than eagles, stronger than lions.
Ɔdɔ ne ahoɔfɛ bɛn na na Saulo ne Yonatan nni, wɔn mu antetew da, nkwa ne owu mu. Na wɔn ho yɛ hare kyɛn akɔre; na wɔn ho yɛ den kyɛn gyata.
24 Women of Israel, mourn for Saul, who gave you fine scarlet clothes decorated with gold ornaments.
“Israel mmabea, munsu Saulo, efisɛ ofuraa mo ntama pa, hyehyɛɛ mo sikakɔkɔɔ agude.
25 How the mighty have fallen in battle! Jonathan lies dead on your mountains.
“Akofo akɛse atotɔ akono. Yonatan awu da mmepɔw no so.
26 I weep so much for you, my brother Jonathan! You were so very dear to me! Your love for me was so wonderful, greater than the love women have!
Misu wo, me nua Yonatan! Na wosom me bo yiye. Na wo dɔ a wowɔ ma me no yɛ nwonwa; emu dɔ sen ɔbea dɔ!
27 How the mighty have fallen! The weapons of war are gone!”
“Hwɛ sɛnea akofo akɛse atotɔ! Ɔko mu akode ayerayera!”

< 2 Samuel 1 >