< John 5 >

1 Some time later there was a feast of the Jews, and Jesus went up to Jerusalem.
Yei akyi no, Yudafoɔ afahyɛ bi enti, Yesu sane kɔɔ Yerusalem.
2 Now there is in Jerusalem near the Sheep Gate a pool with five covered colonnades, which in Hebrew is called Bethesda.
Na ɔtadeɛ bi wɔ kuro no mu a wɔfrɛ no Betesda a na ɛbɛn kuro no ano ɛpono kɛseɛ bi a wɔfrɛ no Nnwan Ɛpono no. Na wɔabɔ apata ahodoɔ enum atwa ho ahyia.
3 On these walkways lay a great number of the sick, the blind, the lame, and the paralyzed.
Saa apata yi ase na na ayarefoɔ pii sɛ, anifirafoɔ, mpakye ne mmubuafoɔ wɔ retwɛn sɛ Awurade ɔbɔfoɔ firi ɔsoro bɛba abɛhono nsuo no.
4
Deɛ ɛteɛ ne sɛ, sɛ ɔbɔfoɔ no hono nsuo no wie a, ɔyarefoɔ a ɔbɛdi ɛkan atɔ nsuo no mu no nya ayaresa.
5 One man there had been an invalid for thirty-eight years.
Na ɔbarima bi ayare ada ɔtadeɛ no ho mfeɛ aduasa nwɔtwe.
6 When Jesus saw him lying there and realized that he had spent a long time in this condition, He asked him, “Do you want to get well?”
Yesu hunuu sɛ wayare ada hɔ akyɛre no, ɔbisaa no sɛ, “Wopɛ sɛ wo ho yɛ wo den anaa?”
7 “Sir,” the invalid replied, “I have no one to help me into the pool when the water is stirred. While I am on my way, someone else goes in before me.”
Ɔyarefoɔ no buaa no sɛ, “Me wura, sɛ ɔbɔfoɔ no bɛhono nsuo no a, mennya obi a ɔbɛma me so ato mu. Ɛberɛ biara a mɛbɔ me ho mmɔden sɛ merekɔ nsuo no mu no, obi di me ɛkan.”
8 Then Jesus told him, “Get up, pick up your mat, and walk.”
Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɔre! Bobɔ wo kɛtɛ na kɔ efie.”
9 Immediately the man was made well, and he picked up his mat and began to walk. Now this happened on the Sabbath day,
Amonom hɔ ara, ɔbarima no ho yɛɛ no den; ɔbobɔɔ ne kɛtɛ, hyɛɛ aseɛ nanteeɛ. Na saa da no yɛ homeda.
10 so the Jews said to the man who had been healed, “This is the Sabbath! It is unlawful for you to carry your mat.”
Yudafoɔ mpanin hunuu ɔbarima no sɛ ɔso ne kɛtɛ no, wɔn bo fuu yie. Wɔbisaa no sɛ, “Wonnim sɛ ɛnnɛ yɛ homeda na ɛtia mmara sɛ wobɛsoa wo kɛtɛ anaa?”
11 But he answered, “The man who made me well told me, ‘Pick up your mat and walk.’”
Ɔbarima yi de ahopopoɔ yii ne ho ano sɛ, “Onipa a ɔsaa me yadeɛ no na ɔka kyerɛɛ me sɛ, mensoa me kɛtɛ na menkɔ.”
12 “Who is this man who told you to pick it up and walk?” they asked.
Wɔtee saa no, wɔbisaa no sɛ, “Hwan ne saa onipa yi?”
13 But the man who was healed did not know who it was, for Jesus had slipped away while the crowd was there.
Nso na deɛ ne ho yɛɛ no den no nnim Yesu. Afei, nso na Yesu afiri nnipa no mu kɔ.
14 Afterward, Jesus found the man at the temple and said to him, “See, you have been made well. Stop sinning, or something worse may happen to you.”
Akyire yi, Yesu hyiaa ɔbarima yi wɔ asɔredan mu tuu no fo sɛ, “Afei a wo ho ayɛ wo den yi, hwɛ yie na woankɔyɛ bɔne bio amma biribi a ɛsene kane yadeɛ no amma wo so.”
15 And the man went away and told the Jews that it was Jesus who had made him well.
Ɔbarima yi firii hɔ kɔka kyerɛɛ Yudafoɔ mpanin no sɛ ɛyɛ Yesu na ɔsaa no yadeɛ no.
16 Now because Jesus was doing these things on the Sabbath, the Jews began to persecute Him.
Yudafoɔ mpanin yi hyɛɛ aseɛ tanee Yesu ani, ɛfiri sɛ, wabu wɔn homeda mmara no so.
17 But Jesus answered them, “To this very day My Father is at His work, and I too am working.”
Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mʼagya yɛ adwuma ɛberɛ biara, enti ɛsɛ sɛ me nso meyɛ adwuma ɛberɛ biara.”
18 Because of this, the Jews tried all the harder to kill Him. Not only was He breaking the Sabbath, but He was even calling God His own Father, making Himself equal with God.
Saa asɛm a Yesu kaeɛ yi maa Yudafoɔ mpanin no bo fuiɛ, na wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛkum no, ɛfiri sɛ, na ɛnyɛ homeda mmara no nko na wabu so, na bio, ɔfrɛ ne ho sɛ Onyankopɔn Ba de kyerɛ sɛ, ɔne Onyankopɔn yɛ pɛ.
19 So Jesus replied, “Truly, truly, I tell you, the Son can do nothing by Himself, unless He sees the Father doing it. For whatever the Father does, the Son also does.
Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɔba no ntumi mfiri ne pɛ mu nyɛ biribi, na mmom, ɔyɛ deɛ ɔhunu sɛ nʼAgya yɛ no bi.
20 The Father loves the Son and shows Him all He does. And to your amazement, He will show Him even greater works than these.
Ɛfiri sɛ, Agya no dɔ Ɔba no na biribiara a Agya no yɛ no, ɔma Ɔba no hunu. Na Ɔba no bɛyɛ nnwuma akɛseɛ a ɛsene saa ɔbarima yi ayaresa yi ama mo ho adwiri mo.
21 For just as the Father raises the dead and gives them life, so also the Son gives life to whom He wishes.
Na sɛdeɛ Agya no nyane awufoɔ no, saa ara nso na Ɔba no nyane awufoɔ a ɔpɛ sɛ ɔnyane wɔn no.
22 Furthermore, the Father judges no one, but has assigned all judgment to the Son,
Afei koraa, mʼAgya mmu obiara atɛn. Ɔde saa atemmuo tumi no ahyɛ Ɔba no nsa,
23 so that all may honor the Son just as they honor the Father. Whoever does not honor the Son does not honor the Father who sent Him.
sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara bɛdi Ɔba no ni sɛdeɛ wɔdi Agya no ni no. Obiara a ɔnni Ɔba no ni no, nni Agya a ɔsomaa no no nso ni.
24 Truly, truly, I tell you, whoever hears My word and believes Him who sent Me has eternal life and will not come under judgment. Indeed, he has crossed over from death to life. (aiōnios g166)
“Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ: Obiara a ɔtie me nsɛm na ɔgye deɛ ɔsomaa me no di no, wɔ nkwa a ɛnni awieeɛ. Wɔremmu no atɛn, ɛfiri sɛ, wafiri owuo mu aba nkwa mu. (aiōnios g166)
25 Truly, truly, I tell you, the hour is coming and has now come when the dead will hear the voice of the Son of God, and those who hear will live.
Mereka nokorɛ bio sɛ, ɛberɛ bi reba, na mpo saa ɛberɛ no anya aba a awufoɔ bɛte Onyankopɔn Ba no nne, na wɔn a wɔte ne nne no bɛnya nkwa.
26 For as the Father has life in Himself, so also He has granted the Son to have life in Himself.
Sɛdeɛ Agya no yɛ nkwamafoɔ no, saa ara nso na wama ne Ba no tumi ama wayɛ nkwamafoɔ.
27 And He has given Him authority to execute judgment, because He is the Son of Man.
Wama Ɔba no tumi a ɔde bu atɛn, ɛfiri sɛ, ɔno ne Onipa Ba no.
28 Do not be amazed at this, for the hour is coming when all who are in their graves will hear His voice
“Mommma saa asɛm yi nnyɛ mo nwanwa, ɛfiri sɛ, ɛberɛ bi reba a awufoɔ a wɔwɔ wɔn damena mu mpo bɛte me nne,
29 and come out—those who have done good to the resurrection of life, and those who have done evil to the resurrection of judgment.
na wɔasɔresɔre. Wɔn a wɔayɛ papa no bɛnyane atena nkwa mu, na wɔn a wɔayɛ bɔne no nso, wɔabu wɔn fɔ.
30 I can do nothing by Myself; I judge only as I hear. And My judgment is just, because I do not seek My own will, but the will of Him who sent Me.
Merentumi mfiri mʼankasa me tumi mu nyɛ biribiara; asɛm a Onyankopɔn aka akyerɛ me no so na megyina bu atɛn. Ɛno enti, atɛn a mebu no yɛ nokorɛ.
31 If I testify about Myself, My testimony is not valid.
“Sɛ me ara medi me ho adanseɛ a, mʼadansedie no nni mu.
32 There is another who testifies about Me, and I know that His testimony about Me is valid.
Na obi wɔ hɔ a ɔdi me ho adanseɛ a menim sɛ nʼadanseɛ a ɔdi fa me ho no yɛ nokorɛ.
33 You have sent to John, and he has testified to the truth.
“Moasoma nnipa akɔ Yohane nkyɛn na wadi adanseɛ a ɛyɛ nokorɛ.
34 Even though I do not accept human testimony, I say these things so that you may be saved.
Nnipa adansedie ho nhia me ansa na moahunu onipa ko a meyɛ. Na mmom, meka Yohane adanseɛ a ɔdii no kyerɛ mo sɛ deɛ ɛbɛyɛ na Onyankopɔn bɛgye mo nkwa.
35 John was a lamp that burned and gave light, and you were willing for a season to bask in his light.
Yohane nsɛm a ɔkaeɛ yɛ kanea a wɔasɔ na ɛhyerɛn, na ɛmaa mo ani gyeeɛ.
36 But I have testimony more substantial than that of John. For the works that the Father has given Me to accomplish—the very works I am doing—testify about Me that the Father has sent Me.
“Me nnwuma a mʼAgya de ama me sɛ menyɛ no di me ho adanseɛ sene Yohane.
37 And the Father who sent Me has Himself testified about Me. You have never heard His voice nor seen His form,
Ɛwom sɛ monhunuu Agya no anim da, na montee ne nne nso da, nanso wadi me ho adanseɛ.
38 nor does His word abide in you, because you do not believe the One He sent.
Na nʼasɛm no nso mommfa nsie mo tirim, ɛfiri sɛ, monnnye me a ɔsomaa me no nni.
39 You pore over the Scriptures because you presume that by them you possess eternal life. These are the very words that testify about Me, (aiōnios g166)
Mosua Atwerɛsɛm no ɛfiri sɛ, mogye di sɛ ɛno na ɛbɛma mo anya nkwa a ɛnni awieeɛ. Nanso, saa Atwerɛsɛm korɔ no ara di me ho adanseɛ! (aiōnios g166)
40 yet you refuse to come to Me to have life.
Yei nyinaa akyi no, mommpɛ sɛ moba me nkyɛn na moanya nkwa!
41 I do not accept glory from men,
“Merenhwehwɛ nnipa anim animuonyam.
42 but I know you, that you do not have the love of God within you.
Menim nnipa ko a moyɛ. Menim sɛ monni Onyankopɔn ho dɔ.
43 I have come in My Father’s name, and you have not received Me; but if someone else comes in his own name, you will receive him.
Mebaa mʼAgya din mu nanso moannye me. Nanso, sɛ obi ba wɔ ɔno ara ne din mu na ɔbɛyɛ deɛ ɔpɛ a, ɛno deɛ, mogye no.
44 How can you believe if you accept glory from one another, yet do not seek the glory that comes from the only God?
Mopɛ sɛ nnipa kamfo mo mmom sene sɛ Onyankopɔn bɛkamfo mo. Ɛbɛyɛ dɛn na moagye me adi?
45 Do not think that I will accuse you before the Father. Your accuser is Moses, in whom you have put your hope.
“Ɛnyɛ me na mɛka asɛm bi atia mo Agya no anim, na mmom, ɛyɛ Mose a mode mo ani too ne mmara so sɛ ɛno na monam so bɛkɔ Onyankopɔn Ahennie mu no.
46 If you had believed Moses, you would believe Me, because he wrote about Me.
Sɛ mogyee Mose diiɛ a, anka me nso mobɛgye me adi, ɛfiri sɛ, nsɛm a ɔtwerɛeɛ no di me ho adanseɛ.
47 But since you do not believe what he wrote, how will you believe what I say?”
Na ɛsiane sɛ moannye nsɛm a ɔtwerɛeɛ no anni no enti, ɛnyɛ nwanwa sɛ monnye me nni.”

< John 5 >