< 約伯記 29 >

1 約伯又接着說:
Hiob toaa so se,
2 惟願我的景況如從前的月份, 如上帝保守我的日子。
“Mʼani agyina asram a atwa mu no, nna a Onyankopɔn hwɛɛ me so no,
3 那時他的燈照在我頭上; 我藉他的光行過黑暗。
bere a ne kanea hyerɛn mʼatifi na mede ne kanea nantewee sum mu no!
4 我願如壯年的時候: 那時我在帳棚中, 上帝待我有密友之情;
Ao, nna a misii so no, bere a Onyankopɔn adamfofa a emu yɛ den hyiraa me fi,
5 全能者仍與我同在; 我的兒女都環繞我。
bere a na Otumfo no da so ka me ho na me mma atwa me ho ahyia no,
6 奶多可洗我的腳; 磐石為我出油成河。
bere a na nufusu mu srade afɔw mʼakwan na abotan hwiee ngo sɛ nsu maa me no.
7 我出到城門, 在街上設立座位;
“Bere a na mekɔ kuropɔn pon ano mekɔtena mʼagua so wɔ ɔmanfo aguabɔbea,
8 少年人見我而迴避, 老年人也起身站立;
mmerante hu me a, wogyina nkyɛn na mpanyimfo sɔre gyina hɔ;
9 王子都停止說話, 用手摀口;
atitiriw gyae kasa na wɔde wɔn nsa kata wɔn ano;
10 首領靜默無聲, 舌頭貼住上膛。
mmapɔmma tɛm dinn, na wɔn tɛkrɛma ka wɔn dudom.
11 耳朵聽我的,就稱我有福; 眼睛看我的,便稱讚我;
Wɔn a wɔte me nka nyinaa ka me ho asɛmpa, na wɔn a wohu me nyinaa kamfo me,
12 因我拯救哀求的困苦人 和無人幫助的孤兒。
efisɛ meboaa ahiafo a wosu pɛɛ mmoa, ne ayisaa a wonni aboafo.
13 將要滅亡的為我祝福; 我也使寡婦心中歡樂。
Onipa a na ɔrewu no hyiraa me; na memaa akunafo ani gyee wɔn koma mu.
14 我以公義為衣服, 以公平為外袍和冠冕。
Mede trenee furaa sɛ mʼadurade; atɛntrenee yɛɛ me nkataso ne mʼabotiri.
15 我為瞎子的眼, 瘸子的腳。
Meyɛɛ aniwa maa anifuraefo, ne anan maa mmubuafo.
16 我為窮乏人的父; 素不認識的人,我查明他的案件。
Meyɛɛ ahiafo agya; na mekaa ahɔho asɛm maa wɔn.
17 我打破不義之人的牙床, 從他牙齒中奪了所搶的。
Mibubuu amumɔyɛfo se na mihwim wɔn a wodi wɔn nya no fii wɔn anom.
18 我便說:我必死在家中, 必增添我的日子,多如塵沙。
“Medwenee sɛ, ‘Mewu wɔ mʼankasa me fi mu, na me nna dɔɔso sɛ nwea.
19 我的根長到水邊; 露水終夜霑在我的枝上。
Me ntin beduu nsu ano, na obosu agugu me mman so anadwo mu nyinaa.
20 我的榮耀在身上增新; 我的弓在手中日強。
Mʼanuonyam rempa da, na agyan ayɛ foforo wɔ me nsam daa.’
21 人聽見我而仰望, 靜默等候我的指教。
“Nnipa hwehwɛɛ sɛ wotie me, wɔyɛɛ dinn, twɛn mʼafotu.
22 我說話之後,他們就不再說; 我的言語像雨露滴在他們身上。
Sɛ mekasa wie a wɔnnkasa bio, efisɛ me nsɛm tɔɔ wɔn asom yiye.
23 他們仰望我如仰望雨, 又張開口如切慕春雨。
Wɔtwɛn me sɛnea wɔtwɛn osu a ɛpete, na wɔmenee me nsɛm sɛ osutɔ bere nsu.
24 他們不敢自信,我就向他們含笑; 他們不使我臉上的光改變。
Sɛ meserew mekyerɛ wɔn a, wɔntaa nnye nni; mʼanimtew som bo ma wɔn.
25 我為他們選擇道路,又坐首位; 我如君王在軍隊中居住, 又如弔喪的安慰傷心的人。
Mebɔɔ kwan maa wɔn na metenaa ase sɛ wɔn hene; metenaa ase sɛ ɔhene a ɔwɔ nʼasraafo mu; meyɛɛ sɛ obi a ɔkyekye agyaadwotwafo werɛ.

< 約伯記 29 >