< Luke 23 >

1 Then the whole council rose and led Jesus away to Pilate.
Afei, badwafoɔ no sɔre de Yesu kɔɔ Pilato anim.
2 And they began to accuse Him, saying, “We found this man subverting our nation, forbidding payment of taxes to Caesar, and proclaiming Himself to be Christ, a King.”
Wɔfirii aseɛ totoo nʼano sɛ, “Saa onipa yi tu nkurɔfoɔ aso. Ɔmpene so sɛ ɔmanfoɔ tua toɔ ma Kaesare aban, na ɔfrɛ ne ho sɛ ɔhene Kristo no.”
3 So Pilate asked Him, “Are You the King of the Jews?” “You have said so,” Jesus replied.
Yei maa Pilato bisaa no sɛ, “Wone Yudafoɔ ɔhene no anaa?” Yesu buaa no sɛ, “Ɛno ara na woaka no.”
4 Then Pilate said to the chief priests and the crowds, “I find no basis for a charge against this man.”
Pilato ka kyerɛɛ asɔfoɔ mpanin ne nnipadɔm no sɛ, “Menhunu asɛm biara a mɛgyina so abu onipa yi fɔ.”
5 But they kept insisting, “He stirs up the people all over Judea with His teaching. He began in Galilee and has come all the way here.”
Nanso, wɔn bo antɔ wɔn yam kɔɔ so kaa sɛ, “Ɔyɛ ɔmammɔfoɔ baabiara a ɔkɔ no, ɔnam ne nkyerɛkyerɛ so de hwanyan nnipa no tia aban. Ɔde ne nkyerɛkyerɛ yi firi Galilea bɛfaa Yudeaman mu nyinaa abɛduru Yerusalem ha.”
6 When Pilate heard this, he asked if the man was a Galilean.
Pilato tee asɛm yi no, ɔbisaa sɛ, “Onipa yi yɛ Galileani anaa?”
7 And learning that Jesus was under Herod’s jurisdiction, he sent Him to Herod, who himself was in Jerusalem at that time.
Ɛberɛ a wɔka kyerɛɛ Pilato sɛ Yesu yɛ Galileani no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, sɛ ɛte saa deɛ a, wɔmfa no nkɔ Ɔhene Herode anim, ɛfiri sɛ, Galilea hyɛ nʼase. Saa ɛberɛ no ara nso na Ɔhene Herode wɔ Yerusalem.
8 When Herod saw Jesus, he was greatly pleased. He had wanted to see Him for a long time, because he had heard about Him and was hoping to see Him perform a miracle.
Esiane sɛ wate Yesu ho asɛm na ɔsusu nso sɛ, sɛ ɔba nʼanim a, ɔbɛyɛ anwanwadeɛ akyerɛ no no enti, ɛberɛ a ɔhunuu no no, nʼani gyee yie, ɛfiri sɛ, ɔpɛɛ sɛ ɔbɛhunu no no, na akyɛre.
9 Herod questioned Jesus at great length, but He gave no answer.
Wɔbisabisaa Yesu nsɛm bebree, nanso emu biara nni hɔ a ɔyii ano.
10 Meanwhile, the chief priests and scribes stood there, vehemently accusing Him.
Asɔfoɔ mpanin no ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no kɔɔ so ara kaa nsɛm a ɛnnim guu ne so.
11 And even Herod and his soldiers ridiculed and mocked Him. Dressing Him in a fine robe, they sent Him back to Pilate.
Herode ne nʼasomfoɔ no bɔɔ Yesu adapaa, dii ne ho fɛw. Afei, Herode hyehyɛɛ no sɛ ɔhene sane de no kɔmaa Pilato.
12 That day Herod and Pilate became friends; before this time they had been enemies.
Ɛda no ara, Herode ne Pilato a anka wɔyɛ aka no, bɔɔ mu.
13 Then Pilate called together the chief priests, the rulers, and the people,
Wɔde Yesu kɔmaa Pilato no, ɔfrɛɛ asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin ne nnipadɔm no,
14 and said to them, “You brought me this man as one who was inciting the people to rebellion. I have examined Him here in your presence and found Him not guilty of your charges against Him.
ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mode onipa yi brɛɛ me sɛ, ɔyɛ obi a ɔnam ne nkyerɛkyerɛ so hwanyan nnipa, tia aban. Mahwehwɛ nsɛm a moka guu ne so no mu wɔ mo anim, nanso menhunu afɔbusɛm biara a mɛgyina so mabu no fɔ.
15 Neither has Herod, for he sent Him back to us. As you can see, He has done nothing deserving of death.
Saa ara nso na Herode annya asɛm bi annyina so ammu no fɔ a ɛno enti, wasane de no abrɛ yɛn yi. Ɔnyɛɛ bɔne biara a ɛsɛ sɛ megyina so bu no kumfɔ.
16 Therefore I will punish Him and release Him.”
Mɛbɔ no mmaa na magyaa no.”
Twam Afahyɛ biara, Pilato gyaa odeduani baako ma wɔn.
18 But they all cried out in unison: “Away with this man! Release Barabbas to us!”
Pilato kasa no akyi no, nnipadɔm no nyinaa bɔ gyee so sɛ, “Ku no, na gyaa Baraba ma yɛn.”
19 (Barabbas had been imprisoned for an insurrection in the city, and for murder.)
Baraba yi yɛ obi a ɔhwanyane ɔman na ɔsane dii awu enti, wɔde no too afiase.
20 Wanting to release Jesus, Pilate addressed them again,
Pilato kɔɔ so di maa Yesu pɛɛ sɛ ɔgyaa no.
21 but they kept shouting, “Crucify Him! Crucify Him!”
Nanso, wɔsane bɔ gyee so bio se, “Bɔ no asɛnnua mu! Bɔ no asɛnnua mu!”
22 A third time he said to them, “What evil has this man done? I have found in Him no offense worthy of death. So after I punish Him, I will release Him.”
Ɔbisaa wɔn ne mprɛnsa so sɛ, “Adɛn? Ɛdeɛn bɔne na wayɛ? Menhunu afɔbusɛm biara a mɛgyina so abu no kumfɔ. Mɛbɔ no mmaa na magyaa no.”
23 But they were insistent, demanding with loud voices for Jesus to be crucified. And their clamor prevailed.
Nanso, wɔbɔ gyee so ara maa wɔn nne bu faa Pilato deɛ no so sɛ, ɔmmɔ no asɛnnua mu.
24 So Pilate sentenced that their demand be met.
Enti, Pilato penee wɔn abisadeɛ no so maa wɔn.
25 As they had requested, he released the one imprisoned for insurrection and murder, and handed Jesus over to their will.
Wɔgyaee Baraba a ɛsiane sɛ ɔhwanyanee ɔman sane dii awu no enti, ɔde no too afiase no maa wɔn. Na ɔde Yesu maa wɔn sɛdeɛ wɔpɛ no.
26 As the soldiers led Him away, they seized Simon of Cyrene on his way in from the country, and put the cross on him to carry behind Jesus.
Afei, wɔde Yesu rekɔ akɔbɔ no asɛnnua mu no, wɔhyiaa Kireneni bi a wɔfrɛ no Simon sɛ ɔfiri afuom reba Yerusalem. Wɔkyeree no, hyɛɛ no ma ɔsoaa Yesu asɛnnua no wɔ ne kɔn ho, dii nʼakyi.
27 A great number of people followed Him, including women who kept mourning and wailing for Him.
Nnipadɔm a mmaa a wɔresu retwa agyaadwoɔ fra wɔn mu no, tu dii nʼakyi.
28 But Jesus turned to them and said, “Daughters of Jerusalem, do not weep for Me, but weep for yourselves and for your children.
Yesu danee ne ho ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Yerusalem mma, monnsu me na monsu mo ho ne mo mma.
29 Look, the days are coming when people will say, ‘Blessed are the barren women, the wombs that never bore, and breasts that never nursed!’
Na mmerɛ bi reba a wɔbɛka sɛ, ‘Nhyira ne abonini ne yafunu a ɛnwoo da ne nufoɔ a wɔnnum da.’
30 At that time ‘they will say to the mountains, “Fall on us!” and to the hills, “Cover us!”’
Saa ɛberɛ no “‘na wɔbɛka akyerɛ mmepɔ sɛ, “Dwiri gu yɛn so!” ne nkokoɔ nso sɛ, “Kata yɛn so!”’
31 For if men do these things while the tree is green, what will happen when it is dry?”
Na sɛ wɔde yei yɛ me a meyɛ dua mono no a, ɛdeɛn na wɔde bɛyɛ mo a moyɛ dua wuiɛ?”
32 Two others, who were criminals, were also led away to be executed with Jesus.
Ɛberɛ a wɔde Yesu rekɔ no, wɔde nnebɔneyɛfoɔ baanu bi kaa ne ho sɛ wɔnkɔku wɔn.
33 When they came to the place called The Skull, they crucified Him there, along with the criminals, one on His right and the other on His left.
Wɔduruu faako a wɔfrɛ hɔ Golgota no, wɔbɔɔ ɔne nnebɔneyɛfoɔ baanu no asɛnnua mu a ɔbaako wɔ ne nifa na ɔbaako nso wɔ ne benkum.
34 Then Jesus said, “Father, forgive them, for they do not know what they are doing.” And they divided up His garments by casting lots.
Yesu kaa sɛ, “Agya, fa kyɛ wɔn, ɛfiri sɛ, wɔnnim deɛ wɔreyɛ.” Afei, asraafoɔ no kyekyɛɛ ne ntadeɛ mu bɔɔ so ntonto faeɛ.
35 The people stood watching, and the rulers sneered at Him, saying, “He saved others; let Him save Himself if He is the Christ of God, the Chosen One.”
Saa ɛberɛ no na nnipadɔm no gyinagyina hɔ rehwɛ no. Yudafoɔ mpanimfoɔ no dii ne ho fɛw sɛ, “Ɔgyee ebinom nkwa; sɛ ɔse ɔno ne Kristo, Onyankopɔn Ba no a, ɔnnye ne ho nkwa na yɛnhwɛ.”
36 The soldiers also mocked Him and came up to offer Him sour wine.
Asraafoɔ no nso dii ne ho fɛw de nsã a ɛkeka bi brɛɛ no
37 “If You are the King of the Jews,” they said, “save Yourself!”
kaa sɛ, “Sɛ wone Yudafoɔ ɔhene no a, gye wo ho nkwa.”
38 Above Him was posted an inscription: THIS IS THE KING OF THE JEWS.
Wɔtwerɛɛ saa asɛm yi bɔɔ nʼatifi wɔ asɛnnua no so sɛ, Yudafoɔ Ɔhene no ni.
39 One of the criminals who hung there heaped abuse on Him. “Are You not the Christ?” he said. “Save Yourself and us!”
Nnebɔneyɛfoɔ baanu a na wɔn nso wɔabɔ wɔn asɛnnua mu no mu baako dii Yesu ho fɛ sɛ, “Ɛnyɛ wone Kristo no? Gye wo ho na gye yɛn nso.”
40 But the other one rebuked him, saying, “Do you not even fear God, since you are under the same judgment?
Nanso, ɔdebɔneyɛfoɔ a ɔka ho no, kaa nʼanim sɛ, “Wonsuro Onyankopɔn? Hunu sɛ yɛn nyinaa wɔ afɔbuo korɔ no ara mu.
41 We are punished justly, for we are receiving what our actions deserve. But this man has done nothing wrong.”
Yɛn deɛ, saa asotwe yi fata yɛn; yɛn bɔne so akatua na yɛanya yi, na yei deɛ, ɔnyɛɛ bɔne biara.”
42 Then he said, “Jesus, remember me when You come into Your kingdom!”
Ɔsane kaa sɛ, “Yesu, woduru wʼAhennie mu a, kae me.”
43 And Jesus said to him, “Truly I tell you, today you will be with Me in Paradise.”
Yesu buaa no sɛ, “Merehyɛ wo bɔ sɛ, ɛnnɛ, wobɛka me ho wɔ Paradise.”
44 It was now about the sixth hour, and darkness came over all the land until the ninth hour.
Ɛduruu owigyinaeɛ no, asase no so nyinaa duruu esum kabii kɔsii nnɔnmiɛnsa.
45 The sun was darkened, and the veil of the temple was torn down the middle.
Owia duruu sum na ntoma a ɛtwa asɔredan no mu nso mu tee mmienu.
46 Then Jesus called out in a loud voice, “Father, into Your hands I commit My Spirit.” And when He had said this, He breathed His last.
Yesu teaam denden sɛ, “Agya, wo nsam na mede me honhom mehyɛ!” Ɔkaa yei no, ɔgyaa mu.
47 When the centurion saw what had happened, he gave glory to God, saying, “Surely this was a righteous man.”
Asraafoɔ panin a na ɔgyina hɔ no hunuu deɛ asi no, ɔyii Onyankopɔn ayɛ sɛ, “Ampa ara, saa onipa yi yɛ ɔteneneeni.”
48 And when all the people who had gathered for this spectacle saw what had happened, they returned home beating their breasts.
Nnipa a wɔbaa hɔ bɛhwɛɛ Yesu asɛnnuambɔ no hunuu sɛ wawu no, wɔde awerɛhoɔ firii hɔ kɔeɛ.
49 But all those who knew Jesus, including the women who had followed Him from Galilee, stood at a distance watching these things.
Saa ɛberɛ no na Yesu nnamfo ne mmaa bi a wɔdii nʼakyi firi Galilea baeɛ no gyinagyina akyirikyiri baabi rehwɛ deɛ ɛrekɔ so no nyinaa.
50 Now there was a Council member named Joseph, a good and righteous man,
Na ɔbarima bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Yosef a ɔfiri Arimatea a ɛwɔ Yudaman mu. Saa ɔbarima yi, na ɔyɛ onipa pa a ɔtene wɔ Onyankopɔn anim a na ɔretwɛn Onyankopɔn Ahennie a ɛbɛba no.
51 who had not consented to their decision or action. He was from the Judean town of Arimathea, and was waiting for the kingdom of God.
Ɛwom sɛ na ɔyɛ Yudafoɔ badwafoɔ no mu baako deɛ, nanso wampene gyinaeɛ a wɔsisiiɛ ne deɛ wɔyɛeɛ no so.
52 He went to Pilate to ask for the body of Jesus.
Ɔkɔɔ Pilato nkyɛn kɔsrɛɛ Yesu amu no.
53 Then he took it down, wrapped it in a linen cloth, and placed it in a tomb cut into the rock, where no one had yet been laid.
Ɔmaa wɔyii Yesu amu no maa no, na ɔde nwera kyekyeree no de no kɔtoo ɔboda bi a obiara nnaa mu da no mu.
54 It was Preparation Day, and the Sabbath was beginning.
Wɔsiee Yesu Efiada a na Yudafoɔ resiesie wɔn ho atwɛn Homeda no.
55 The women who had come with Jesus from Galilee followed, and they saw the tomb and how His body was placed.
Wɔsiee amu no wieeɛ no, mmaa a wɔdi Yesu akyi firi Galilea no ne Yosef kɔhwɛɛ faako a wɔde no toeɛ ne sɛdeɛ wɔsiee no faeɛ.
56 Then they returned to prepare spices and perfumes. And they rested on the Sabbath, according to the commandment.
Saa mmaa yi sanee wɔn akyi kɔɔ efie kɔhwehwɛɛ nnuhwam ne ngo a wɔde bɛsiesie Yesu amu no, nanso ɛsiane sɛ na Homeda no aduru enti, wɔtenaa ase komm sɛdeɛ Yudafoɔ mmara kyerɛ no.

< Luke 23 >